Wɔasan Asi So Dua sɛ Obiara Wɔ Hokwan sɛ Ɔkyerɛ Ayaresa a Ɔpɛ
ATƐN bi a Ɔtemmufo a obu Nhwehwɛmu a Edi Kan ho ntɛn wɔ Messina Asɛnnibea a ɛwɔ Italy no bui nnansa yi no asan asi so dua sɛ ɛsɛ sɛ aduruyɛfo gye ayarefo a wɔn ani afi apɛde tom. Wobuu saa atɛn yi bere a na wɔredi Yehowa Adansefo no mu biako asɛm.
Wɔ January 1994 no, wɔde Antonino Stellario Lentini, Ɔdansefo bi a wadi mfe 64, a mogya tu no kɔɔ ayaresabea ahoɔhare so wɔ Taormina, Messina. Antonino yere, Catena ka kyerɛɛ ayaresabea adwumayɛfo no sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, ɔno anaa ne kunu, rennye mogya. (Asomafo no Nnwuma 15:20, 28, 29) Wɔyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn.
Nanso, bere a wɔde no rekɔ ayaresabea foforo no, na Antonino ntumi nhome, na ne tebea no mu bɛyɛɛ den. Ɛno akyi bere tiaa bi no, owui. Catena yɛɛ basaa, nanso Bible bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no kyekyee ne werɛ kɛse. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Afei, nea ɛmaa ne ho dwiriw no kɛse no, ɔtemmufo no—a ebia nsɛm a ɛnyɛ nokware a nsɛm ho amanneɛbɔfo trɛw mu no daadaa no no—bɔɔ no sobo sɛ ɔno na ɔmaa ne kunu no wui, esiane sɛ wampene oprehyɛn a aduruyɛfo susuw sɛ eye so no nti.
Bɛboro afe biako akyi wɔ July 11, 1995 mu no, wobuu Catena bem, efisɛ na ɔnyɛɛ bɔne biara. Nokwarem no, adanse a abenfo no dii no kyerɛe sɛ sɛnea na ɔyarefo no tebea te no, anka oprehyɛn ntumi nyɛ ho hwee.
Nanso ɔtemmufo no asɛm no na esii ɔsɛmpɔw no so dua ankasa. Ɔkae sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ oduruyɛfo de ne ho gye nsɛm mu, bere a ɔyarefo anaa obi a ogyina hɔ ma no mpene ayaresa bi so no, atom. Ɔde kaa ho sɛ, Italy aduruyɛ mu mmara “ahu hia a ehia sɛ wohu nea ɔyarefo anaa n’ananmusini pene so no, ansa na obi atumi de ne ho agye nsɛm mu.” Enti ɔkae sɛ Catena “nam mmara kwan so powee sɛ ɔbɛma wɔayɛ ne kunu no oprehyɛn a ɛte saa.”
Saa atemmu yi san si hokwan a obi a n’ani afi wɔ sɛ ɔpow ayaresa a ɔmpɛ so dua.