Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/1 kr. 21-25
  • M’ani Sɔ Mfe Pii a Mede Atra Yehowa Som Mu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • M’ani Sɔ Mfe Pii a Mede Atra Yehowa Som Mu No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom mu Nsusuwii Nyaa Me so Nkɛntɛnso
  • Me Gyinabea Wɔ Bible mu Nokware Ho
  • Betel Som Adwuma
  • Mewɔ Ahenni Anidaso mu Ahotoso
  • Dwumadi Wɔ Wiase Ko II Mu
  • Wɔhyɛɛ Dwumadi no mu Den
  • Nea Metumi a Meyɛ
  • Gyidi a Mikura mu Kosi Ase
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Asetra A Etu Mpɔn A Manya Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/1 kr. 21-25

M’ani Sɔ Mfe Pii a Mede Atra Yehowa Som Mu No

SƐNEA OTTILIE MYDLAND KA KYERƐE

Afeha a ɛtɔ so 19 awiei mu hɔ no, na ɛpo so hyɛn gyina toatoa so wɔ Kopervik hyɛn gyinabea a ɛwɔ Norway atɔe fam. Saa bere no na nnipa ne apɔnkɔ na wɔtwe nteaseɛnam fa akwan so. Na nkurɔfo de kanea a wɔde krasin gu mu di dwuma, na na wɔsɔ gyabiriw ma nnuadan a wɔaka ho fitaa no mu yɛ hyew. Wɔwoo me wɔ hɔ wɔ June 1898 mu, na meyɛ mmofra baanum mu nea ɔto so abien.

WƆ 1905 mu no, na Paapa nyɛ adwuma, ɛno nti ɔkɔɔ United States. Ɔbae wɔ mfe abiɛsa akyi a na okura bag kɛse bi a akyɛde a ɛyɛ fɛ ma mmofra no ne sirikyi ntadetam ne nneɛma foforo ma Maame wom. Nanso na n’agyapade a ɛsom bo sen biara no ne nhoma a Charles Taze Russell kyerɛwee a wɔato din Studies in the Scriptures.

Paapa fii ase kaa nea osuae wɔ nhoma yi mu ho asɛm kyerɛɛ nnamfo ne abusuafo. Ɔde Bible no kyerɛkyerɛe wɔ hɔnom asɔredan mu sɛ hell a ogya dɛw wɔ hɔ biara nni hɔ. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Wɔ 1909 mu, afe a Paapa fii United States bae akyi no, Onua Russell bɛsraa Norway na ɔmaa ɔkasa ahorow wɔ Bergen ne Kristiania, mprempren wɔfrɛ hɔ Oslo. Paapa kɔɔ Bergen kotiee no.

Nnipa dodow no ara nunuu Paapa sɛ ɔrehyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ho nkuran. N’asɛm yɛɛ me yaw na meboaa no ma ɔde Bible nkratawa memaa afipamfo. Wɔ 1912 mu no, mede kratawa bi a ɛka hell ho asɛm maa ɔsɔfo bi babea. Ɔyeyaw me ne Paapa. Ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ ɔsɔfo babea tumi ka kasafĩ saa!

Ɛtɔ da bi a na Bible Asuafo foforo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, a na Theodor Simonsen a ɔyɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw ka ho, bɛsra yɛn wɔ Kopervik. Na meto nsa frɛ nkurɔfo ma wobetie ɔkasa a ɔma wɔ yɛn fie no bi. Ansa na ɔbɛma ɔkasa no, na ɔbɔ sanku to dwom, na ɔkasa no akyi no, ɔto dwom de pɔn. Na yɛwɔ obu kɛse ma no.

Obi foforo a na ɔba yɛn fie ne Anna Andersen, a na ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo anaa bere nyinaa somfo no. Na ɔtaa de baesekre titiriw tu kwan fi kurow biako so kɔ foforo so wɔ Norway nyinaa, de Bible ho nhoma mema nkurɔfo. Na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Salvation Army asɔre mu bere bi na na onim Salvation Army mpanyimfo a wɔwɔ Kopervik no mu bi. Wɔmaa no kwan ma ɔmaa Bible mu ɔkasa wɔ wɔn asɔredan mu, na metoo nsa frɛɛ nkurɔfo ma wobetiee no.

Bere nyinaa ɔsɛmpakafo foforo a ɔbɛsraa yɛn wɔ Koprevik ne Karl Gunberg. Ɔbarima ɔhobrɛasefo a ɔmpɛ kasa, nanso oyi aseresɛm yi, nso somee bere ne bere mu sɛ nsɛm asekyerɛfo wɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Oslo no. Yɛboom yɛɛ adwuma wɔ hɔ wɔ mfe bi akyi.

Nyamesom mu Nsusuwii Nyaa Me so Nkɛntɛnso

Saa bere no na ɛnyɛ Onyankopɔn ne Bible no mu gyidi a emu yɛ den nkutoo na nkurɔfo dodow no ara wɔ, na mmom gyidi a agye ntini ahorow mu nso, te sɛ hellgya ne Baasakoro no. Ɛno nti, ɛmaa hooyɛ kɔɔ so bere a Bible Asuafo no kyerɛkyerɛe sɛ saa nkyerɛkyerɛ no ne Bible no nhyia no. Sobo a emu yɛ den a yɛn afipamfo bɔɔ Paapa sɛ ɔyɛ ɔsom mu otuatewfo no nyaa me so nkɛntɛnso. Meka kyerɛɛ no bere bi mpo sɛ: “Nea wokyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. Ɛyɛ atoro nkyerɛkyerɛ!”

Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ: “Ottilie, bra ha bɛhwɛ nea Bible no ka.” Afei ɔkenkan fii Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ me. Ne saa nti, ahotoso a na mewɔ wɔ ɔno ne nea ɔkyerɛkyerɛe no mu no yɛɛ kɛse. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Studies in the Scriptures no, na na metaa tra siw bi a kurow no da ase so kenkan wɔ ahohuru bere mu wɔ 1914 mu.

Wɔ August 1914 mu no, nkurɔfo bɛboaboaa wɔn ho ano wɔ ɔdan a wotintim hɔnom atesɛm krataa wɔ mu no ho bɛkenkan Wiase Ko I no a na aba no ho asɛm. Paapa ba bɛhwɛɛ nea na ɛrekɔ so no. Ɔteɛɛm sɛ: “Meda Onyankopɔn ase!” Ɔko no a ɛbae no ma ohuu Bible nkɔmhyɛ ahorow a na ɔreka ho asɛm no mmamu. (Mateo 24:7) Bible Asuafo no mu pii gye dii saa bere no sɛ ɛnkyɛ wɔde wɔn bɛkɔ soro. Bere a eyi amma no, ebinom abam bui.

Me Gyinabea Wɔ Bible mu Nokware Ho

Wɔ 1915 mu, bere a na madi mfe 17 no, miwiee ntam sukuu na mifii ase yɛɛ adwuma wɔ adwumayɛbea bi. Mifii ase saa bere no kenkanee Ɔwɛn-Aban daa. Nanso 1918 ansa na yɛrefi ase ayɛ nhyiam daa wɔ Kopervik. Na yɛyɛ nnipa baanum na yefii adesua no ase. Na yɛkenkan Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma te sɛ Studies in the Scriptures, susuw asɛm no ho denam nsɛmmisa ne mmuae so. Ɛwom sɛ Maame kaa Bible Asuafo no ho asɛmpa kyerɛe de, nanso wammɛyɛ yɛn mu biako da.

Efi 1918 mu no, mibehuu Anton Saltnes wɔ adwumayɛbea a na meyɛ adwuma wɔ hɔ no, na mitumi boaa no ma ɔbɛyɛɛ Bible Suani. Saa bere yi mebɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka daa na wɔbɔɔ me asu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Bergen wɔ 1921 mu no ase.

Wɔ May 1925 mu no, wɔyɛɛ nhyiam maa Scandinaviafo nyinaa wɔ Örebro, Sweden. Wɔn a wɔkɔe no bɛboro 500, a Joseph F. Rutherford, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no ka ho. Yɛn mu bɛyɛ sɛ 30 de keteke a wɔde ama yɛn no tuu kwan fii Oslo.

Wɔbɔɔ amanneɛ wɔ nhyiam yi ase sɛ wobebue Europa Kusuu fam Baa Dwumadibea wɔ Copenhagen, Denmark, na ahwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Scandinavia ne Baltic aman no mu. Wɔpaw William Dey a ofi Scotland sɛ ɔnhwɛ asɛnka adwuma no so. Na wɔpɛ n’asɛm yiye, na ankyɛ obenyaa abodin Scotlandni Kɛse. Mfiase no na Onua Dey nte Scandinaviafo kasa no biara, ɛno nti na ɔtra akyi wɔ nhyiam nketewa ne akɛse nyinaa ase hwɛ mmofra no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn awofo betumi atie nea wɔka wɔ asɛnka agua so no yiye.

March 1, 1925 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kaa Adiyisɛm ti 12 ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛe sɛ ti yi fa Onyankopɔn Ahenni no awo wɔ soro ho na saa awo yi sii wɔ 1914 mu. Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛte ase, ɛno nti mekenkanee asɛm no mpɛn pii. Bere a awiei koraa no metee ase no, m’ani gyei pii.

Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ Bible nsɛm ho mu a, ɛto ebinom hintidua ma wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn nkurɔfo ho. Nanso sɛ ɛyɛ den sɛ mɛte nsakrae a ɛte saa ase a, bere nyinaa mekenkan asɛm no mpɛn pii, bɔ mmɔden sɛ mehu adwene ko a wɔde yɛɛ saa. Sɛ mante nkyerɛkyerɛmu foforo no ase ara a, metwɛn ma wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Manya boasetɔ a ɛte sɛɛ yi so akatua mpɛn pii.

Betel Som Adwuma

Meyɛɛ adwuma sɛ sika akontaabufo, ɔkyerɛwfo, ne nea ɔhwehwɛ amantam sikasɛm mu wɔ mfe bi mu. Wɔ 1928 mu no, nea na ɔhwɛ Asafo no sikasɛm so no yaree a na ɛsɛ sɛ ofi Betel. Esiane sɛ na mewɔ osuahu wɔ adwuma a ɛte saa ho nti, wɔkae sɛ menkɔyɛ. Mifii Betel som adwuma ase wɔ June 1928 mu. Ɛtɔ da bi a na Onua Dey bɛsra yɛn na na ɔhwehwɛ me sikasɛm ho kyerɛwtohɔ ahorow mu. Afei nso na yɛn Betel abusua no di kan wɔ baguam asɛnka adwuma no mu wɔ Oslo, baabi a na saa bere no yɛwɔ asafo biako pɛ no.

Yɛn mu bi boaa ɔsomfo a na ɔhwɛ ma wɔde nhoma mena wɔ Betel, Onua Sakshammer, ma ɔboaboaa The Golden Age (mprempren wɔfrɛ no Nyan!) ano de menae. Na anuanom Simonsen ne Gunberg ka wɔn a wɔboae no ho. Na yɛn ani gye, to nnwom mpɛn pii bere a yɛreyɛ adwuma no.

Mewɔ Ahenni Anidaso mu Ahotoso

Wɔ 1935 mu no, yɛbɛtee ase sɛ “nnipakuw kɛse” no nyɛ ɔsoro kuw a ɛto so abien. Yehui sɛ egyina hɔ mmom ma kuw a enya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu na wɔwɔ hokwan sɛ wɔtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so no. (Adiyisɛm 7:9-14) Esiane ntease foforo yi nti, ebinom a na wɔadi Nkaedi aduan no bi no hui sɛ wɔn anidaso no yɛ asase so de, na wogyaee di.

Ɛwom sɛ m’adwene mu nyɛɛ me naa da wɔ me soro anidaso no ho de, nanso, metaa susuw ho sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn pɛ me?’ Metee nka sɛ hokwan kɛse a ɛte sɛɛ mfata me. Sɛ́ ɔbea a osua na ɔfɛre ade no, ɛyɛ nwonwa sɛ mebu me ho sɛ Ɔhene a ɔne Kristo bɛbom adi tumi wɔ soro. (2 Timoteo 2:11, 12; Adiyisɛm 5:10) Nanso, misusuw ɔsomafo Paulo asɛm a ɛse “ɛnyɛ atumfo pii” na wɔafrɛ wɔn, na mmom “wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu” no ho.—1 Korintofo 1:26, 27.

