Ogya Bepɔw Ho a Wɔtra Ka Asɛmpa No
“ƐYƐ osuahu a ɛyɛ hu. Ebetumi ayɛ sɛ wiase awiei a Bible ka ho asɛm no pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yenya gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim bere nyinaa.” Eyi ne asɛm a Víctor, Yehowa Adansefo no mu biako kae bere a na ɔreka tra a ɔtraa Popocatépetl ogya bepɔw, a wɔtaa frɛ no Popo wɔ Mexico no ho pɛɛ no ho asɛm no.
Wɔaka ogya bepɔw a ɛyɛ dede yi ho asɛm wɔ wiase nyinaa fi 1994.a Na aban mpanyimfo aka sɛ biribiara a ɛbɛn tokuro a ogya dɛw wom no kilomita 30 no wɔ asiane kɛse mu. Na ogya bepɔw no anafo titiriw na ɛyɛ hu kɛse efisɛ ɛhɔ na tokuro a ogya dɛw wom no ano hwɛ na abon a emu dɔ pii a abo ne dontori betumi afi mu aba wowɔ hɔ.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii susuw sɛnea Mexico City bɛyɛ ho sɛ ɛba sɛ ogya bepɔw no pae kɛse a. So saa kurow no wɔ asiane mu? Ɛnde na ɛte saa ara wɔ nkurɔfo a wɔtete Morelos mantam a ɛwɔ ogya bepɔw no anafo no mu nso fam. So wɔn a wɔtete saa beae no nyinaa wɔ asiane mu? Na tebea no te dɛn ma wɔn a wɔte ogya bepɔw ho a wonnim nea ebesi da biara no?
Ogya Bepɔw no Ahunahuna
Mexico City kurom wɔ bɛyɛ kilomita 70 wɔ Popocatépetl atifi fam atɔe, ɛwom sɛ mmorɔn no bi bemmɛn no kilomita 40 de. Sɛ yɛbɛka no yiye a, kuropɔn no nyinaa a emufo dodow yɛ ɔpepem 20 no nte beae a ɛhɔ yɛ hu. Nanso, sɛ mframa no bɔ fa hɔ a, nsõ pii a efi ogya bepɔw no mu betumi abegu saa beae yi.
Nsõ a efi ogya bepɔw no mu no taa yɛ nea ɛdɔɔso paa wɔ apuei fam. Ɛhɔnom nkurow no bi ne kuropɔn Puebla ne nkurow nketewa ne akɛse, a nnipa bɛyɛ 200,000 na wɔte beae a asiane kɛse wɔ no. Kwasida wɔ May 11, 1997 mu no, ogya bepɔw no puw nsõ tɔn pii guu mframa mu na ɛhwetee wɔ beae yi nyinaa koduu Veracruz mantam a ɛwɔ bɛboro kilomita 300 wɔ apuei fam no. Nkurow akɛse ne nketewa pii a emufo dodow bɛyɛ sɛ 40,000, a ɛnonom nso betumi ayɛ nea ɛwɔ asiane kɛse mu wɔ Morelos mantam mu wɔ ogya bepɔw no anafo.
Wɔ eyi nyinaa mu no, Yehowa Adansefo wɔ hɔ na wɔyɛ adwuma. Wɔ Mexico City no, wɔn dodow bɛboro 90,000 wɔ asafo ahorow 1,700 mu. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no wɔ Mexico City atifi apuei fam, a efi hɔ kɔ ogya bepɔw no ho bɛyɛ kilomita 100. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama bɛboro 800 na wɔreyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ ka afoforo bɛyɛ 500 a wɔreyɛ adansi adwuma kɛse bi no ho. Wɔn nyinaa nni baabi a asiane no wɔ no.
Yehowa Adansefo asafo bɛyɛ 50 a Ahenni adawurubɔfo bɛboro 2,000 na wɔwom na wɔwɔ Morelos mantam mu. Eyinom mu bi a ɛwɔ Tetela del Volcán ne Hueyapan no bɛn ogya bepɔw no bɛyɛ kilomita 20. Afei nso, wɔ apuei fam wɔ Puebla mantam mu no, adawurubɔfo bɛyɛ 600 te beae a ɛne ogya bepɔw no ntam kwan bɛyɛ kilomita 20 kosi 30. Nokwarem no, eyinom betumi ayɛ wɔn a wɔwɔ asiane kɛse mu.
Yehowa Adansefo Kɔ So Yɛ Nnam
Wɔ ehu a ɛwɔ hɔ bere nyinaa yi akyi no, Yehowa Adansefo nnyaee wɔn asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ beae yi no. Wɔakura wɔn Kristofo asafo nhyiam horow ho nhyehyɛe a ɛma wɔyɛ biako na wonya ahotoso wɔ tebea a ɛyɛ hu yi mu no mu. (Hebrifo 10:24, 25) Asafo horow no mu biako bɔ amanneɛ sɛ: “Nsakrae kɛse aba wɔ sɛnea nkurɔfo tie Ahenni asɛmpa no mu. Sɛ nhwɛso, wɔ akuraa ketewa bi ase no, nnansa yi nnipa 18 apene so ma wɔne wɔn yɛ Bible adesua.”
Asafo foforo a ɛne ogya bepɔw no ntam kwan yɛ kilomita 20 no bɔ amanneɛ sɛ: “Yɛanya nkɔso kɛse paa. Wɔtew saa asafo yi wɔ November 1996 mu. Wɔ asram asia akyi no, nnipa 10 fata maa asɛnka adwuma no. Adawurubɔfo binom ne ogya bepɔw no ntam kwan bɛyɛ kilomita 20 pɛ. Wɔyɛ Kristofo asafo nhyiam wɔ hɔ, na nnipa a wɔkɔ ase dodow bɛyɛ 40.”
Magdalena a ɔte San Agustín Ixtahuixtla, Puebla, a ɛne ogya bepɔw no ntam kwan yɛ kilomita 25 pɛ no akɔ so de nnam ayɛ Bible adesua ahorow. Ɔka nea esii bere a ogya bepɔw no paee kɛse biako akyi ho asɛm.
“Wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ yemfi yɛn afie mu, na yɛfaa nsõ a efi soro gu fam mu. Wɔ tebea a na egye ntɛmpɛ yi nyinaa akyi no, misusuwii Dorado abusua a na me ne wɔn sua Bible no ho. Me ne anuanom mmarima bi kɔɔ Dorado fie kɔboa ma wotu kɔɔ baabi pa. Wɔ Puebla kurow a ɛbɛn mu no, na Yehowa Adansefo boayikuw a wɔde mmoa ma afi wɔn adwuma ase dedaw. Dorado abusua no ani gyee sɛnea yɛn nyinaa yɛɛ wɔn no ho yiye. Yɛn nuanom Kristofo no de yɛn kɔtratraa mmeaemmeae. Biribiara anhia yɛn, ɛwom sɛ na yɛne fie ntam kwan ware. Na abusua yi akɔ nhyiam bi wɔ Ahenni Asa so, nanso ɔdɔ a anuanom a wonhyiaa wɔn da yi kyerɛɛ wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa. Bere a yɛsan baa yɛn afie wɔ adapɛn bi akyi no, abusua yi fii ase baa asafo nhyiam biara daa. Ankyɛ koraa wɔfatae sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo. Mprempren wɔabɔ wɔn mu baanu asu. Wɔde asram bi asom sɛ akwampaefo boafo na wɔreyɛ nhyehyɛe abɛyɛ daa akwampaefo.”
Martha, abeawa bi a wadi mfe 20 a efi baabi a ɔte kɔ ogya bepɔw no ho no yɛ kilomita 21 no amma dɛm bi a wadi ansiw no kwan sɛ ɔde hokwan biara bɛka asɛm no. Ohuu nokware no wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu bere a ɛyɛɛ sɛ ogya bepɔw no betumi apae bio no. Sɛ anka ɔbɛtra mmubuafo akongua mu a na ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔde bɛnantew beae a ɛyɛ mmepɔmmepɔw a ɔte no, ɔtra afurum so kɔ asɛnka. Ɔtra afurum so nso kɔ asafo nhyiam horow. Martha kyerɛ anisɔ kɛse ma Yehowa sɛ ɔyɛ kuw a ɔdɔ wom muni, efisɛ anuanom mmea a wɔwɔ asafo no mu no na wɔboa no ma ɔtra afurum no so na osi fam. Ɔde nnɔnhwerew bɛboro 15 kɔ asɛnka ɔsram biara.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ mmeae a atew ne ho yi taa hyia nhyɛso fi hɔfo hɔ sɛ wɔmmɛka wɔn ho na wonni nyamesom nnapɔnna. Wɔ akuraa Tulcingo, a efi hɔ kɔ ogya bepɔw no ho yɛ kilomita 20 ase no, wɔsomaa ɔbarima bi sɛ onkogyigye afahyɛ no ho ntoboa mfi Adansefo no hɔ. Anuanom no de ntoboase kyerɛkyerɛɛ nea enti a wontumi nni saa nyamesom nnapɔnna no mu. Ɔbarima no kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ obegye sika afi anuanom hɔ ma enti ofii ase ne wɔn bɔe na obehuu wɔn gyidi ahorow no bi. N’ani gyei sɛ onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae fii n’ankasa Katolek Bible mu. Ɔne ne yere ne ne babea akɔ nhyiam daa afe ni na wada no adi sɛ ɔbɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo.
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asiesie Wo Ho?
Ogya bepɔw ho animdefo sua Popocatépetl a ɛyɛ hu no ho ade de ho amanneɛbɔ ma, nanso obiara nnim nea ebesi ankasa anaa bere a ebesi. Sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔ ne nnipa a wɔte bemmɛn hɔ kyerɛ no, ogya bepɔw no betumi apae bere biara. Ebetumi aba saa ankasa. Nokwarem no, ɛho asɛm haw aban no yiye na wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara a wobetumi de boaboa wɔn ho, sɛ ɛba sɛ asiane bi si a. Nanso ntease wom sɛ wɔhwɛ yiye wɔ kɔkɔbɔ a wɔde bɛma ho efisɛ wɔmpɛ sɛ nnipa pii betu afi hɔ sɛ asiane biara rensi a. Ɛnde, na dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ?
Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Enti, nea nyansa wom sɛ obi yɛ ne sɛ ɔbɛyɛ nea ehia a ɛbɛbɔ ne ho ban bere a hokwan da so wɔ hɔ no, na ɛnsɛ sɛ ‘ɔyɛ anibiannaso’ na odi tumi a ɛyɛ hu yi ho agoru te sɛ nea biribiara rensi. Sɛɛ na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no hu asɛm no.
Nnansa yi, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no ananmusifo ne ahwɛfo akwantufo a wɔne asafo horow a ɛwowɔ beae a ɛhɔ yɛ hu no di nkitaho kɛse no yɛɛ nhyiam wɔ Puebla mantam mu. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ma ahwɛfo akwantufo ne boayikuw a wɔde mmoa ma no kɔsraa mmusua a wɔtete mmeae a ɛne ogya bepɔw no ntam kwan yɛ kilomita 25 no. Wɔboaa mmusua yi ma wosusuw tu a ɛsɛ sɛ wotu fi beae a ɛyɛ hu hɔ ansa na asiane bi asi hɔ no ho. Wɔyɛɛ lɔre ne dabere ho nhyehyɛe na ama nnipa 1,500 atu akɔtra Puebla kurow no mu. Mmusua binom ne wɔn abusuafo kɔtrae wɔ nkurow foforo mu.
Kɔkɔbɔ Kɛse a Wɔde Ma
Owusiw, ogya, ne dede a efi Popocatépetl mu no kyerɛ pefee sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛpae. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu no nyinaa tie kɔkɔbɔ horow a atumfoɔ no de ma no na wɔyɛ ho biribi. Yehowa Adansefo a wɔbɛn ogya bepɔw no ma wɔn ani da hɔ bere nyinaa na ama wɔabɔ wɔn ho ban aboa afoforo nso ma wɔahu asiane no ayɛ ho biribi ansa na aka akyi dodo.
Nea ɛsen ɛno no, Bible nkɔmhyɛ ma Yehowa Adansefo yɛ ahwɛyiye wɔ wiase nsɛm a esisi no ho. Akodi, asasewosow, ɔkɔm, ɔyaredɔm, ne nsɛmmɔnedi ho hia te sɛ ogya bepɔw dwumadi ara pɛ. Ɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛbom a Yesu Kristo ka too hɔ sɛ ɛbɛhyɛ “wiase awiei” agyirae. Ɛwom sɛ obiara nnim bere pɔtee a saa awiei no bɛba de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛba na abɛn paa.—Mateo 24:3, 7-14, 32-39.
Nea ehia sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa yɛ no ntɛm nnɛ ne sɛ wɔbɛma Yesu kɔkɔbɔ yi ahia wɔn kɛse: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34) Ɛda adi sɛ eyi ne nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛnea ɛnsɛ sɛ wobu kɔkɔbɔ a ogya bepɔw de ma adewa no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu onipa Ba no, Yesu Kristo, a ɔhyɛe sɛ: “Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba” no ba so.—Mateo 24:44.
[Ase hɔ asɛm]
a Engiresi Nyan! nsɛmma nhoma a ɛbae March 8, 1997, no kaa ogya bepɔw a ɛyɛ hu yi ho asɛm.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Martha (a ɔte afurum so) ne afoforo di adanse wɔ Popocatépetl