Woresuasua Yɛn Nyankopɔn a Ɔnhwɛ Nnipa Anim No?
ANIMHWƐ a wɔnyɛ—ɛhe na wobetumi ahu no? Obi wɔ hɔ a ɔnhwɛ nnipa anim koraa, na afoforo ho adwemmɔne, ne nyiyim nni ne mu. Ɔne Yehowa Nyankopɔn, adesamma Bɔfo no. Nanso, ɛdefa nnipa ho no, afeha a ɛto so 19 no mu Engiresini kyerɛwfo Charles Lamb kyerɛw no pefee sɛ: “Sɛ mɛka no pen a, afoforo ho adwemmɔne adɔre me—ma medɔ nnipa bi tan afoforo.”
Ɛdefa animhwɛ a wɔnyɛ ho no, atɔ sin koraa wɔ nnipa ntam abusuabɔ mu. Mfehaha pii a atwam ni no, Israelni nyansafo Ɔhene Salomo kae sɛ “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Mmusuakuw ntam ɔtan, aman ntam akodi, ne mmusua ntam akameakame kɔ so yɛ kɛse. Enti, ntease wom sɛ yebegye adi sɛ nnipa ankasa betumi ama asetra a animhwɛ nnim aba anaa?
Ehia sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse di yɛn suban ahorow so, na yeyi afoforo ho adwemmɔne a agye ntini biara fi yɛn mu. (Efesofo 4:22-24) Ebetumi aba sɛ baabi a yɛatra ne yɛn nhomasua ama yɛanya suban bi a na agye ntini wɔ yɛn fie, yɛn abusuakuw, ne yɛn man mu a yɛn adwene mmaa so. Saa su horow a ɛte sɛ nea emu nyɛ den biara yi taa gye ntini na ɛma yenya su horow a ɛde animhwɛ ba. Scottlandni mmaranimfo ne samufo Ɔtemmufo Francis Jeffrey mpo gye toom sɛ: “Biribiara nni hɔ a etumi suma obi kyɛ sɛ baabi a afoforo ho adwemmɔne a wanya no kodu ne sɛnea emu yɛ den fa no.”
Lenaa yɛ obi a ogye tom sɛ egye mmɔdenbɔ kɛse na obi atumi ako atia animhwɛ. Ɔka sɛ sɛ́ obi bɛka afoforo ho adwemmɔne ho nkate a ɛwɔ ne mu no ahyɛ no “gye mmɔdenbɔ kɛse efisɛ ntetee a obi nya no nya ne so tumi kɛse.” Lena gye tom nso sɛ nkae ho hia bere nyinaa.
Animhwɛ a Yehowa Nyɛ no Ho Kyerɛwtohɔ
Yehowa yɛ nhwɛso a edi mu wɔ animhwɛ a wɔnyɛ mu. Yɛkenkan sɛnea ɔkyerɛe sɛ ɔnyɛ animhwɛ wɔ ɔkwan a ɔfaa so ne nnipa dii no mu fi Bible mu nsɛm a edi kan no mu. Yebetumi asua pii afi saa nhwɛso ne nkaesɛm a ɛda nsow yi mu.
Yehowa anyɛ animhwɛ bere a odii nsɛm ho dwuma ma Yudani somafo Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio ne Amanaman mufo foforo wɔ afe 36 Y.B. mu no. Saa bere no Petro kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Wɔ Yehowa ne nnipa abusua no nsɛnnii nyinaa mu no, wakɔ so ada no adi sɛ ɔnyɛ animhwɛ. Kristo Yesu kae wɔ N’agya ho sɛ: “Ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:45) Bere a Petro resan akamfo Yehowa sɛ Onyankopɔn a ɔnyɛ animhwɛ no, odii adanse sɛ: “Ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”—2 Petro 3:9.
Wɔ Noa nna no mu, bere a na “nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa” no, Yehowa hyɛe sɛ ɔbɛsɛe saa adesamma wiase no. (Genesis 6:5-7, 11, 12) Nanso, Onyankopɔn de ahyɛde mae ma Noa yɛɛ adaka bi a na ne bere sofo no ani tua. Bere a Noa ne ne mma no reyɛ adaka no, na ɔyɛ “treneekafo” nso. (2 Petro 2:5) Ɛmfa ho sɛ na Yehowa nim saa awo ntoatoaso no koma bɔne no, ɔtoo wɔn nkra a emu da hɔ a wanyɛ animhwɛ. Ɔkanyan wɔn adwene ne wɔn koma denam adaka a ɔmaa Noa yɛe ne asɛm a ɔkae no so. Na wɔwɔ hokwan pii a wɔde betie, nanso “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no.”—Mateo 24:39.
Animhwɛ a Yehowa nyɛ no ho nhwɛso a ɛda nsow bɛn ni! Wɔ saa nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, ɛka Onyankopɔn asomfo ma wɔka Ahenni no ho asɛmpa no a wɔnyɛ animhwɛ saa ara. Afei nso, wɔntwentwɛn wɔ nan ase sɛ wɔbɛpae mu aka Yehowa aweredi da no. Bere a ɔmanfo ani tua wɔn no, wɔka Yehowa asɛm no ma obiara te a animhwɛ nnim.—Yesaia 61:1, 2.
Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ tete agyanom Abraham, Isak, ne Yakob no ma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim. Ná Nea wɔapaw no a ‘wɔnam ne so behyira asase so aman nyinaa’ no nam wɔn abusua santen mu pɛɛ na ɛbɛba. (Genesis 22:18; 26:4; 28:14) Ɛbɛdaa adi sɛ Kristo Yesu ne Nea na wɔapaw no no. Yehowa nam Yesu wu ne ne wusɔre so bɔɔ kwan a adesamma asoɔmmerɛfo bɛfa so anya nkwa too hɔ. Yiw, Kristo agyede afɔre no so mfaso horow no wɔ hɔ ma nnipa nyinaa a animhwɛ nnim.
Wɔ Mose nna no mu no, animhwɛ a Yehowa nyɛ no daa adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye kɛse so wɔ Selofehad mmabea no ho. Ná saa mmea baanum yi nhu nea ɛsɛ sɛ odi wɔn agya ade wɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná eyi te saa efisɛ wɔ Israel no, na ɛyɛ wɔn amammerɛ sɛ, sɛ ɔbarima bi wu a, ne mmabarima na ɛsɛ sɛ wɔfa n’asase. Nanso, Selofehad wui a na onni babarima biara a obedi n’ade. Enti Selofehad mmabea baanum no de wɔn adesrɛ bɛtoo Mose anim sɛ ɔne wɔn nni wɔ ɔkwan a animhwɛ nnim so, na wɔkae sɛ: “Ɛdɛn nti na wɔmpopa yɛn agya din mfi n’abusua mu sɛ onni babarima yi? Ma yɛn agyapade yɛn agya ne nuanom mu.” Yehowa tiee wɔn adesrɛ no, na ɔhyɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ɔbarima bi wu na onni babarima a, ɛnde momma n’agyapade nyɛ ne babea de.”—Numeri 27:1-11.
Ɔdɔ ne animhwɛ a wɔnyɛ ho nhwɛsode bɛn ni! Sɛnea ɛbɛyɛ na abusua agyapade no ankodi abusua foforo mu bere a mmabea no aware no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔware wɔ “wɔn agyanom abusuakuw mu abusua bi mu” nkutoo.—Numeri 36:5-12.
Yenya animhwɛ a Yehowa nyɛ no ho nimdeɛ foforo fi ɔtemmufo ne odiyifo Samuel nna no mu. Yehowa too ne mmati so sɛ ɔnsra ɔhene foforo bi a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔwɔ Bet-Lehemni Yisai abusua mu. Nanso na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe. Ná hena na wɔbɛsra no sɛ ɔhene? Samuel ani gyee Eliab tenten ne ne kɛse ho. Nanso, Yehowa mma nea aniwa hu nnaadaa no. Ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ . . . na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na Awurade [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” Wɔpaw Dawid, Yisai babarima kumaa koraa no.—1 Samuel 16:1, 6-13.
Biribi a Yebesua Afi Animhwɛ a Yehowa Nyɛ no Mu
Ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo mpanyimfo besuasua Yehowa denam wɔn yɔnko gyidini bi honhom fam su horow a wɔbɛhwɛ no so. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde yɛn ankasa gyinapɛn ahorow bɛhwɛ obi, ama yɛn ankasa nkate abunkam yɛn atemmu no so. Sɛnea ɔpanyin bi kaa no no, “Mebɔ mmɔden sɛ me ne afoforo bedi wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so, ɛnyɛ sɛnea adwene a m’ankasa manya dedaw kyerɛ me.” Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ Yehowa asomfo nyinaa de N’asɛm no bedi dwuma sɛ wɔn gyinapɛn!
Bible nhwɛso ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no boa yɛn ma yɛko tia abusuakuw anaa ɔman foforo ho adwemmɔne biara a ɛwɔ yɛn mu. Sɛ yesuasua animhwɛ a Yehowa nyɛ no a, yɛbɔ Kristofo asafo no ho ban fi afoforo ho adwemmɔne, nyiyim, ne animhwɛ ho.
Ɔsomafo Petro hui sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.” (Asomafo no Nnwuma 10:34) Mpaapaemu ne animhwɛ a wɔnyɛ nhyia, na etia ɔdɔ ne biakoyɛ nnyinasosɛm no. Ahiafo, wɔn a wɔyɛ mmerɛw, ne abrɛfo ani gyee Yesu ho, na ɔmaa wɔn adesoa yɛɛ hare. (Mateo 11:28-30) Ná ɔyɛ soronko koraa wɔ Yudafo nyamesom akannifo a wodii nkurɔfo no so bakoma, na wɔyeyɛɛ mmara ma ɛbɛyɛɛ wɔn so adesoa kɛse no ho. (Luka 11:45, 46) Akyinnye biara nni ho sɛ saa a wɔyɛe ne adefo ne nnipa titiriw no anim a wɔhwɛe no ne Kristo nkyerɛkyerɛ anhyia.—Yakobo 2:1-4, 9.
Ɛnnɛ, Kristofo mpanyimfo brɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo tiyɛ ase, na wɔnhwɛ nnipa anim wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so no nyinaa ho. Bere a ‘wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhwɛ wɔn so no,’ wɔkwati sɛ wobegyina nkurɔfo sikasɛm tebea, nipasu mu nsonsonoe, anaa abusuabɔ so ayɛ nyiyim. (1 Petro 5:2) Kristofo mpanyimfo nam sua a wosuasua Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no ne ne kɔkɔbɔ a etia nnipa mu nyiyim no a wotie no so boa ma animhwɛ a wɔnyɛ su kɔ so wɔ asafo no mu.
Yehowa Adansefo Kristofo asafo no yɛ amanaman ntam onuayɛ kuw. Ɛyɛ adanse ankasa a ɛkyerɛ sɛ wiase a afoforo ho adwemmɔne ne animhwɛ nnim betumi aba ankasa wɔ Yesu Kristo akwankyerɛ ase. Adansefo no ‘ahyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn pɛ so, nokware trenee ne ahotew mu no.’ (Efesofo 4:24) Yiw, wɔresuasua Onyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim, Yehowa no, nhwɛso a ɛyɛ pɛ no, na wɔn ani da so sɛ wobenya daa nkwa wɔ wiase foforo a animhwɛ biara nnim no mu.—2 Petro 3:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛnyɛ ne din ankasa.
[Kratafa 26 mfonini]
Ɔsomafo Petro hui sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim