Efi Hena?
Nnipa pii de wɔn haw ahorow ho asodi to Nyankopɔn so. Bible bɛ bi ka sɛ: “Onipa agyimisɛm dannan ne kwan, na ne koma huru hyɛ Awurade.” (Mmebusɛm 19:3) Nanso, nnipa amanehunu a yɛde bɛhyɛ Nyankopɔn no te sɛ nea yɛde kar akwanhyia a asanom na ɛde ba a adɔɔso no ho asodi to nea ɔyɛɛ kar no so.
Onyankopɔn de akwankyerɛ a ɛsom bo ama adesamma wɔ N’asɛm Bible mu. Sɛ yesua nhoma ahorow a efi soro yi, na yɛde emu mmara ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, yebetumi akwati asetra mu haw pii. Nea ɛne no bɔ abira no, Onyankopɔn akwankyerɛ a wɔmfa nyɛ adwuma no de amanehunu ba. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wodidi boro so, wɔnom sigaret, wɔnom nsa boro so, anaa wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no taa nya nyarewa a emu yɛ den. (Luka 21:34; 1 Korintofo 6:18; 2 Korintofo 7:1) Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.”—Galatifo 6:7, 8.
Hwɛ ye a eye sɛ yɛde Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ yɛn bra! Sɛ yɛyɛ saa a, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔnam odiyifo Yesaia so de too gua yi bɛbam ama yɛn: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.