Ɔsoro Aborɔme Ne Onyankopɔn Atirimpɔw
SƐ OBI nnim nea ɛkyerɛ a, ɛyɛ no den; nanso sɛ onim nea ɛkyerɛ a, ɛnyɛ no den. Ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ aborɔme.
The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka sɛ, ɛnnɛ a nneɛma mu ada hɔ ama nnipa no, wobu aborɔme sɛ mmofra agodie ara kwa, nanso tete no, na wɔde aborɔme “sɔ adwene hwɛ.”—Fa toto Mmebusɛm 1:5, 6 ho.
Sɛ anka Yehowa bɛda n’apɛde anaa n’atirimpɔw adi pefee no, ɛtɔ mmerɛ bi a, ɔboapa kyinkyim ne nkɔmhyɛsɛm denam mfatoho, “ahintasɛm” a emu nna hɔ, anaasɛ aborɔme a ase yɛ te na so. (Dwom 78:2, King James Version; Numeri 12:8, The Emphasized Bible) Nokwarem no, bere a wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase aborɔme di dwuma mpɛn 17 pɛ wɔ Bible mu no, ɛkame ayɛ sɛ aborɔme ayɛ Kyerɛwnsɛm no mu ma.
Bible mu Aborɔme Dɔɔso
Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ Ɔhene Salomo tumi yii nsɛmmisa a ɛkyere adwene, anaa aborɔme pii a wɔde brɛɛ no no ano. (1 Ahene 10:1, NW ase hɔ asɛm) Akyinnye biara nni ho sɛ nyansa a Onyankopɔn de maa no no na ɛma otumi yɛɛ saa. Sɛ asɛm a tete abakɔsɛm akyerɛwfo ka sɛ Salomo dii nkogu wɔ aborɔme akan a ɔne Tiro hene Hiram sii no mu no yɛ nokware a, ɛda adi sɛ eyi sii bere a ɔbɛyɛɛ ɔwaefo ma Yehowa honhom fii ne so no. Ɔtemmufo Simson nso kyerɛe sɛ na n’ani gye aborɔme ho. Bere bi, ɛdenam honhom kronkron tumi so no, ɔnam aborɔme so nyaa hokwan hunahunaa Onyankopɔn atamfo.—Atemmufo 14:12-19.
Bible mu aborɔme pii fa Yehowa atirimpɔw ahorow ho tẽẽ. Fa Genesis 3:15 sɛ nhwɛso. Saa nkɔmhyɛ yi a wogyina so hu Bible no asɛmti no, yɛ asɛm bi a asete yɛ den, ‘ahintasɛm kronkron.’ (Romafo 16:25, 26) Bio nso, sɛ anisoadehu ne adiyi a ɔde maa ɔsomafo Paulo no da nkyɛn a, na ɔnam “bɛ mu” nso na na ohu Onyankopɔn atirimpɔw afã bi mu, “kyerɛ sɛ na ɔnte ase yiye.” (1 Korintofo 13:12; 2 Korintofo 12:1-4) Na nsɛm pii a wɔka fa aboa no akontaa ntoano—“ahansia aduosia asia”—ho a epue prɛko pɛ wɔ Adiyisɛm 13:18 a wɔankyerɛkyerɛ mu no nso ɛ? Hena na obetumi akyerɛkyerɛ saa ɔsoro aborɔme ahorow yi mu, na ekura atirimpɔw bɛn?
Ahintasɛm Kronkron no So Bue
Wɔ yɛn mu pii fam no, nea ɛsom bo paa wɔ yɛn nkatede anum no mu ne yɛn aniwa a yɛde hu ade. Nanso sɛ hann nni hɔ a, anka yɛn aniwa betuatua hɔ kwa. Anka yɛbɛyɛ sɛ anifuraefo. Saa na ɛte wɔ onipa adwene nso ho. Etumi hu sɛnea nneɛma te, susuw nsɛm ho, na edi nsɛnnennen ho dwuma ma ɛyɛ nwonwa. Nanso ade foforo bi ho hia na ama wɔate ahintasɛm kronkron ase. Bere a ebia ebinom de nkyerɛkyerɛmu bi bɛma wɔ Bible no mu aborɔme bi ho no, ne Kyerɛwfo, Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ hann no nkutoo na obetumi ada nea ɛkyerɛ adi.—1 Yohane 1:5.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no, nnipa taa yɛ ahantan na wontumi ntwɛn sɛ Yehowa de mmuae no bɛba. Ahintasɛm ma wɔn ho dwiriw wɔn ma ɛkanyan wɔn a wɔmpɛ nokware, na mmom wɔpɛ nimdeɛ a wɔde begyigye wɔn ani no ma wofi Onyankopɔn Asɛm akyi kɔhwehwɛ ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, Yudafo ahintasɛm a wɔaka ho asɛm wɔ Cabala no mu no susuw nsɛm a ɛfa Hebri akontaabu ne nkyerɛwde ho. Ɔkwan foforo so no, Honhom mu Animdefo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛtɔ so abien no, de Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no dii dwuma bɔɔ mmɔden sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ nsɛm a asete yɛ den mu.
Nanso nhwehwɛmu a ɛte saa nyinaa no de wɔn too abosonsomfo amammerɛ anaa gyidihunu mu, ma wɔman fii nokware a efi Onyankopɔn hɔ no ho. Honhom mu Animdefo no susuwii sɛ, ‘Sɛ nneɛma bɔne ahyɛ wiase no mu ma a, ɛnde na ne Bɔfo, Yahweh, nyɛ Onyankopɔn papa.’ So eyi ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so de asɛm no ba awiei? Hwɛ sɛnea onipa adwene yɛ hare fa! Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a ɔsomafo Paulo rekasa atia awaefo nsusuwii a akyiri yi Honhom mu Animdefo kuw yi de bae no, ɔbɔɔ kɔkɔ denneennen wɔ ne nkrataa no mu sɛ: “munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so, na mo mu bi anhoran ne obi anni asi”!—1 Korintofo 4:6.
Wɔda “Ahintasɛm” Adi
Nanso, dɛn nti na hann Nyankopɔn ka “ahintasɛm” koraa? Sɛnea aborɔme te no ara da obi nsusuwii ne ne ntease adi. Enti, te sɛ nkate a egu ɛtɔ so no, ɛtɔ mmere bi a, wɔde aborɔme a wɔato apẽ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa di dwuma de kanyan atiefo anigye anaa wɔde ma nsɛm a wɔka mu da hɔ. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, wɔtaa de mu nkyerɛkyerɛmu ma wɔ ɛno akyi pɛɛ.—Hesekiel 17:1-18; Mateo 18:23-35.
Yehowa fi ayamye mu ma nyansa, nanso ɔmfa mma kwa. (Yakobo 1:5-8) Susuw Mmebusɛm nhoma no, honhom mu nsɛm a asete yɛ den a wɔaboaboa ano pii a ebinom bebu no sɛ aborɔme no ho hwɛ. Egye bere ne nsusuwho na obi atumi ate ase. Nanso nnipa dodow ahe na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔre hwehwɛ no nkutoo na wɔn nsa ka emu nyansa no.—Mmebusɛm 2:1-5.
Yesu nso de mfatoho ahorow dii dwuma de daa nea ɛwɔ n’atiefo komam adi. Nnipakuw pii twaa ne ho hyiae. Wɔn ani gyee ne nsɛm ho. Wɔn ani gyee n’anwonwade ahorow no ho. Nanso wɔn mu baahe na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsakra wɔn asetra kwan abedi n’akyi? Hwɛ sɛnea na ɛne Yesu asuafo no de no bɔ abira koraa sɛ bere nyinaa na wɔpɛ sɛ wɔte Yesu nkyerɛkyerɛ ase, na wofii wɔn pɛ mu paa wɔn ho akyi bɛyɛɛ n’asuafo!—Mateo 13:10-23, 34, 35; 16:24; Yohane 16:25, 29.
Hann no a Wɔhwɛ
Nhoma bi ka sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ aborɔme ho anigye ne nhomasua ho anigye hyia.” Ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛte bere a honhom mu ‘hann ankasa ahyerɛn’ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so nnɛ mu. (Dwom 97:11; Daniel 12:4, 9) So yebetumi de boasetɔ atwɛn Yehowa ma wada n’atirimpɔw adi wɔ ne bere a wahyɛ mu? Nea ɛho hia sen biara no, so yɛyɛ ade ntɛm sesa yɛn asetra kwan ma ɛne Onyankopɔn apɛde a wada no adi hyia? (Dwom 1:1-3; Yakobo 1:22-25) Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ so, na sɛnea ahwehwɛniwa tumi ma obi hu ade yiye no, honhom kronkron no bɛma yɛate ɔsoro atirimpɔw ase na yɛatwa ho mfonini wɔ yɛn adwenem ama yɛahu honhom mu nneɛma yiye.—1 Korintofo 2:7, 9, 10.
Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm mu aborɔme ma Yehowa din so sɛ nea “Oyi ahintasɛm adi.” (Daniel 2:28, 29) Bio nso, ɔyɛ akoma mu Hwehwɛfo. (1 Beresosɛm 28:9) Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Onyankopɔn yi ne nokware no adi nkakrankakra bere nyinaa. (Mmebusɛm 4:18; Romafo 16:25, 26) Sɛ anka yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ ho nimdeɛ afi ahonhonsɛmdi mu anaa onipa nyansa mu no, momma yemfi ahotoso mu nhwɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔma hann hyerɛn wɔ ‘n’ahintasɛm’ so na ɔda n’atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa adi kyerɛ ne nkoa anokwafo wɔ ne bere a wahyɛ mu no.—Amos 3:7; Mateo 24:25-27.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
Biblia Hebraica Stuttgartensia, Deutsche Bibelgesellschaft Stuttgart