So Ɔdomankoma Wu na Ɛfaa Maria?
SƐNEA Vatican atesɛm krataa L’Osservatore Romano kyerɛ no, Katolekfo Maria Sorokɔ ho nkyerɛkyerɛ no ka sɛ: “Wɔfaa Ɔbaabun Kronkron no a awosu bɔne nkekae biara angu ne ho fĩ kɔɔ ɔsoro anuonyam mu wɔ nipadua ne ɔkra mu, bere a n’asase so asetra baa awiei no.” Krataa no ka sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi ama Katolek nyamekyerɛfo binom ka sɛ Maria “anwu, na wɔfaa no fii asase so asetra mu kɔɔ ɔsoro anuonyam mu mpofirim.”a
Nnansa yi ara, Pope John Paul II kaa ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so. Ɔkae wɔ Nhyiam Kɛse a wɔyɛe wɔ Vatican wɔ June 25, 1997, no ase sɛ: “Apam Foforo no nka ɔkwan a Maria faa so wui ho biribiara. Ka a ɛnka ho hwee no ma ɛda adi sɛ ɔdomankoma wu na ɛfaa no, a ɛho nhia sɛ wɔka ho asɛm titiriw biara. . . . Ɛte sɛ nea adwene a ebinom wɔ sɛ wanka ɔdomankoma wu anhwɛ no nni nnyinaso.”
Pope John Paul asɛm no ama Awo Kronkron ho nkyerɛkyerɛ no ho aba asɛm paa. Sɛ “awosu bɔne nkekae biara angu” Yesu maame “ho fĩ” a, na ɛbɛyɛ dɛn na “ɔdomankoma wu” a efi bɔne a Adam de awo yɛn no atumi afa Maria? (Romafo 5:12) Saa nyamekyerɛ mu abirabɔsɛm yi fi adwenkyea a Katolek Asɔre no wɔ wɔ Yesu maame ho no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Katolek Asɔre no mu apaapae na wɔn adwene ayɛ wɔn bebree wɔ asɛm no ho.
Bere a Bible ka Maria ho asɛm sɛ na ɔbrɛ ne ho ase, odi nokware, na osuro Nyankopɔn no, ɛnka sɛ “awo kronkron” bi na ɛma onyaa saa su horow no. (Luka 1:38; Asomafo no Nnwuma 1:13, 14) Bible ka no tiawa sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Yiw, wɔde bɔne ne sintɔ woo Maria te sɛ adesamma nkae nyinaa, na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔdomankoma wu na ɛfaa no.—Fa toto 1 Yohane 1:8-10 ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm a ɛne “Maria Sorokɔ—So Ɛyɛ Nkyerɛkyerɛ a Efi Onyankopɔn?” a ɛwɔ February 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26-9 no.