Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/15 kr. 18-23
  • Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ Boa Ma Yedi Ahantan So
  • Ɔdɔ Ma Yenya Abusuabɔ a Asomdwoe Wom
  • Ɔdɔ Boa Ma Yenya Boasetɔ
  • Ɔdɔ—“Ade a Ɛkyɛn So”
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Di Ɔdɔ Kwan A Eye Kyɛn So No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ Ne Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nya Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/15 kr. 18-23

Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da

“Mommɔ ɔdom akyɛde a eye titiriw no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a eye sen eyi maka ho.”—1 KORINTOFO 12:31.

1-3. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a wubesua sɛ wobɛda no adi no te sɛ kasa foforo bi a woresua? (b) Nneɛma bɛn na ebetumi ama ɔdɔ a wusua sɛ wobɛda no adi no ayɛ den?

SO WOABƆ mmɔden da sɛ wubesua kasa foforo bi? Sɛnea ɛte biara no, ɛnna fam! Nokwarem no, abofra ketewa betumi asua kasa bi denam te a ɔtaa te so kɛkɛ. N’amemene kye nsɛmfua mu nnyigyei ne nea ɛkyerɛ no yiye, ma enti ɛnkyɛ koraa na ɔreka kasa no a ɔmmrɛ ho, ebia ɔka no hare so mpo. Ɛnte saa wɔ mpanyimfo fam. Yɛhwehwɛ kasa foforo no ho nsɛm wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu mpɛn pii, na ama yɛatumi abobɔ nsɛmfua atitiriw bi yiye kɛkɛ wɔ kasa foforo mu. Nanso, bere bi akyi no, bere a yɛn ho akokwaw ne ka mu kakra no, yefi ase susuw nneɛma ho wɔ kasa foforo no mu, na ne ka bɛyɛ mmerɛw koraa.

2 Ɔdɔ a yesua sɛ yɛbɛda no adi no te sɛ kasa foforo a yesua ara pɛ. Ampa, saa Onyankopɔn su yi kakra wɔ nnipa mu. (Genesis 1:27; fa toto 1 Yohane 4:8 ho.) Nanso, sua a yebesua sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi no gye mmɔdenbɔ kɛse—titiriw ɛnnɛ a ɔdɔ nni hɔ yi no. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛtɔ mmere bi a eyi kɔ so wɔ abusua mu ankasa. Yiw, nnipa pii nyin wɔ tebea a enye mu a ɛyɛ den sɛ wɔbɛtaa ate nsɛm a ɔdɔ wom—sɛ wɔka bi mpo a. (Efesofo 4:29-31; 6:4) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ɔdɔ adi—sɛ wɔanna no adi ankyerɛ yɛn mpɛn pii a?

3 Bible betumi aboa. Wɔ 1 Korintofo 13:4-8 no, ɛnyɛ nea ɔdɔ kyerɛ kɛkɛ na Paulo ka ho asɛm, na mmom ɔkaa sɛnea ɔdɔ a ɛkorɔn sen biara yi di dwuma ho asɛm fefeefe. Nkyekyem ahorow yi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea Onyankopɔn su yi te, na asiesie yɛn ma yɛada bi adi. Momma yensusuw ɔdɔ afã bi a Paulo kaa ho asɛm no ho. Yɛbɛkyekyɛ mu yiye wɔ akuw abiɛsa mu: yɛn nneyɛe ankasa; afei, ne titiriw no, yɛne afoforo ntam abusuabɔ; ne awiei koraa no, yɛn boasetɔ.

Ɔdɔ Boa Ma Yedi Ahantan So

4. Dɛn na Bible no ma yehu wɔ ninkuntwe ho?

4 Paulo kaa ɔdɔ ho nsɛm a edi kan wiei no, ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no sɛ: ‘Ɔdɔ ntwe ninkunu.’ (1 Korintofo 13:4) Ninkuntwe betumi ada adi bere a w’ani bere afoforo nkɔso anaa wɔn mmɔdenbɔ no. Ninkuntwe a ɛte saa no sɛe ade—honam, nkate, ne honhom fam.—Mmebusɛm 14:30; Romafo 13:13; Yakobo 3:14-16.

5. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi ninkuntwe so bere a ɛte sɛ nea wɔde teokrase hokwan bi rekame yɛn no?

5 Ne saa nti, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛte sɛ nea wɔde teokrase hokwan bi rekame me a, so ɛhyɛ me abufuw?’ Sɛ mmuae no yɛ yiw a, mpa abaw. Bible kyerɛwfo Yakobo kae yɛn sɛ “ninkunu” wɔ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa mu. (Yakobo 4:5) Ɔdɔ a wowɔ ma wo nua no betumi aboa ma woakari pɛ. Ebetumi ama wo ne wɔn a wɔwɔ anigye ani agye, na sɛ obi nya nhyira anaa nkamfo bi a, woamfa no sɛ wɔabu wo animtiaa.—Fa toto 1 Samuel 18:7-9 ho.

6. Tebea a emu yɛ den bɛn na ɛsɔree wɔ afeha a edi kan mu Korintofo asafo no mu?

6 Paulo de ka ho sɛ ɔdɔ “nyɛ ahohoahoa, ɛnhoran.” (1 Korintofo 13:4) Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde anaa nimdeɛ bi a, ɛho nhia sɛ yɛde hoahoa yɛn ho. Ɛda adi sɛ, na eyi ne ɔhaw a na wɔn a wɔpɛ anuonyamhunu a na wɔawiawia wɔn ho abɛhyɛ tete Korinto asafo no mu no wɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔwɔ nimdeɛ soronko bi a na ɛma wotumi kyerɛkyerɛ nneɛma mu anaasɛ na wɔwɔ akwan a edi mu a na wɔfa so yɛ nneɛma. Ebetumi aba sɛ adwene a wɔtwe baa wɔn ho so no na ɛmaa asafo no mu paapae yɛɛ akuwakuw no. (1 Korintofo 3:3, 4; 2 Korintofo 12:20) Tebea no mu bɛyɛɛ den araa ma na ɛsɛ sɛ Paulo ka Korintofo no anim akyiri yi sɛ ‘na wohu ma nkwasea,’ a Paulo kaa wɔn ho asɛm anibere so sɛ “asomafo atitiriw” no.—2 Korintofo 11:5, 19, 20.

7, 8. Fi Bible mu kyerɛ sɛnea yebetumi de ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ adi dwuma ama biakoyɛ aba.

7 Tebea a ɛte saa ara betumi asɔre nnɛ. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ ebinom de nea wotumi yɛ wɔ ɔsom adwuma no mu anaa hokwan ahorow a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu bɛhoahoa wɔn ho. Sɛ yɛwɔ nimdeɛ anaa mmɔdenbɔ titiriw bi a asafo no mufo a aka no nni bi mpo a, so ɛsɛ sɛ ɛma yɛhoman? Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛde ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no di dwuma ma biakoyɛ ba—ɛnyɛ sɛ yɛde bɛhoahoa yɛn ho.—Mateo 23:12; 1 Petro 5:6.

8 Paulo kyerɛwee sɛ ɛmfa ho sɛ nnipa pii na wɔwɔ asafo no mu no, “Onyankopɔn de nipadua no atõatoa mu.” (1 Korintofo 12:19-26) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “atõatoa” no kyerɛ nneɛma a wɔka bom biako, sɛnea ɛte wɔ kɔla ahorow a wɔde afra ho no. Enti ɛnsɛ sɛ biribi mu mmɔden a asafo no muni bi bɔ no ma ɔma ne ho so, na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi afoforo so. Ahantan ne anuonyampɛ nni gyinabea wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu.—Mmebusɛm 16:19; 1 Korintofo 14:12; 1 Petro 5:2, 3.

9. Kɔkɔbɔ ho nhwɛso bɛn na Bible de ma wɔ ankorankoro a na wɔhwehwɛ nea ɛyɛ wɔn ankasa de no ho?

9 Ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’ (1 Korintofo 13:5) Obi a ɔwɔ dɔ renkyerɛ afoforo nea wɔnyɛ na ama ne nsa aka nea ɔrehwehwɛ. Saa asɛm yi ho kɔkɔbɔ ho nhwɛso ahorow wɔ Bible mu. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Yɛkenkan Delila, Isebel, ne Atalia—mmea a wɔyɛɛ afoforo basabasa anaa wɔde afoforo faa akwammɔne so de dii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya akwan ho dwuma no, ho asɛm. (Atemmufo 16:16; 1 Ahene 21:25; 2 Beresosɛm 22:10-12) Ɔhene Dawid ba Absalom nso wɔ hɔ. Ná ɔfrɛ wɔn a wɔba Yerusalem bedi wɔn nsɛm no ka kyerɛ wɔn anifere so sɛ wɔn haw ahorow no ho nhia ɔhene asɛnnibea no ahe biara. Afei na ɔka no hɔ ara sɛ nea asɛnnibea no hia ankasa ne ɔbarima a ɔwɔ koma pa te sɛ ɔno! (2 Samuel 15:2-4) Nokwarem no, na ɛnyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so no na Absalom ani ku wɔn ho, na mmom n’ankasa ho. Bere a n’ankasa paw ne ho ɔhene no, ɔdanee nnipa pii koma. Nanso bere bi akyi no, Absalom dii nkogu koraa. Bere a owui no, wɔammu no sɛ ɔfata sɛ wosie no sie pa.—2 Samuel 18:6-17.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛrehwɛ afoforo de nso bi?

10 Eyi yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo nnɛ. Sɛ́ yɛyɛ mmarima anaa mmea no, ebetumi aba sɛ yefi awosu mu wɔ adɛfɛdɛfɛ tumi bi. Ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebedi afoforo so, sɛnea yɛbɛka no no, denam yɛn ano a yɛbɛma ayɛ den wɔ nkɔmmɔbɔ bi mu anaa bɔ a yɛbɛbɔ wɔn a wɔne yɛn nyɛ adwene agu so. Nanso, sɛ yɛwɔ ɔdɔ ampa a, yɛbɛhwɛ afoforo de nso bi. (Filipifo 2:2-4) Yɛrenka afoforo nhyɛ na yɛrenhyɛ nsusuwii ahorow a enni nnyinaso ho nkuran esiane yɛn suahu anaa yɛn dibea wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nti, ma ɛnyɛ sɛ nea yɛn nsusuwii nkutoo na eye. Mmom no, yɛbɛkae Bible mu bɛ yi: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”—Mmebusɛm 16:18.

Ɔdɔ Ma Yenya Abusuabɔ a Asomdwoe Wom

11. (a) Akwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a ɛwɔ ayamye na ɛnyɛ nea ɛmfra adi? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani nnye nea ɛnteɛ ho?

11 Paulo kyerɛwee nso sɛ ɔdɔ wɔ ‘ayamye’ ne sɛ “ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata.” (1 Korintofo 13:4, 5) Yiw, ɔdɔ remma yɛnyɛ ade wɔ basabasa, animtiaabu, anaa aniammɔho mu. Mmom no, yebesusuw afoforo nkate ho. Sɛ nhwɛso no, onipa a ɔwɔ dɔ renyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo ahonim. (Fa toto 1 Korintofo 8:13 ho.) Ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye.’ (1 Korintofo 13:6) Sɛ yɛdɔ Yehowa mmara a, yɛremmu ɔbrasɛe adewa na yɛremfa nneɛma a Nyankopɔn kyi nnye yɛn ani. (Dwom 119:97) Ɔdɔ bɛboa ma yɛn ani agye nneɛma a ɛhyɛ den ho sen nea ɛbrɛ afoforo ase.—Romafo 15:2; 1 Korintofo 10:23, 24; 14:26.

12, 13. (a) Sɛ obi fom yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? (b) Ka Bible mu nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ abufuw a ɛfata mpo betumi ama yɛayɛ ade a nyansa nnim.

12 Paulo kyerɛwee sɛ ɔdɔ “bo nhaw no” (“ne bo ntɛw ha yi ara,” Phillips). (1 Korintofo 13:5) Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, sɛ obi fom yɛn a yɛn bo bɛhaw yɛn anaa ebefuw kakra. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya menasepɔw bere tenten anaa yɛn bo bɛkɔ so afuw. (Dwom 4:4; Efesofo 4:26) Sɛ yɛanni so a, abufuw a ɛfata mpo betumi ama yɛayɛ ade a ɛmfata, na Yehowa betumi de ho asodi ato yɛn so.—Genesis 34:1-31; 49:5-7; Numeri 12:3; 20:10-12; Dwom 106:32, 33.

13 Ebinom ama afoforo sintɔ aka Kristofo nhyiam horow a wɔbɛkɔ anaa asɛnka adwuma mu kyɛfa a wobenya. Eyinom mu pii adi gyidi ho apere denneennen mmere bi a atwam, ebia wɔagyina abusuafo sɔretia, mfɛfo adwumayɛfo atwetwesi, ne nea ɛtete saa ano. Wogyinaa akwanside ahorow a ɛte saa ano esiane sɛ wobuu no sɛ mudi mu kura ho sɔhwɛ nti, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Nanso dɛn na ɛba bere a yɔnko Kristoni bi ka anaa ɔyɛ biribi a ɛnkyerɛ ɔdɔ no? So eyi nso nyɛ mudi mu kura ho sɔhwɛ? Nokwarem no, ɛte saa, efisɛ sɛ yɛkɔ so kura abufuw mu a, yebetumi ‘ama ɔbonsam kwan.’—Efesofo 4:27.

14, 15. (a) Dɛn na ‘bɔne a yɛde bɛhyɛ yɛn yam’ no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa wɔ fafiri mu?

14 Ntease wom sɛ, Paulo de ka ho sɛ ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne yam.’ (1 Korintofo 13:5) Ɛha yi, ɔde sika ho akontaabu mu asɛmfua bi di dwuma, a ɛkyerɛ bɔne a wɔkyerɛw gu akontaabu nhoma mu sɛnea ɛbɛyɛ a werɛ remfi. So ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ yɛde asɛm anaa nneyɛe bi a epira ho asɛm bɛhyɛ yɛn mu, te sɛ nea ebehia sɛ yɛtwe adwene si so akyiri yi? Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa nhwehwɛ yɛn mu wɔ atirimɔden kwan saa so! (Dwom 130:3) Yiw, sɛ yenu yɛn ho a, ɔpopa yɛn bɔne.—Asomafo no Nnwuma 3:19.

15 Yebetumi asuasua Yehowa wɔ eyi mu. Sɛ ɛte sɛ nea obi bu yɛn animtiaa a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn dodo. Sɛ yɛma yɛn bo fuw ntɛmntɛm a, yebetumi apira yɛn ho sen sɛnea onipa a wafom yɛn no betumi ayɛ. (Ɔsɛnkafo 7:9, 22) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɔdɔ ‘gye ade nyinaa di.’ (1 Korintofo 13:7) Nokwarem no, yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛyɛ tibɔnkɔso, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yenya yɛn nuanom nsusuwii ho adwene a ɛmfata. Sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, mommma yennnya yɛn ho yɛn ho adwemmɔne.—Kolosefo 3:13.

Ɔdɔ Boa Ma Yenya Boasetɔ

16. Tebea ahorow bɛn mu na ɔdɔ betumi ama yɛanya abodwokyɛre?

16 Afei Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre.” (1 Korintofo 13:4) Ɛboa ma yetumi gyina tebea ahorow a ɛsɔ gyidi hwɛ ano bere tenten mpo. Sɛ nhwɛso no, Kristofo pii de mfe pii atra afie a ɛsono obiara som mu. Afoforo di sigya, ɛnyɛ sɛ wɔapaw saa, na mmom esiane sɛ wonnyaa ɔhokafo a ɔfata “wɔ Awurade mu” nti. (1 Korintofo 7:39; 2 Korintofo 6:14) Afei ebinom nso reko nyarewa ahorow. (Galatifo 4:13, 14; Filipifo 2:25-30) Nokwarem, wɔ nhyehyɛe a ɛnyɛ pɛ yi mu no, obiara nni hɔ a ɔwɔ asetram tebea bi mu a ɛnhwehwɛ sɛ onya boasetɔ bi.—Mateo 10:22; Yakobo 1:12.

17. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛagyina ade nyinaa mu?

17 Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔdɔ ‘tie ade nyinaa, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.’ (1 Korintofo 13:7) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa bɛma yɛagyina tebea biara a yehyia esiane trenee nti no ano. (Mateo 16:24; 1 Korintofo 10:13) Yɛnhwehwɛ sɛ wonkunkum yɛn. Mmom no, yɛn botae ne sɛ yɛbɛtra ase asomdwoe ne kommyɛ mu. (Romafo 12:18; 1 Tesalonikafo 4:11, 12) Nanso, sɛ gyidi ho sɔhwɛ sɔre a, yɛde anigye gyina eyi mu sɛ ɔhaw a Kristofo asuafoyɛ de ba no fã. (Luka 14:28-33) Bere a yegyina mu no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwene a ɛfata, a yɛwɔ anidaso sɛ nea eye sen biara na ebefi tebea ahorow a ɛsɔ gyidi hwɛ no mu aba.

18. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ ho hia wɔ tebea a eye mpo mu?

18 Ɛnyɛ ahohia mu nko na ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ. Ɛtɔ mmere bi a, nea boasetɔ kyerɛ ara ne sɛ yebegyina tebea bi mu akosi ase, yɛbɛkɔ so anantew ɔkwan bi so sɛ́ sɔhwɛ wom anaasɛ ebi nnim no. Nea ɛka boasetɔ ho ne sɛ yebekura honhom fam nhyehyɛe pa mu. Sɛ nhwɛso no, so worenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa a ɛfata sɛnea wo nsɛm tebea ma kwan? So wokenkan Onyankopɔn Asɛm susuw ho, na wo ne wo soro Agya no di nkitaho denam mpaebɔ so? So wokɔ asafo nhyiam ahorow daa, na wo ne wo mfɛfo gyidifo hyehyɛ mo ho mo ho nkuran? Sɛ saa a, ɛnde sɛ́ wowɔ tebea pa anaa tebea bɔne mu mprempren no, woreda boasetɔ adi. Mpa abaw, “na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—Galatifo 6:9.

Ɔdɔ—“Ade a Ɛkyɛn So”

19. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ “ade a ɛkyɛn so”?

19 Paulo sii hia a ɔdɔ a yɛbɛda no adi ho hia so dua denam Nyankopɔn su yi a ɔfrɛɛ no “ade a ɛkyɛn so” no so. (1 Korintofo 12:31, NW) Ɔkwan bɛn so na ‘ɛkyɛn so’? Wiɛ, na Paulo kaa honhom akyɛde ahorow a na ɛda adi kɛse wɔ afeha a edi kan mu Kristofo mu no ho asɛm nkyɛe. Ɛmaa ebinom hyɛɛ nkɔm, afoforo nyaa ayaresa tumi, pii nyaa kasa horow tumi. Akyɛde a ɛyɛ nwonwa ampa! Nanso, Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow. Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra.” (1 Korintofo 13:1, 2) Yiw, nnwuma a anka ɛso bɛba mfaso mpo betumi abɛyɛ “nnwuma funu” sɛ emfi ɔdɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa mu a.—Hebrifo 6:1.

20. Dɛn nti na mmɔden a yɛbɛkɔ so abɔ ho hia na ama yɛanya ɔdɔ?

20 Yesu ma yɛn biribi foforo a enti ɛsɛ sɛ yenya Nyankopɔn su a ɛne ɔdɔ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Nea asɛmfua “sɛ” no kyerɛ ne sɛ wogyaw ma Kristoni biara sɛ n’ankasa bɛda ɔdɔ adi. Sɛnea ɛte no, ɔman foforo bi mu a yɛte kɛkɛ no nko nhyɛ yɛn mma yensua hɔ kasa. Saa ara na nhyiam kɛkɛ a yɛbɛkɔ wɔ Ahenni Asa so anaa mfɛfo Kristofo a yɛne wɔn bɛbɔ kɛkɛ no renkyerɛ yɛn sɛ yɛnna ɔdɔ adi. Saa “kasa” yi a yebesua no gye mmɔden a yɛbɛkɔ so abɔ.

21, 22. (a) Sɛ yennu ɔdɔ fã a Paulo kaa ho asɛm no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ “ɔdɔ to ntwa da”?

21 Ɛtɔ mmere bi a, worennu ɔdɔ fã bi a Paulo kaa ho asɛm no ho. Nanso mpa abaw. Fa boasetɔ bɔ ho mmɔden. Kɔ so kenkan Bible daa, na fa emu nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ wo ne afoforo nsɛnnii mu. Mma wo werɛ mmfi nhwɛso a Yehowa ankasa yɛ ma yɛn no da. Paulo tuu Efesofo no fo sɛ: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”—Efesofo 4:32.

22 Sɛnea awiei koraa no, kasa foforo bi a wusua bɛyɛ mmerɛw kɛse mpo no, saa ara na ɛda adi sɛ bere bi akyi no, wubehu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛda ɔdɔ adi. Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ “ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Nea ɛnte sɛ honhom no akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no, ɔdɔ bɛtra hɔ daa. Enti kɔ so sua sɛ wobɛda Nyankopɔn su yi adi. Te sɛ nea Paulo frɛ no no, ɛyɛ “ade a ɛkyɛn so.”

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ betumi aboa ma yɛadi ahantan so?

◻ Akwan bɛn so na ɔdɔ betumi aboa ma yɛahyɛ asomdwoe ho nkuran wɔ asafo no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ betumi aboa ma yɛanya boasetɔ?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ “ade a ɛkyɛn so”?

[Kratafa 19 mfonini]

Ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛabu yɛn ani agu mfɛfo gyidifo mfomso so

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Boasetɔ kyerɛ yɛn teokrase nhyehyɛe akyi a yebedi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena