Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/15 kr. 26-28
  • Aboɔden Abo a Nkwa Wom Wɔ Namibia!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aboɔden Abo a Nkwa Wom Wɔ Namibia!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Honhom Fam Aboɔden Abo no Tu Mfiase
  • Bere Nyinaa Asomfo Du Hɔ
  • Aboɔden Abo no Ho a Wotwiw
  • Yehia Honhom Fam Nkorontufo
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/15 kr. 26-28

Aboɔden Abo a Nkwa Wom Wɔ Namibia!

NAMIBIA da Afrika kesee fam atɔe mpoano, na ne tenten bɛyɛ kilomita 1,500. Ɔman no mpoano nyinaa yɛ anhweatam, abotan, ne mmosea asasetaw kɛse bi. Aboɔden abo a ne kɔla gu ahorow frafra Namibia mpoano abo mu. Wonya dɛnkyɛmmo mpo wɔ hɔ bere ne bere mu. Nanso, ɔman no wɔ biribi a ɛsom bo koraa sen saa abo yi. Namibia wɔ aboɔden abo a nkwa wom—ɔman no mu mmusuakuw pii mu nnipa no.

Nnipa a wodii kan kɔtraa Namibia no kaa kasa horow a edi nsɛ a wɔfrɛ no Khoisan. Na wonim wɔn kasa no sɛ kasa a ano yɛ den. Wɔn a wɔka Khoisan kasa nnɛ no bi ne Damarafo a wɔyɛ tuntum, nnipa nkorokorowa a wɔyɛ kɔkɔɔ a wɔfrɛ wɔn Namafo, ne Ahamufo a wɔyɛ abɔmmɔfo a wonim wɔn yiye no. Abibifo mmusuakuw pii nso aba Namibia nnansa yi. Eyinom yɛ mmusuakuw atitiriw abiɛsa: Ovambofo (abusuakuw a wɔdɔɔso sen biara wɔ Namibia), Hererofo, ne Kavangofo. Europafo fii ase bɛtraa Namibia wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Bere a wohuu dɛnkyɛmmo wɔ anhweatam no so akyi na atubrafo pii baa hɔ.

Nnipa a wɔte Namibia no som bo efisɛ wɔka adesamma wiase a wɔn nti Onyankopɔn de ne Ba mae, na ebuee daa nkwa hokwan maa wɔn no ho. (Yohane 3:16) Namibiafo ɔhaha pii a wofi mmusuakuw ahorow mu agye nkwagye asɛm no atom dedaw. Wobetumi de eyinom atoto aboɔden abo a nkwa wom ho, efisɛ wɔka “aman nyinaa ade a wɔpɛ” a wɔreboaboa wɔn ano mprempren aba Yehowa asɔrefie no ho.—Hagai 2:7.

Honhom Fam Aboɔden Abo no Tu Mfiase

Ɛyɛ afe 1928 mu na wofii ase tuu honhom fam aboɔden abo wɔ Namibia. Saa afe no mu na Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no de Bible ho nhoma 50,000 menaa nnipa a wɔahwete wɔ ɔman no mu nyinaa no. Afe a edi hɔ no, Kristoni bi a wɔasra no a ofi South Africa a ne din de Lenie Theron kɔhwehwɛɛ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no. Ɔno nkutoo de asram anan kyinii ɔman no mu nyinaa, kyekyɛɛ nhoma a wɔde sua Bible no bɛboro 6,000 wɔ Afrikaans, Engiresi, ne German kasa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ adwuma yi nyinaa anyɛ kwa.

Sɛ nhwɛso no, susuw Bernhard Baade, Germanni nkorontufo bi ho hwɛ. Wɔ afe 1929 mu no, ne nsa kaa nkesua fii okuafo bi hɔ, na na ɔde Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma bi nkrataa na akyekyere kesua no biara ho. Bernhard de anigye kenkan kratafa biara, na osusuw nkurɔfo a wɔkyerɛw nhoma no ho. Awiei koraa no, oduu kratafa a etwa to no so, na ɛma onyaa Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ Germany no address. Bernhard kyerɛwee sɛ wɔmmrɛ no nhoma pii, na ɔbɛyɛɛ Namibiani a odii kan gyee nokware no.

Bere Nyinaa Asomfo Du Hɔ

Wɔ afe 1950 mu no, asɛmpatrɛwfo baanan a wɔatete wɔn wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no baa Namibia. Eduu afe 1953 no na asɛmpatrɛwfo no dodow akɔ anim akodu baawɔtwe. Wɔn a na wɔka ho no bi ne Dick ne Coralie Waldron, Australiafo awarefo bi a wɔda so ara resom nokwaredi mu wɔ ha no. Bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo foforo pii a wofi South Africa ne amannɔne nso aba Namibia abetu honhom fam aboɔden abo no bi. Wɔde asɛmpatrɛwfo foforo, ne wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu nso aba Namibia.

Ade foforo a ama Namibia anya honhom fam nkɔso ne Bible ho nhoma a wɔakyerɛ ase atintim kɔ ɛhɔnom kasa atitiriw te sɛ Herero, Kwangali, Kwanyama, Nama/Damara, ne Ndonga mu no. Efi afe 1990 no, wɔayɛ nsɛm asekyerɛ adwumayɛbea ne atrae kama ama bere nyinaa adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no wɔ ahenkurow Windhoek mu. Karen Deppisch a ɔne ne kunu anya bere nyinaa asɛmpaka adwuma mu kyɛfa wɔ Namibia mmeae ahorow no ka sɛ: “Sɛ yɛde nhoma a ɛwɔ hɔfo kasa mu no ma wɔn a, wɔn mu pii ho dwiriw wɔn, titiriw bere a nhoma kakraa bi pɛ na ɛwɔ saa kasa no mu no.”

Aboɔden Abo no Ho a Wotwiw

Asorɔkye ne anhwea a atwiw afa Namibia aboɔden abo ankasa no so mfe mpempem pii no ama ɛho ahyerɛn. Nanso, nokwarem no, adebɔ mu adeyɛ a ɛte saa no ntumi mma yennya aboɔden abo a nkwa wom. Egye mmɔdenbɔ na ama nnipa a wɔnyɛ pɛ atumi ‘ayi nipasu dedaw akyene’ na wɔahyɛ Kristo nipasu foforo no. (Efesofo 4:20-24) Sɛ nhwɛso no, nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn yɛ atetesɛm a emu yɛ den wɔ Namibia mmusuakuw pii mu. Mpɛn pii na abusuafo ne afipamfo taa wɔn a wɔnsom wɔn nananom a wɔawuwu no. Sɛ ankorankoro sua Bible na wobehu sɛ awufo ‘nnim biribiara’ a, wohyia sɔhwɛ. (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɔkwan bɛn so?

Hereroni Ɔdansefo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛyɛ den yiye sɛ mɛyɛ osetie ama nokware no. Mepenee so ne Yehowa Adansefo yɛɛ Bible adesua, nanso egyee bere ansa na meretumi de nneɛma a na meresua no adi dwuma. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ mehwɛ hu sɛ ebia migyae atetesɛm no akyidi a asɛm biara remma anaa. Sɛ nhwɛso no, na mɛka kar wɔ Namibia atwam wɔ mmeae bi a merennyina mfa ɔbo nto ɔda bi so anaa mintu me kyɛw nkyia awufo. Mede nkakrankakra begye toom sɛ sɛ mansom me nananom a wɔawuwu no a, hwee renyɛ me. Hwɛ sɛnea ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa ahyira me mmɔdenbɔ so ma maboa m’abusua ne anigyefo foforo ma wɔasua nokware no!”

Yehia Honhom Fam Nkorontufo

Ansa na asɛmpatrɛwfo reba Namibia wɔ afe 1950 mu no, na asɛmpa no ho dawurubɔfo biako pɛ na ɔwɔ hɔ. Dodow no akɔ anim akodu 995. Nanso, adwuma pii da so wɔ hɔ. Nokwarem no, amantam bi wɔ hɔ a yennya nkɔɔ mu. So wo nsɛm tebea bɛma woatumi asom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi pii no? Ɛnde, yɛsrɛ sɛ, twa bra Namibia bɛboa yɛn ma yɛnhwehwɛ honhom fam aboɔden abo pii na yentwiw ho.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:9 ho.

[Asase Mfonini/Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AFRIKA

NAMIBIA

[Mfonini ahorow]

Namibia yɛ ɔman a aboɔden abo a ɛyɛ fɛ wom

[Nsɛm Fibea]

Maps: Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.; Diamonds: Courtesy Namdek Diamond Corporation

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

Wɔreka asɛmpa no akyerɛ Namibia mmusuakuw nyinaa

[Kratafa 28 mfonini]

So wubetumi asom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena