Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/15 kr. 31
  • Wɔkyerɛ Obu ma Hokwan Ahorow a Ayarefo Wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔkyerɛ Obu ma Hokwan Ahorow a Ayarefo Wɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Oduruyɛfo Asɛyɛde
    Nyan!—1993
  • Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
    Nyan!—1994
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/15 kr. 31

Wɔkyerɛ Obu ma Hokwan Ahorow a Ayarefo Wɔ

‘Ɔkwan biara nni hɔ a metumi afa so ayɛ saa oprehyɛn yi a mogya nka ho. Sɛ wopɛ sɛ meyɛ wo oprehyɛn no a, ɛsɛ sɛ wopene ɔkwan a mefa so hwɛ ayarefo no so. Anyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wokɔhwehwɛ oduruyɛfo foforo.’

ODURUYƐFO no nsɛm no amma Cheng Sae Joo, Yehowa Adansefo mu biako a ɔte Thailand, no gyidi anhinhim. Ná Cheng a wanya meningioma, amemene mu yare bi, no hia oprehyɛn ntɛm ara. Nanso na wasi ne bo sɛ obedi Bible ahyɛde yi so: ‘Munyi mo ho mfi mogya ho.’—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Cheng kɔɔ ayaresabea foforo abien mu, a na ɔpɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka wɔbɛsa no yare wɔ n’ankasa man mu. N’abam bui bere a nnuruyɛfo a wɔwɔ hɔ no powee sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho. Awiei koraa no, Hospital Information Services (HIS) a ɛwɔ Thailand no maa Cheng kɔɔ Tokyo Mmea Aduruyɛ Kɔlege no Ɛhon Nkwadɔm Asuae hɔ. Ná saa ayaresabea no de gamma kanea, kanea foforo bi a wɔayɛ a wɔde kunkum ɔyare mmoawa, asa ayarefo 200 a wɔn amemene honee no yare.

Wɔyɛɛ nhyehyɛe ma Cheng traa Japan Adansefo a wɔte bɛn ayaresabea hɔ no nkyɛn. Yehowa Adansefo kuw bi a wɔn mu baanu ka Thai kasa na HIS nanmusifo bi ka ho kohyiaa no wɔ wimhyɛn gyinabea. Bere a wɔde bɛyɛ dapɛn yɛɛ nhwehwɛmu akyi no, wogyee Cheng too ayaresabea hɔ, baabi a wɔde gamma kanea saa no yare. Ɔkwan a wɔfaa so no gyee dɔnhwerew biako pɛ. Cheng fii ayaresabea hɔ adekyee no, ɔkɔɔ Thailand da a edi hɔ no.

Cheng kae sɛ: “Ná minnim sɛ saa nhyehyɛe yi betumi ama manya mmoa pii saa. M’ani sɔɔ ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ me ne biakoyɛ a ɛda akuw pii a wɔboaa me ntam no ho ankasa.”

Bere a Japanfo atesɛm krataa Mainichi Shimbun rebɔ saa asɛm yi ho amanneɛ no, ɛkae sɛ: “Ɛde besi nnɛ yi, wɔasi ɔsom mu ntease a enti wɔpow mogya a wɔde ma no so dua. Nanso, sɛ obi gye mogya a, obetumi anya ɔyare te sɛ AIDS, asiane a ɛne sɛ obi benya mmoawa a wɔma yare te sɛ mmerɛbo yare, ne nneɛma ahorow a ɛbɛhaw nipadua. Esiane eyi nti ayarefo bi wɔ hɔ a wɔmpɛ mogya a wɔde ma, a wɔn som mu gyidi ahorow mfa ho.”

Atesɛm krataa no kae bio sɛ: “Wɔahyɛ ayarefo pii a wɔannye mogya no ma wɔakɔ ayaresabea foforo, nanso ɛho hia sɛ ayaresabea ahorow no yɛ nsakrae wɔ obu a wɔbɛkyerɛ wɔ nea ɔyarefo no paw ho mu. Nkyerɛkyerɛmu a ɛma wɔpene so (nkyerɛkyerɛmu a edi mu a ɛfa ayaresa no ho a wɔde bɛma ɔyarefo no na afei wapene so) ho hia, na mogya a wɔde ma ho nsɛm ka ho. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ eyi nyɛ ɔsɛmpɔw a ɛfa ɔsom pɔtee bi ho.”

Te sɛ Cheng Sae Joo no, ɛsɛ sɛ nnipa pii a wɔpɛ ayaresa a mogya nka ho no kɔ ayaresabea foforo. Nanso, wɔn ani sɔ nnuruyɛfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama hokwan a wɔn ayarefo wɔ no.

Yehowa Adansefo na wɔde Hospital Information Services no sisii hɔ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow mu sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔbɛma nnuruyɛfo a wobu wɔn gyidi ahorow ne wɔn bɛyɛ biako. Wɔ wiase nyinaa no, HIS ne ayaresabea ahorow, nnuruyɛfo, ayaresabea adwumayɛfo, mmaranimfo, ne atemmufo nya abusuabɔ pa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena