Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/1 kr. 20-25
  • Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔtetee Me Ma Minyaa Yehowa mu Ahotoso
  • Ɔtaa no mu Yɛ Den
  • Honhom Fam Dwumadi a Mede Nsi Yɛɛ no Bere Tiaa Bi
  • Mmoa a Efi Me Honhom Fam Anuanom Hɔ
  • Yehowa Gye Ne Nkoa Anokwafo
  • Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yɛabɔ Mmɔden Sɛ Yɛbɛkɔ So Ayɛ Den Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/1 kr. 20-25

Boasetɔ a Mede Atwɛn Yehowa Fi Me Mmofraase

SƐNEA RUDOLF GRAICHEN KA KYERƐE

Te sɛ anyinam no, asiane too m’abusua bere a na madi mfe 12 pɛ. Nea edi kan no, wɔde me papa too afiase. Afei, wɔhyɛɛ me ne me nuabea de yɛn fii fie ne ahɔho kɔtrae. Akyiri yi, Gestapofo no kyeree me ne me maame. Mekɔdaa afiase, na wɔde no kɔtoo nneduaban mu.

NÁ SAA nsɛm a esisi toatoaa so no yɛ ɔtaa a emu yɛ den a mihyiae wɔ me mmofraase sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no mfiase ara kwa. Nasi Gestapofo a wɔwɔ dimmɔne no ne afei, German Apuei fam Stasifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma magyae me mudi ma Onyankopɔn no mu kura. Ɛnnɛ, wɔ mfe 50 ahofama a mede asom no akyi no, metumi aka sɛnea odwontofo no kae no: “Wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, nanso wɔantumi me.” (Dwom 129:2) Hwɛ aseda ara a mede ma Yehowa!

Wɔwoo me June 2, 1925, wɔ Lucka kurow ketewaa a ɛbɛn Leipzig, Germany, no mu. Ansa na wɔrewo me mpo no, m’awofo, Alfred ne Teresa, huu Bible mu nokware no wɔ Bible Asuafo, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, nhoma ahorow mu. Mekae sɛ bere biara na mehwɛ Bible mu nsɛm ho mfonini a ɛtetare yɛn fie no fasu ho no. Ná mfonini biako fa pataku ne oguammaa, akokoaa ne ɔsebɔ, nantwi ba ne gyata—a wɔn nyinaa te asomdwoe mu na abofra ketewa bi ka wɔn so—ho. (Yesaia 11:6-9) Mfonini a ɛte saa no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse.

Bere biara a na ɛbɛyɛ yiye no, na m’awofo de me hyɛ asafo dwumadi ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ February 1933 mu, bere a Hitler bedii tumi akyi bere tiaa bi no, woyii “Photo-Drama of Creation”—ne ne sini ahorow a mfonini no nkeka ne ho, sini a ahokeka wom a wɔakyere ɛho nsɛm agu kasɛt so no—kyerɛe wɔ yɛn kurow ketewa no mu. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ, abarimaa a na madi mfe ason pɛ no te lɔre bi a wonkuruu akyi mu nam kurom rebɔ “Photo-Drama” no ho dawuru! Wɔ eyi ne mmere foforo mu no, anuanom no maa metee nka sɛ ɛmfa ho sɛ misua no, me ho wɔ mfaso wɔ asafo no mu. Enti efi mmofraase pɛɛ na Yehowa kyerɛkyerɛɛ me ma N’asɛm nyaa me so nkɛntɛnso.

Wɔtetee Me Ma Minyaa Yehowa mu Ahotoso

Esiane ɔfã biara a Kristofo nni koraa nti, Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyehyɛ Nasi amammuisɛm mu. Ne saa nti, wɔ 1933 mu no, Nasifo no hyɛɛ mmara baraa yɛn asɛnka, nhyiamkɔ, ne yɛn ankasa Bible ho nhoma a yɛbɛkenkan mpo. Wɔ September 1937 mu no, Gestapofo no kyeree yɛn asafo no mu anuanom nyinaa, a na me papa ka ho. Ɛno maa me werɛ howee kɛse. Wɔde me papa too afiase mfe anum.

Nneɛma mu bɛyɛɛ den yiye maa yɛn wɔ fie. Nanso yesuae ntɛm ara sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Da bi, bere a mifi sukuu baa fie no, na me maame rekenkan Ɔwɛn-Aban. Ná ɔpɛ sɛ osiesie aduan kakraa bi ma me awia no, enti ɔde nsɛmma nhoma no too adaka ketewa bi so. Yedidi wiei a yɛreyiyi nkankyee no, obi bɔɔ pon no mu denneennen. Ná ɛyɛ polisini bi a ɔpɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ yɛn dan mu hwɛ sɛ obenya Bible ho nhoma bi a. Misuroe yiye.

Ná ɛyɛ da bi a ɔhyew wom ankasa. Enti ade a edi kan a polisini no yɛe ne sɛ oyii ne kyɛw de too pon bi so. Afei ofii ase hwehwɛɛ dan mu hɔ. Bere a ɔrehwɛ ɔpon no ase no, ne kyɛw no yɛɛ sɛ nea ɛretɔ fam. Enti me maame tam kyɛw no ntɛm ara de too Ɔwɛn-Aban no so wɔ adaka no so! Polisini no hwehwɛɛ yɛn dan mu hɔ nneɛma nyinaa mu nanso wanhu nhoma biara. Nokwarem no, wannwen ho koraa sɛ ɔbɛhwɛ ne kyɛw no ase. Bere soe sɛ ɔrefi hɔ no, ɔpaa me maame kyɛw bɔkɔɔ, na ɔfaa ne kyɛw no a wanhwɛ n’akyi. Hwɛ sɛnea me ho tɔɔ me!

Osuahu ahorow a ɛte saa no siesiee me maa sɔhwɛ ahorow a na emu yɛ den yiye no. Sɛ nhwɛso no, wɔ sukuu mu no, wɔhyɛɛ me sɛ menkɔdɔm Hitler Mmofra ahyehyɛde a na wɔtete mmofra a wɔwom ma sraadi na wɔde Nasi nyansapɛ kyerɛkyerɛ wɔn no. Ná akyerɛkyerɛfo bi ankasa de ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛma wɔn sukuufo nyinaa de wɔn ho ahyɛ mu. Ɛbɛyɛ sɛ me kyerɛkyerɛfo Herr Schneider tee nka sɛ wadi nkogu koraa efisɛ, na sukuuni biako ama ne nkurɔfo no dodow so atew biako ma ɛnte sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔaka wɔ me sukuu mu hɔ nyinaa no. Ná me ne saa sukuuni no.

Da bi, Herr Schneider bɔɔ adesuakuw no nyinaa amanneɛ sɛ: “Mmofra, ɔkyena yɛbɛbom apue.” Obiara ani gyee asɛm no ho. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mo nyinaa monhyɛ Hitler Mmofra ntade no na ama sɛ yetu aperenten wɔ mmɔnten so a, obiara atumi ahu sɛ moyɛ Hitler mmarimaa a mubu ade.” Ade kyee anɔpa no, mmarimaa no nyinaa bae a na wɔhyehyɛ wɔn ntade, gye me nkutoo. Ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ me begyinaa adesuakuw no anim bisaa me sɛ: “Hwɛ mmarimaa a wɔaka no ho na afei hwɛ wo ho.” Ɔde kaa ho sɛ: “Minim sɛ w’awofo yɛ ahiafo na wɔrentumi ntɔ atade no mma wo, nanso ma memfa biribi nkyerɛ wo.” Ɔde me kɔɔ ne pon ho, buee drɔɔ bi, na ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ mede atade mono yi ma wo. Wunhu sɛ ɛyɛ fɛ?”

Anka m’ani begye owu ho mmom sen sɛ mɛhyɛ Nasi atade bi. Bere a me kyerɛkyerɛfo no hui sɛ menyɛɛ m’adwene sɛ mɛhyɛ no, ne bo fuwii, na adesuakuw no nyinaa huroo me. Afei ɔde yɛn puei, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde me besie denam mmarimaa foforo a wɔhyehyɛ wɔn ntade no nyinaa mfinimfini a ɔmaa midii no so. Nanso, na kurow no mu nnipa pii tumi hu sɛ meda nsow wɔ m’adesuakuw no mu. Ná obiara nim sɛ me ne m’awofo yɛ Yehowa Adansefo. Meda Yehowa ase sɛ ɔmaa me honhom fam ahoɔden a ehia bere a na meyɛ abofra no.

Ɔtaa no mu Yɛ Den

Da bi wɔ 1938 mfiase no, polisifo kar bi bɛfaa me ne me nuabea fii sukuu mu kɔɔ mmofra bɔne sukuu wɔ Stadtroda a na ɛwɔ bɛyɛ kilomita 80 no. Dɛn ntia? Efisɛ na asɛnnibea ahorow no asi gyinae sɛ wonyi yɛn mfi yɛn awofo nkɛntɛnso ase nnan yɛn Nasi mmofra. Ankyɛ na nea ɔhwɛ mmofra bɔne sukuu hɔ no hui sɛ me ne me nuabea no bu ade, ɛmfa ho sɛ na yɛyɛ pintinn wɔ ɔfã biara a Kristofo nni mu no. Ɛkanyan sukuu panyin no araa ma na ɔpɛ sɛ ohu me maame ankasa. Wɔyɛɛ nsakrae bi, na wɔmaa me maame kwan ma ɔbɛsraa yɛn. Me ne me nuabea ne me maame ani gyei, na yɛdaa Yehowa ase sɛ wama yɛanya hokwan ahyiam rehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran da mũ nyinaa. Ná yehia saa nkuranhyɛ no ankasa.

Yedii sukuu mu hɔ bɛyɛ asram anan. Afei wɔmaa yɛne abusua bi kɔtrae wɔ Pahna. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntew yɛn mfi yɛn awofo ho. Ná wɔmma me maame kwan mpo mma ɔmmɛsra yɛn. Nanso, wɔ mmere ahorow bi mu no, onyaa kwan baa yɛn nkyɛn. Me maame de saa hokwan a na ɛho yɛ na yi yɛɛ nea obetumi nyinaa maa yesii nketekrakye sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware ama Yehowa ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow ne tebea ahorow a ɔbɛma ho kwan no.—1 Korintofo 10:13.

Na sɔhwɛ ahorow no bae ampa. Wɔ December 15, 1942 mu, bere a na madi mfe 17 pɛ no, Gestapofo no bɛfaa me kɔtoo afiase wɔ Gera. Bɛyɛ dapɛn akyi no, wɔkyeree me maame nso bɛkaa me ho wɔ afiase koro no ara mu. Esiane sɛ na meda so ara yɛ abofra nti, na wɔrentumi mfa me nkɔ asɛnnibea. Enti me ne me maame dii asram asia wɔ afiase hɔ bere a na asɛnnibea ahorow no retwɛn sɛ medi mfe 18 no. Da a minyaa mfe 18 no ara pɛ na wokodii me ne me maame asɛm.

Ansa na merehu nea ɛrekɔ so no, na biribiara aba awiei. Ná minnim sɛ merenhu me maame bio. Da a etwa to a mede kae no ne bere a mihui sɛ ɔte asɛnnibea benkyi tuntum bi a na esi me nkyɛn pɛɛ so no. Wobuu yɛn baanu nyinaa fɔ. Wɔde me too afiase mfe anan, na wɔde me maame too afiase afe biako ne fã.

Saa bere no, na Yehowa Adansefo mpempem pii na wogu afiase ne nneduaban ahorow mu. Nanso, wɔde me kɔtoo afiase wɔ Stollberg, baabi a na me nkutoo ne Ɔdansefo no. Midii bɛboro afe wɔ obiakofo afiase dan mu, nanso na Yehowa ka me ho. Ɔdɔ a na manya ama no wɔ me mmofraase no ne ade titiriw a na ɛwowaw me wɔ honhom fam.

Wɔ May 9, 1945 mu, bere a midii mfe abien ne fã wɔ afiase akyi no, yɛtee asɛmpa bi—ɔko no baa awiei! Wogyaee me saa da no. Bere a menantewee kilomita 110 akyi no, miduu fie, a na ɛda adi sɛ ɔbrɛ ne ɔkɔm ama mayare. Asram pii twaam ansa na merenya ahoɔden.

Midui ara pɛ na wɔde awerɛhosɛm kɛse bi bɔɔ me. Ná nea edi kan no fa me maame ho. Bere a ɔdaa afiase afe ne fã no, Nasifo no kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ krataa bi ase mfa mpa ne gyidi wɔ Yehowa mu. Wanyɛ. Enti Gestapofo no de no kɔɔ mmea nneduaban mu wɔ Ravensbrück. Atridiinini kum no wɔ hɔ bere tiaa bi ansa na ɔko no reba awiei. Ná ɔyɛ Kristoni kokodurufo ankasa—ɔkofo a ɔyɛ den a wampa abaw da. Yehowa mfi ayamye mu nkae no.

Metee me nua panyin Werner, a wanhyira ne ho so amma Yehowa da no nso ho asɛm. Ná wakɔdɔm German asraafo no ma wɔakum no wɔ Russia. Me papa nso ɛ? Ɔbaa fie, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na ɔyɛ Adansefo kakraa bi a wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa a ɛwɔ dimmɔne no ase de paa wɔn gyidi no mu biako. Bere a mihuu no no, na wayɛ sɛ obi a onni anigye na wanya adwenemhaw.—2 Petro 2:20.

Honhom Fam Dwumadi a Mede Nsi Yɛɛ no Bere Tiaa Bi

Wɔ March 10, 1946 no, mekɔɔ me nhyiam a edi kan wɔ ɔko no akyi wɔ Leipzig. Hwɛ anigye a na ɛyɛ sɛ wɔbɔɔ amanneɛ sɛ asubɔ bɛkɔ so saa da no ara! Ɛwom sɛ na madi kan ahyira me nkwa so ama Yehowa mfe pii de, nanso na eyi ne bere a edi kan a manya hokwan a mede bɛbɔ asu. Me werɛ remfi saa da no da.

Wɔ March 1, 1947 mu, bere a meyɛɛ ɔkwampaefo ɔsram biako akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Bethel wɔ Magdeburg. Ná ɔtopae a wɔtotoe no asɛe Asafo ti no nnwumayɛbea no pasaa. Hwɛ hokwan a na ɛyɛ sɛ meboae wɔ nsiesie adwuma no mu! Saa ahohuru bere no akyi no, wɔmaa me dwumadi wɔ Wittenberge sɛ ɔkwampaefo titiriw. Ná mede nnɔnhwerew bɛboro 200 ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo wɔ asram bi mu. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ manya ahofadi bio—ɔko, ɔtaa ne afiase nna nni hɔ bio!

Awerɛhosɛm ne sɛ, saa ahofadi no ankyɛ. Ɔko no akyi no, wɔkyɛɛ Germany mu abien, na baabi a na mete no kodii Kɔmunistfo nsam. Wɔ September 1950 mu no, Apuei fam Germany kokoam polisifo a na wɔfrɛ wɔn Stasi no fii ase kyekyeree anuanom mmiako mmiako. Ná sobo a wɔbɔɔ me no yɛ serew. Wɔbɔɔ me sobo sɛ meyɛ kwansrafo ma Amerika aban. Wɔde me kɔtoo Stasifo afiase a enye koraa wɔ ɔman no mu, wɔ Brandenburg.

Mmoa a Efi Me Honhom Fam Anuanom Hɔ

Ɛhɔ no, na Stasifo no mma menna awia. Ná afei wobisabisa me nsɛm anadwo mũ no nyinaa. Wɔyɛɛ me saa ayayade yi nna kakraa bi akyi no, nneɛma sɛee koraa. Da bi anɔpa, sɛ́ anka wɔbɛsan de me akɔ m’afiase dan mu no, wɔde me kɔɔ wɔn U-Boot Zellen (esiane sɛ ɛhyɛ asase ase nti, wɔfrɛ no po ase afiase dan) a agye dimmɔne no biako mu. Wobuee dade pon dedaw a awe nkanare bi, na wɔkyerɛɛ me sɛ menkɔ mu. Ná ɛsɛ sɛ migyina taaboo bi so. Bere a mituu me nan sii fam no, mihui sɛ nsu wɔ fam hɔ nyinaa. Wɔkaa pon no hwee mu ma ɛyɛɛ dede dennen. Ná hann ne mfɛnsere biara nni hɔ. Ná ɛhɔ yɛ sum kabii.

Esiane sɛ na nsu pii wɔ fam hɔ nti, mantumi antra ase, anna. Bere a na ɛte sɛ nea meretwɛn awiei no, wɔbɛfaa me kobisabisaa me nsɛm bio wɔ akanea a ano yɛ den ase. Mintumi nhu nea na eye—sɛ́ nsu mu a na migyina da mũ nyinaa wɔ sum kabii mu, anaasɛ akanea a ano yɛ den yiye a na wɔde kyerɛ me so tẽẽ anadwo mũ nyinaa a na megyina ano no.

Mpɛn pii na wohunahunaa me sɛ wɔbɛtow me tuo. Bere a wobisabisaa me nsɛm anadwo horow bi akyi no, Russia sraani panyin bi bɛsraa me anɔpa bi. Minyaa hokwan ka kyerɛɛ no sɛ German Stasifo no reyɛ me ayayade sen Nasi Gestapofo no mpo. Meka kyerɛɛ no sɛ na Yehowa Adansefo nni ɔfã biara wɔ Nasi nniso mu, na na wonni ɔfã biara wɔ Kɔmunist nniso no nso mu, na afei wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu wɔ wiase baabiara. Nea ɛne no bɔ abira no, mekae sɛ na wɔn a wɔyɛ Stasifo seesei no mu pii yɛ Hitler Mmofra ahyehyɛde no mufo, baabi a ɛda adi sɛ wosuaa sɛnea wɔyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm ayayade kɛse no. Bere a merekasa no, na awɔw, ɔkɔm, ne ɔbrɛ ama me ho rewosow.

Anwonwasɛm ne sɛ, Russiani panyin no bo anfuw me. Mmom no, ɔde kuntu kataa me ho, na ɔyɛɛ me yiye. Ne nsrahwɛ no akyi bere tiaa bi no, wɔsan de me kɔɔ afiase dan a ɛhɔ ye mu. Nna kakra bi akyi no, wɔde me maa German asɛnnibea ahorow no. Bere a na wonnya nnii m’asɛm no, minyaa hokwan a eye a ɛne sɛ me ne Adansefo foforo baanum daa afiase dan biako mu. Bere a na magyina ayayade a emu yɛ den ano akyi no, hwɛ ahotɔ a na ɛyɛ sɛ me ne me honhom fam anuanom nyaa fekubɔ!—Dwom 133:1.

Wɔ asɛnnibea no, wobuu me fɔ sɛ meyɛ ɔkwansrafo, na wɔde me too afiase mfe anan. Mibuu ɛno sɛ atemmu ketewa bi. Wɔde anuanom no binom too afiase bɛboro mfe du. Wɔde me kɔtoo afiase a na wɔbɔ hɔ ban kɛse bi mu. Misusuw sɛ na akura mpo ntumi nwura saa afiase no mu anaa ompue mfi hɔ—na ahobammɔ nhyehyɛe no mu yɛ den. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, anuanom akokodurufo bi tumi de Bible mũ no nyinaa faa sum ase baa mu. Yɛkyekyɛɛ mu yɛɛ no nhoma mmiako mmiako maa anuanom nneduafo no.

Ɔkwan bɛn na yɛfaa so yɛe? Ná ɛyɛ den yiye. Bere a na yetumi ne yɛn ho hyia ara ne bere a wɔde yɛn kɔ ma yeguare dapɛn abien biara no. Bere bi, bere a mereguare no, onua bi kaa no brɛoo guu m’asom sɛ ɔde Bible mu nkratafa bi asie ne mpopaho mu. Miguare wiei no, na ɛsɛ sɛ migyaw me mpopaho no fa ne de.

Awɛmfo no mu biako hui sɛ onua no ne me rekasa, na ɔde abaa poliwa bi boroo no yiye. Ná ɛsɛ sɛ meyɛ ntɛm kɔfa mpopaho no na mekɔfra nneduafo a wɔaka no mu. Anigyesɛm ne sɛ wɔankyere me sɛ mikura Bible mu nkratafã no. Anyɛ saa a anka yɛn honhom fam aduanni ho nhyehyɛe no bɛsɛe. Yenyaa osuahu a ɛtete saa pii. Ná yesuma yɛ yɛn Bible akenkan bere nyinaa wɔ asiane kɛse mu. Nokwarem no, na ɔsomafo Petro nsɛm, “Mo ani nna hɔ, monwɛn,” no fata ankasa.—1 Petro 5:8.

Esiane biribi nti, ahwɛfo no sii gyinae sɛ wobeyi yɛn mu bi afi afiase biako mu akɔ foforo mu bere ne bere mu. Bɛyɛ mfe anan mu no, woyii me kɔɔ afiase ahorow du mu. Nanso, bere nyinaa na mitumi hu anuanom. Mibenyaa ɔdɔ a emu yɛ den maa saa anuanom yi, na bere biara a wobeyi me akɔ baabi foforo no, na midi awerɛhow kɛse wɔ me komam sɛ meregyaw wɔn hɔ.

Awiei koraa no, wɔde me kɔɔ Leipzig, na ɛhɔ na woyii me fii afiase. Afiase hwɛfo a oyii me no anka sɛ nantew yiye, na mmom, ɔkae sɛ “Ɛrenkyɛ yebehu wo bio.” N’adwemmɔne nti, na ɔpɛ sɛ mebɛda afiase bio. Misusuw Dwom 124:2, 3 ho bere nyinaa, baabi a ɛka eyi no: “Sɛ ɛnyɛ [Yehowa, NW] na ɔwɔ yɛn afa, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a, anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no, wɔamemmene yɛn animono.”

Yehowa Gye Ne Nkoa Anokwafo

Afei, na manya ahofadi bio. Ná me nuabea, Ruth, a me ne no yɛ ntaa, ne Onuawa Herta Schlensog wɔ abobow no ano retwɛn me. Wɔ mfe a medaa afiase yi nyinaa mu no, na Herta de boaa ketewa bi a aduan wom mena me ɔsram biara. Migye di ankasa sɛ sɛ ɛnyɛ saa boaa nketewa no a, anka mewu wɔ afiase. Yehowa mfi ayamye mu nkae no.

Efi bere a wogyaee me no, Yehowa de ɔsom hokwan pii adom me. Mesom bio sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Gronau, Germany, ne ɔmansin sohwɛfo wɔ German Mmepɔw so. Akyiri yi wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu ma asɛmpatrɛwfo no adesuakuw a ɛto so 31 no bi. Wɔyɛɛ yɛn adesua awiei dwumadi no wɔ Yankee Stadium bere a na Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ 1958 mu rekɔ so no. Minyaa hokwan kasa kyerɛɛ anuanom mmarima ne mmea kuw kɛse no kaa me suahu ahorow no bi kyerɛɛ wɔn.

Wɔ adesua awiei no akyi no, mekɔɔ Chile kɔsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛhɔ no, mesom bio sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Chile kesee fam akyirikyiri—wɔde me kɔɔ asase ano ankasa. Wɔ 1962 mu no, mewaree Patsy Beutnagel, ɔsɛmpatrɛwfo a ɔwɔ dɔ a ofi San Antonio, Texas, U.S.A. Me ne no de mfe pii a anigye wom som Yehowa.

Wɔ m’asetram mfe bɛboro 70 yi mu no, mahyia anigye bere ne amanehunu pii. Odwontofo no kae sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:19) Wɔ 1963 mu, bere a na meda so wɔ Chile no, me ne Patsy huu yɛn babea ketewa wu a na ɛyɛ awerɛhow. Akyiri yi, Patsy yaree denneennen, na yetu kɔɔ Texas. Bere a na wadi mfe 43 pɛ no, ɔno nso wui wɔ tebea na ɛyɛ awerɛhow mu. Mebɔ mpae bere nyinaa sɛ Yehowa befi ayamye mu akae me yere a medɔ no no.

Mprempren, ɛwom sɛ yare ne mpanyinyɛ haw me de, nanso m’ani gye hokwan a ɛne sɛ meresom sɛ daa ɔkwampaefo ne ɔpanyin wɔ Brady, Texas, no ho. Nokwarem no, asetra nyɛɛ mmerɛw bere nyinaa, na ebia sɔhwɛ afoforo pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mihyia. Nanso, te sɛ odwontofo no, metumi aka sɛ: “Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.”—Dwom 71:17.

[Kratafa 23 mfonini]

(1) Mesom sɛ ɔpanyin ne daa kwampaefo nnɛ, (2) me ne Patsy ansa na yɛreware, (3) wɔ Herr Schneider adesua dan mu, (4) me maame, Teresa, a owui wɔ Ravensbrück no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena