Adeyɛ a Ɛnsɛ Sɛ Ɛpa Wo Ti So
“Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi” Onyankopɔn, yɛn soro Agya no, nkyɛn na ɛba. (Yakobo 1:17) Akyɛde a ɛsen biara a Onyankopɔn de ama adesamma a wɔadan abɔnefo no ne nsiesiei a wayɛ a ɔnam ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, so de begye wɔn afi bɔne mu no. Yesu wu sɛ yɛn Gyefo no ama atumi ayɛ yiye sɛ yebenya daa nkwa wɔ paradise asase so. Wɔ Luka 22:19 no, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnkae ne wu.
Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho na munni Yesu ahyɛde no so. Afe afe afahyɛ yi bɛba so bere a owia akɔtɔ, wɔ da a ɛne Nisan 14 wɔ Bible ɔsram kalenda so hyia, a ebesi Benada, April 2, 1996 no. Hyɛ da yi nsow na wo werɛ amfi. Yehowa Adansefo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no betumi akyerɛ wo beae ne bere pɔtẽẽ a wɔbɛyɛ no.