Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/15 kr. 9-12
  • Mmusua Akɛse A Wɔayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmusua Akɛse A Wɔayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Adwuma Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua Akɛse Nnɛ
  • Ɛsɛ sɛ Awofo Yɛ Honhom Mufo
  • Yɛyɛ Adwuma sɛ Kuw
  • Nkitahodi Pa, Botae Biako a Wɔn Nyinaa Wɔ
  • Wɔn Ho a Wɔde Bɛto Yehowa So
  • Mpa Abaw Da!
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Awofo—So Mo Mma Renyin Honhom Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Abusua Sohwɛ Ho Asɛyɛde a Wodi Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/15 kr. 9-12

Mmusua Akɛse A Wɔayɛ Biako Wɔ Onyankopɔn Som Adwuma Mu

Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma.”—Dwom 127:3-5.

YIW, mmofra betumi ayɛ nhyira a efi Yehowa hɔ. Na sɛnea bɛmmatofo nya abotɔyam wɔ nim a onim sɛnea ɔtow bɛma a ɛwɔ ne kotoku mu ho no, saa ara na sɛ awofo ma wɔn mma fa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so a, wɔn ani gye.—Mateo 7:14.

Tete no, na mmusua a wɔde mmofra pii ‘ahyɛ wɔn kotoku ma’ abu so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Sɛ nhwɛso no, susuw mfe a wodii wɔ nnommum mu wɔ Misraim no ho hwɛ: “Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.” (Exodus 1:7) Sɛ yɛde Israelfo dodow a wɔkɔɔ Misraim no toto dodow a wofii hɔ no ho a, ɛkyerɛ sɛ na mmusua a mmofra du wom yɛ nea na wommu no sɛ ɛyɛ kɛse ahe biara!

Akyiri yi, Yesu nyinii wɔ abusua a ɛnnɛ nnipa pii bebu no sɛ ɛyɛ kɛse mu. Na Yesu yɛ abakan, nanso Yosef ne Maria woo mmabarima foforo baanan ne mmabea dodow bi. (Mateo 13:54-56) Sɛnea Maria ne Yosef tumi fii Yerusalem a wɔanhu sɛ na Yesu nka wɔn ho no betumi akyerɛ sɛ na wɔwɔ mma pii.—Luka 2:42-46.

Mmusua Akɛse Nnɛ

Ɛnnɛ, esiane honhom fam tebea, sikasɛm, asetra, ne nneɛma foforo nti, Kristofo pii si gyinae tew wɔn mmusua kɛse so. Nanso, mmusua akɛse da so ara wɔ aman pii mu. Sɛnea The State of the World’s Children 1997 kyerɛ no, beae a wɔwo pii sen biara ne Afrika aman a ɛbemmɛn Sahara no. Ɛhɔ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔbea biara wo baasia.

Kristofo awofo a wɔwɔ mmusua akɛse fam no, wɔn mma a wɔbɛtete wɔn ma wɔadɔ Yehowa no nna fam, nanso bebree atumi ayɛ saa. Yiyedi gyina sɛnea abusua no yɛ biako wɔ ɔsom kronn mu so. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Korinto asafo no fa Kristofo mmusua ho nnɛ saa ara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na, anuanom, . . . mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” (1 Korintofo 1:10) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya biakoyɛ a ɛte saa?

Ɛsɛ sɛ Awofo Yɛ Honhom Mufo

Ade titiriw ne sɛ, ɛsɛ sɛ awofo de wɔn ho ma Onyankopɔn koraa. Susuw nea Mose ka kyerɛɛ Israelfo no ho hwɛ: “Israel, tie, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa, NW] koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:4-7.

Hyɛ no nsow sɛ Mose daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ awofo de Onyankopɔn mmara ‘to wɔn koma so.’ Saayɛ so nkutoo na na ɛbɛma awofo atumi de honhom fam nkyerɛkyerɛ ahyɛ wɔn mma mu. Nokwarem no, sɛ awofo yɛ den honhom fam a, wɔn ani gye sɛ wɔde honhom fam nneɛma bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma.

Sɛ obi bɛyɛ honhom muni na ɔde ne koma nyinaa adɔ Yehowa a, ehia sɛ ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm daa susuw ho na ɔde di dwuma. Odwontofo no kyerɛwee sɛ obi a n’ani gye Yehowa mmara ho na ɔkenkan no “awia ne anadwo” no ‘bɛyɛ sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.’—Dwom 1:2, 3.

Sɛnea wogugu dua so nsu daa a ɛsow aba pa no, saa ara na mmusua a wodidi yiye honhom fam no sow aba pa a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ɛho nhwɛso ne Uwadiegwu abusua a wɔte Afrika Atɔe fam no. Ɛwom sɛ Uwadiegwu ne ne yere wɔ mma baawɔtwe de, nanso wɔn baanu nyinaa som sɛ daa akwampaefo, anaasɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo. Ɔka sɛ: “Yɛn abusua no akɔ so ayɛ abusua adesua daa bɛboro mfe 20 ni. Yɛde Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛ yɛn mma fi bere a na wɔyɛ mmofra, ɛnyɛ yɛn abusua adesua mu nko, na mmom asɛnka mu ne mmere afoforo nso. Yɛn mma no nyinaa yɛ Ahenni asɛmpa ho adawurubɔfo, na kumaa koraa a wadi mfe asia no nkutoo na ɔmmɔɔ asu.”

Yɛyɛ Adwuma sɛ Kuw

Bible ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan.” (Mmebusɛm 24:3) Wɔ abusua mu no, nyansa a ɛte saa ma wɔyɛ adwuma sɛ kuw. Abusuakuw no “kannifo” ne agya no; ɔno na Onyankopɔn apaw no sɛ abusua no ti. (1 Korintofo 11:3) Ɔsomafo Paulo a honhom kaa no no sii aniberesɛm a ɛwɔ tiyɛ ho asɛyɛde mu no so dua bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa [honam fam ne honhom fam] ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Timoteo 5:8.

Nea ɛne Onyankopɔn Asɛm mu afotu yi hyia no, ɛsɛ sɛ Kristofo kununom di wɔn yerenom honhom fam ahiade ho dwuma. Sɛ wogyae ofie nnwuma gu ɔyerenom so a, ɛbɛsɛe wɔn honhom fam yiyedi. Wɔ Afrika man bi mu no, Kristoni bi a wabɔ asu foforo ka kyerɛɛ n’asafo mu mpanyimfo sɛ ɛte sɛ nea ne yere mfa honhom fam nneɛma aniberesɛm. Mpanyimfo no ka kyerɛɛ no sɛ ne yere hia mmoa ankasa. Enti okunu no fii ase boaa ne yere no wɔ ofie nnwuma mu. Ogyee bere boaa no maa otuu mpɔn wɔ n’akenkan ne Bible mu nimdeɛ mu nso. Ɔbea no nyaa nkɔso a ɛfata, na mprempren abusua mũ no nyinaa ayɛ biako wɔ Onyankopɔn som adwuma mu.

Ɛsɛ sɛ agyanom ma wɔn mma honhom fam yiyedi nso ho hia wɔn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Sɛ awofo tie afotu a ɛne sɛ wonnyi wɔn mma abufuw no, ne akwankyerɛ a ese wɔntete wɔn no a, mmofra no te nka sɛ wɔka abusuakuw no ho. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛda adi sɛ mmofra no bɛboa na wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma wɔadu wɔn honhom fam botae ahorow ho.

Honhom fam asɛyɛde ahorow a wɔde bɛhyehyɛ mmofra nsa bere a wɔadu sɛ wobetumi ayɛ saa no ka adwuma a wɔbom yɛ sɛ kuw no ho. Agya bi a ɔyɛ Kristoni panyin a ɔwɔ mma 11 sɔre ntɛm anɔpa ne wɔn mu dodow bi sua ade ansa na wakɔ adwuma. Bere a mpanyimfo a wɔwom no bɔɔ asu no, wɔboaa wɔn nuanom mmarima ne mmea nkumaa no, a nea ɛka ho ne Bible a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Agya no hwɛ so, na ɔkamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ no ho. Wɔn mu baasia abɔ asu, na wɔn a aka no rebɛn saa botae no ho.

Nkitahodi Pa, Botae Biako a Wɔn Nyinaa Wɔ

Ade a ɛho hia abusua a biakoyɛ wom ne nkitahodi a ɔdɔ wom ne honhom fam botae ahorow mu kyɛfa a wonya. Gordon a ɔyɛ Kristoni panyin a ɔte Nigeria no wɔ mma baason a wɔadi fi mfe 11 kosi 27. Wɔn mu baasia ne wɔn awofo yɛ akwampaefo. Kumaa koraa no bɔɔ asu nnansa yi ara, na ɔne abusua no mufo a aka no bom yɛ asuafoyɛ adwuma no daa. Mmabarima baanu a wɔanyinyin no som sɛ asafo mu asomfo.

Gordon ankasa ne ne mma no mu biara yɛɛ Bible adesua. Ɛno akyi no, abusua no wɔ Bible adesua nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri. Anɔpa biara wohyia susuw Bible mu asɛm bi ho na afei wɔasiesie wɔn ho ama asafo nhyiam ahorow.

Botae ahorow a wɔde sisi abusua no muni biara anim no mu biako ne sɛ wɔbɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu nsɛm nyinaa. Nnansa yi, wɔde da biara Bible akenkan aka wɔn da biara da nhyehyɛe no ho. Abusua no mufo nam nea wɔkenkan no ho nkɔmmɔ a wɔbɔ so hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma wɔkɔ so yɛ saa.

Wɔahyehyɛ dapɛn dapɛn abusua Bible adesua no yiye ma enhia sɛ wɔkae wɔn mu biara—wɔn mu biara hwɛ kwan. Wɔayɛ nsakrae wɔ nneɛma a wosua, sɛnea wɔyɛ no, ne bere tenten a wɔde yɛ no mu sɛnea mmofra no mfe ne wɔn ahiade te. Abusua no abɛn Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo, na eyi anya mmofra no so nkɛntɛnso pa.

Sɛ́ abusua no, wɔbom yɛ nneɛma, na wɔde bere bi si hɔ gye wɔn ahome. Pɛnkoro dapɛn biara no, wɔwɔ “abusua anwummere” a wɔde bisabisa wɔn ho nsɛm, ka aseresɛm a ɛfata, bɔ adakabɛn, to anansesɛm, na wɔyɛ nneɛma foforo de gye wɔn ahome. Bere ne bere mu no, wɔkɔ mpoano ne mmeae ahorow a ɛhɔ yɛ anika.

Wɔn Ho a Wɔde Bɛto Yehowa So

Nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu biara nni hɔ a ɛma mmusua akɛse ntetee yɛ mmerɛw. Kristoni bi kae sɛ: “Ɛyɛ asɛnnennen kɛse sɛ wobɛyɛ agya pa ama mma baawɔtwe. Egye honam ne honhom fam aduan pii na mede ahwɛ wɔn; ɛsɛ sɛ meyɛ adwumaden na ama manya sika pii de ahwɛ wɔn. Mmofra no mu mpanyin no adu mpanyin afe so, na baawɔtwe no nyinaa kɔ sukuu. Minim sɛ honhom fam ntetee ho hia, nanso me mma no bi yɛ atuatewfo na wɔn aso yɛ den. Wɔhyɛ me awerɛhow, nanso minim sɛ ɛtɔ mmere bi a meyɛ nneɛma a ɛhyɛ Yehowa awerɛhow, na ɔde kyɛ me. Enti ɛsɛ sɛ mede abotare kɔ so teɛteɛ me mma no kosi sɛ wɔn adwene bɛba wɔn ho so.

“Mebɔ mmɔden sɛ medi Yehowa nhwɛso akyi wɔ sɛnea onya yɛn ho abotare na ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa nya adwensakra no mu. Me ne m’abusua no sua ade, na me mma no bi rebɛn asubɔ ho. Memfa me ho nto m’ankasa m’ahoɔden so na asi yiye; ade ketewaa bi na m’ahoɔden betumi ayɛ. Mebɔ mmɔden sɛ mɛbɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa, na mede ɛbɛ a ɛka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,’ no di dwuma. Yehowa bɛboa me ma matete me mma no.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

Mpa Abaw Da!

Ɛtɔ mmere bi a mmofra ntetee betumi ayɛ sɛ adwuma a mfaso biara nni so, nanso mpa abaw da! Kɔ so! Sɛ wo mma nyɛ wo mmɔdenbɔ ho hwee anaasɛ wɔnkyerɛ ho anisɔ mprempren a, ebia wɔbɛyɛ saa akyiri yi. Egye bere na abofra bi anyin abɛyɛ Kristoni a ɔsow honhom no aba.—Galatifo 5:22, 23.

Monica a ɔte Kenya no, yɛ mmofra du mu biako. Ɔka sɛ: “M’awofo de Bible mu nokware no kyerɛkyerɛɛ yɛn fii yɛn mmofraase. Na Paapa ne yɛn sua Kristofo nhoma ahorow dapɛn biara. Esiane n’adwuma nti, na ɛnyɛ da pɔtee bi na yesua ade bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi na sɛ ofi adwuma reba na ohu sɛ yɛredi agoru wɔ abɔnten a, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɔma yɛn simma num yɛn nyinaa mmra fie mmɛyɛ yɛn Bible adesua no. Sɛ yɛyɛ yɛn Bible adesua no wie a, na ɔhyɛ yɛn nkuran ma yebisabisa nsɛm anaasɛ yesusuw ɔhaw ahorow bi ho.

“Na ɔhwɛ hu sɛ yɛne mmofra a wosuro Onyankopɔn na ɛbɔ. Na Paapa ba yɛn sukuu mu daa bebisa su a yeyi no adi fi akyerɛkyerɛfo no hɔ. Wɔ ne nsrahwɛ no biako mu no, ɔtee sɛ na me nuabarimanom mpanyimfo baasa ne mmarimaa foforo ako ntɔkwaw, na ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ basabasa. Paapa twee wɔn aso sɛ wɔyɛɛ basabasa, na ogyee bere nso fii Kyerɛwnsɛm mu kyerɛkyerɛɛ wɔn nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbɔ bra pa no mu.

“Yɛn awofo kyerɛɛ yɛn mfaso horow a ɛwɔ asafo nhyiam kɔ so denam nhyiam no afã a wodii kan ne yɛn suae no so. Wɔnam nsɛm a wɔne yɛn bobɔɔ so wɔ fie so na esiesiee yɛn ma yɛabɛyɛ asɛmpakafo. Yɛne yɛn awofo kɔɔ asɛnka fii yɛn mmofraase.

“Ɛnnɛ, me nuabarimanom mpanyimfo baanu no yɛ akwampaefo atitiriw, me nuabea biako yɛ daa kwampaefo, na ɔfoforo a waware a ɔwɔ abusua no yɛ Ɔdansefo mmɔdenbɔfo. Me nuabeanom nkumaa baanu a wɔadi mfe 18 ne 16 no yɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu. Wɔretete mmarimaa nkumaa baanu no. Masom mfe abiɛsa wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Kenya no. Medɔ m’awofo, na m’ani sɔ wɔn, efisɛ wɔyɛ honhom mufo; wɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn.”

Ɛmfa ho mma dodow a wowɔ no, mpa abaw wɔ boa a wobɛboa wɔn ma wɔafa nkwa kwan so no ho. Bere a Yehowa hyira wo mmɔdenbɔ no so no, wobɛka ɔsomafo Yohane nsɛm a ɔka faa ne honhom fam mma ho yi bi: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena