Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/15 kr. 11
  • “Nsateaa Koro Bible” no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nsateaa Koro Bible” no
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma A Ɛte Ase Du Asase Ano Nohɔ
    Nyan!—1980
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nnipa Ɔpepem Pii Akyerɛ New World Translation Ho Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛase a Emu Da Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/15 kr. 11

“Nsateaa Koro Bible” no

ESIANE sɛ owia no hyew maa Joseph Schereschewsky nkwaa bi dwudwoe nti, na akyerɛw afiri nkutoo na otumi de ne nsateaa biako bɔ de kyerɛw ade. Nanso oduu ne botae ho—Bible a ɔbɛkyerɛ ase akɔ China kasa a ɛyɛ kasa horow a ne sua yɛ den ma ɔnanani no mu biako mu.

Schereschewsky a na n’awofo yɛ Yudafo no hwehwɛɛ Kristosom mu, begye toom bere a onyinii no. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ China. Onyaa nhoma asekyerɛ pii mu kyɛfa wɔ hɔ, na ofii ase wɔ 1866 mu tɔnn, toaa so besii afeha a ɛto so 20 yi mu mfe a edi anim no mu. Esiane sɛ na Schereschewsky yɛ Yudani nti, na ɔwɔ Hebri kasa ho nimdeɛ sen ne mfɛfo abenfo no. Enti, wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa asekyerɛ hyɛɛ ne nsa. Bere a n’adwuma a egyee bere tenten no rekɔ n’awiei no, ɔkyerɛɛ Bible mũ no nyinaa ase kɔɔ China kasa nso mu de nsɛmmoa kaa ho.

Sɛ́ Bible asekyerɛfo no, na Joseph Schereschewsky ani gye ho paa sɛ wobenya nkyerɛase ahorow wɔ kasa a nnipa pii ka mu. Nanso na n’adwuma no nna fam. The Book of a Thousand Tongues ka sɛ dwuma a odii wɔ China Bible ho no yɛ soronko, “efisɛ na edi mũ paa, na ɔyɛɛ ho adwuma wɔ akwanside pii mu.”

Bere a Schereschewsky nsa dwudwoe akyi no, ɔtoaa n’adwuma no so. Esiane sɛ na ontumi mfa ne nsa nni dwuma sɛnea ɛsɛ nti, na akyerɛw afiri no bɔ gye mmɔdenbɔ kɛse. Enti ɔfrɛɛ saa nkyerɛase no ne nsateaa koro Bible no. Sɛnea ɛbɛyɛ na Schereschewsky atumi awie, a n’akwanside no mfa ho no, omiaa n’ani toaa so mfe 25. Esiane sɛ wampa abaw nti, ɔboae ma wonyaa Onyankopɔn Asɛm no wɔ China kasa mu—kasa a nnipa a wɔka no dɔɔso sen wɔn a wɔka kasa foforo biara.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]

Mfonini abien no: American Bible Society Archives na wɔmaa hokwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena