Dɛn na Aba Nokwaredi So?
MFE ɔha ne kakra a atwam ni no, Barney Barnato a na ɔyɛ dɛnkyɛmmo ho guadini no fii South Afrika san kɔɔ England. Bere a oduu hɔ no, n’ani annye atesɛm krataa mu asɛm bi a wɔkyerɛw faa ne ho no ho. Enti ɔkyerɛw nsɛm guu krataa so de maa samufo no sɛ wɔmfa nkyerɛw asɛm no foforo mfa “nteɛteɛ nsɛm kɛkɛ,” na ɔkyerɛw sika kɛse bi kaa ho sɛ onkoyi.
Samufo no, J. K. Jerome, tow nsɛm a Barnato kyerɛwee no guu nwura kɛntɛn mu, na ɔde sika a ɔkyerɛw maa no no san maa no. Barnato a ne ho dwiriw no no bɔɔ n’adanmude no ho ntɛm ara. Ɔpoo ɛno nso. Obisaa no sɛ: “Ahe na wopɛ?” Bere a Jerome rekaakae asɛm no, ɔka sɛ: “Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ, yɛnyɛ saa—yɛnyɛ saa wɔ London.” Ná ɔrentɔn ne samudwuma mu nokwaredi no ɔkwan biara so.
Wɔkyerɛ “nokwaredi” ase sɛ “abrabɔ pa; biribi a nnaadaa nnim.” Obi a odi nokware yɛ nea wotumi gye no di. Nanso ɛnnɛ, atorodi—nokwaredi a enni hɔ—resɛe asetra afã nyinaa.
Wɔ Britain no, nsɛm ho amanneɛbɔfo de asɛmfua “akɔntɔnkyesɛm” adi dwuma kɛse de aka abrabɔ fam nokwaredi a enni hɔ ho asɛm. Sɛnea The Independent atesɛm krataa ka no no, akɔntɔnkyesɛm da adi wɔ “biribiara mu fi ɔdɔ ho nsɛm ne ɔman nniso mu nsisi so kosi adanmude a wogye wɔ nneɛma pii a wɔtɔn kɔ aman foforo mu ho no so.” Asetra mu baabiara nni hɔ a ɛnka ho.
Nokwaredi Ho Gyinapɛn Ahorow a Ekyinkyim
Nokwarem no, nokwaredi nkyerɛ pɛyɛ, na mmom ɛkyerɛ su titiriw bi a ɛwɔ obi mu. Wɔ yɛn wiase a obiara pɛ ne ho anya ntɛm yi mu no, ebia wobebu nokwaredi sɛ akwanside sen sɛ wobebu no sɛ ɛyɛ suban pa. Sɛ nhwɛso no, ɛlɛtrɔnik nnwinnade nwonwaso a sukuufo de wia nsɔhwɛ mu no renya nkɔanim, na ɛkame ayɛ sɛ saa nnwinnade foforo yi yɛ ade a wontumi nhu. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Britain sukuupɔn bi mu kyerɛ sɛ Britain sukuufo nyinaa bɛboro fã na wowia nsɔhwɛ mu, na ɛda adi sɛ, ɛnyɛ Britain nkutoo na saa ade no kɔ so.
Ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne amane a nnipa a wɔn ho nni asɛm hu bere a nnipa a wɔnka nokware di atoro daadaa nkurɔfo no. Fa India kurow Bhopal, a wɔ 1984 mu no, mframa bɔne bi kunkum mmarima, mmea, ne mmofra bɛboro 2,500 na epirapiraa ɔpehaha pii no sɛ nhwɛso. The Sunday Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnaadaa aba ogye ho nhyehyɛe a wɔde reboa amanehunufo no mu. . . . Adwuma a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wohia mmoa ankasa no yɛ nea nnaadaa kwan so sikagye mpempem pii, nkrataa a enni mũ ne adanse a enni mũ ama ayɛ hwanyann.” Enti, wɔ mfe du akyi no, na $470,000,000 a ɛsɛ sɛ wotua wɔ nneɛma a asɛe ho no mu $3,500,000 pɛ na wɔatua ama ahiafo.
Nyamesom nso ɛ? Ɔfã bɛn na egyina wɔ nokwaredi ho asɛm yi mu? Awerɛhosɛm ne sɛ, gyinapɛn ahorow no te sɛ wiase de no ara. Fa Roma Katolek sɔfo panyin Eamon Casey, a ɔpaeem kae sɛ ɔno na wawo mpenaba bi a seesei ɔwɔ ne mpanyin afe so no, sɛ nhwɛso. Sɛnea Britain atesɛm krataa Guardian daa no adi no, Casey tebea no nyɛ “ade foforo koraa.” The Times bɔɔ asɛm koro no ara ho amanneɛ sɛ: “Ɛnyɛ nokwasɛm a ɛwɔ Ɔsɔfo panyin Casey aniwusɛm no mu ne sɛ n’adebɔne no yɛ nea ebi nsii da, na mmom, sɛ́ atoro a wodi wɔ sigyadi ho ntanka mu no nyɛ ade foforo anaa nea ɛntaa nsi.” Bere a The Glasgow Herald, Scotland, refoa saa adwene yi so no, ɛka sɛ Roma Katolek asɔfo a wɔwɔ United State no mu ɔha biara mu nkyem 2 pɛ na wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ aguamammɔ ne bɔbeasu koro ntam nna mu. Sɛ́ akontaabu yi di mũ anaa enni mũ no, ɛkyerɛ din a Katolek asɔfo agye wɔ abrabɔ fam.
Bere a yɛn ani tua nhwɛso a ɛtete saa no, so ebetumi ayɛ yiye sɛ obi de nokwaredi bɛbɔ ne bra? So ɛfata? Dɛn na ɛbɛhwehwɛ, na mfaso bɛn na ɛwɔ saa a yɛbɛyɛ no mu?