Dwumadi Wɔ Wiase Ko II Mu

Wɔ April 9, 1940 mu no, Germanfo asraafo dɔm bɛtow hyɛɛ Norway so, na ankyɛ na wɔko faa ɔman no. Esiane ɔko no nti, nnipa pii bɛyɛɛ aso maa Ahenni asɛm no. Efi October 1940 mu kosi June 1941 mu no, yɛde nhoma ne nhomawa bɛboro 272,000 memae. Ɛno kyerɛ sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Adansefo bɛboro 470 a na wɔwɔ Norway saa bere no mu biara de nhoma ne nhomawa bɛboro 570 memae wɔ saa asram akron no mu!

Wɔ July 8, 1941 mu no, Gestapofo no kɔsraa ahwɛfo aguamtrafo nyinaa na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔamma wɔannyae asɛnka adwuma no a, wɔde wɔn bɛkɔ nneduaban ahorow mu. German polisifo mpanyimfo baanum baa Betel begyee Ɔwɛn Aban Asafo no agyapade pii fii yɛn nsam. Wɔde Betel abusua no kɔe kobisabisaa wɔn nsɛm, nanso wɔamfa yɛn mu biara anto afiase. Awiei koraa wɔ July 21, 1941 mu no, wogyee Asafo ti dan a wɔfrɛ no Inkognitogaten 28 B no, na wɔbaraa yɛn asɛnka adwuma no. Mesan kɔɔ Kopervik kɔhwehwɛɛ adwuma de hwɛɛ me ho.

Saa bere no, na Paapa resom sɛ ɔkwampaefo. Da bi, Nasifo no bɛhwehwɛɛ Paapa fie. Wɔfaa ne nhoma nyinaa a ne Bible ahorow ne Bible nsɛmfua a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso ka ho. Na yɛn nsa ka honhom fam aduan kakraa bi wɔ saa bere yi mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ den wɔ honhom mu no, na yesua nhoma dedaw te sɛ Government mpɛn pii, na yɛkɔɔ so kaa asɛm no.

Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ mmeae pii no, anuanom mu paapaee. Na ebinom susuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ baguam na yɛkɔ afie afie, na ebinom tee nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma no wɔ kokoam, na yɛfa akwan foforo so kɔ afoforo nkyɛn. Ɛno nti anuanom a na wɔagye din a bere a atwam no na wɔayɛ adwuma abom na yɛdɔ wɔn yiye no yɛɛ aka. Mpaapaemu a na ɛwɔ wɔn ntam no maa midii koma mu yaw kɛse sen m’asetram tebea foforo biara sɛ Ɔdansefo.

Wɔhyɛɛ Dwumadi no mu Den

Wɔ ɔko no akyi, ahohuru bere mu wɔ 1945 mu no, Onua Dey bɛsraa Norway na ɔyɛɛ nhyiam wɔ Oslo, wɔ Skien, ne Bergen. Ɔsrɛɛ anuanom sɛ wonsiesie wɔn ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no nyinaa sɛ wɔnsɔre nnyina hɔ. Wɔn nyinaa sɔree! Wosiesiee asɛm no koraa wɔ December 1945 mu bere a Nathan H. Knorr, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, bɛsraa wɔn no akyi.

Ansa na wɔreyɛ saa no, minyaa telegram fii Onua Enok Öman, baa dwumadibea somfo no hɔ wɔ July 17, 1945 mu, a ɛse: ‘Bere bɛn na wubetumi aba Betel?’ Ebinom kae sɛ mentra fie na menhwɛ me papa a saa bere no na wadi bɛboro mfe 70 no. Nanso Paapa hyɛɛ me nkuran sɛ mensan nkɔyɛ Betel adwuma no, na meyɛɛ saa. Wɔ 1946 mu no, Marvin F. Anderson, onua bi a ofi United States, bɛyɛɛ yɛn baa dwumadibea no so hwɛfo, na wɔsan yɛɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe.

Na mekɔ Kopervik kɔhwɛ m’abusuafo wɔ ahohuru bere mu akwamma mu. Me nuanom mmarima baanu ne mmea baanu no ammɛyɛ Adansefo nanso, bere nyinaa na wɔne Paapa ne me wɔ abusuabɔ pa. Me nuanom mmarima no mu biako bɛyɛɛ hyɛn gyinabea so hwɛfo, na na nea ɔka ne ho no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Ɛwom sɛ na minni honam fam nneɛma pii de, nanso na Paapa ka kyerɛ wɔn sɛ: “Ottilie yɛ ɔdefo sen mo.” Na ɛyɛ nokware! Na wontumi mfa nea wɔanya no ntoto me honhom mu ahode no ho! Paapa wui bere a na wadi mfe 78 wɔ 1951 mu. Maame wui wɔ 1928 mu.

M’asetra mu ade a ɛsom bo yɛ bere a mekɔɔ amanaman ntam nhyiam a Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ New York City wɔ 1953 mu no. Saa afe no mu no na adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa aboro 500,000, na wɔn mu bɛboro 165,000 baa nhyiam no! Ansa na wɔreyɛ 1953 nhyiam kɛse no, meyɛɛ adwuma dapɛn biako wɔ Brooklyn Betel, Yehowa ahyehyɛde no adwumayɛbea ti a ɛwɔ asase so no.

Nea Metumi a Meyɛ

Nnansa yi m’ani nhu ade yiye esiane ɛtɛ a asi so nti. Mitumi de ahwehwɛniwa a ano yɛ den ne ahwehwɛ bi a ɛma nkyerɛw yɛ akɛseakɛse kenkan nkyerɛwee akɛse kakra. Na Kristofo mmea bɛsra me kenkan ade kyerɛ me mprenu dapɛn biara na mewɔ ɛho anisɔ kɛse.

M’asɛnka adwuma nso so atew. Ɛtɔ da bi a, wɔ ahohuru bere mu no, anuanom mmea Kristofo bɛfa me wɔ me mmubuafo akongua mu pue kɔ baabi a mitumi yɛ asɛnka adwuma kakra. Mesan de nsɛmma nhoma ne nhomawa mena mfitiase sukuu ahorow a ɛwɔ Kopervik, te sɛ mfitiase sukuu a mekɔe bɛyɛ mfe 100 ni no. Ɛyɛ me anigye sɛ meda so yɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka daa.

Anigyesɛm ne sɛ, adidibea ne Ahenni Asa no wɔ baabi a me dan wɔ wɔ Betel, a efi 1983 no ɛwɔ Ytre Enebakk a atew ne ho afi Oslo ho no ara. Ɛno nti, mitumi de poma nantew kɔ anɔpa som, kodidi, kɔ yɛn nhyiam. Na ɛyɛ me anigye sɛ mitumi kɔ ɔmantam nhyiam ne ɔmansin nhyiam. M’ani gye sɛ mihyia nnamfo a minim wɔn mfe pii, anuanom mmarima ne mmea, ne mmofra pa pii.

Gyidi a Mikura mu Kosi Ase

Ɛyɛ nhyira sɛ nnipa a wɔyɛ nnam, wɔn ho yɛ anika na wɔyɛ honhom mufo atwa me ho ahyia wɔ Betel. Bere a mifii me Betel som adwuma ase no, na abusua no mufo nyinaa yɛ wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso. (Filipifo 3:14) Mprempren, sɛ woyi me fi mu a, obiara a ɔwɔ Betel hwɛ kwan sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ asase so.

Nokwarem no, na yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ ade ntɛm. Nanso, m’ani gye sɛ mihu sɛ nnipakuw kɛse no redɔɔso. Hwɛ nkɔso ara a mahu! Bere a mede me ho hyɛɛ ɔsom adwuma no mu nea edi kan no, na adawurubɔfo bɛyɛ sɛ 5,000 na wɔwɔ wiase nyinaa. Mprempren wɔbɛboro 5,400,000! Nokwarem no, mahu sɛ ‘nea osua koraa no adan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.’ (Yesaia 60:22) Ɛho hia sɛ yɛtwɛn Yehowa, sɛnea odiyifo Habakuk kyerɛwee no: “Sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.”—Habakuk 2:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena