Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 8/15 kr. 8-11
  • Yɛrekɔ Pacific Nsupɔw no So Akɔyɛ Adwuma!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛrekɔ Pacific Nsupɔw no So Akɔyɛ Adwuma!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Adwumayɛfo a Wofi Aman Pii so Di Ahiade Bi Ho Dwuma
  • Adansi Nhyehyɛe no Di Adanse Kɛse
  • Afɔrebɔ a Wonnu Wɔn Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 8/15 kr. 8-11

Yɛrekɔ Pacific Nsupɔw no So Akɔyɛ Adwuma!

NÁ ANIGYESƐM soronko bi ahyɛ baabi a akwantufo tra wɔ Brisbane ne Sydney, Australia, wimhyɛn gyinabea hɔ ma. Ná nnipa a wɔn dodow yɛ 46 bi rekɔfa wimhyɛn akɔ Samoa a owia bɔ wɔ hɔ no akohyia nnipa foforo 39 a wofi New Zealand, Hawaii, ne United States. Ná wɔn nneɛma a wɔde retu kwan no yɛ soronko koraa—na ɛyɛ nnwinnade titiriw te sɛ asae, ɔwan, ne mfiri a wɔde tutu ntokuru—ɛnyɛ nneɛma a obi fa de tu kwan kɔ Pacific supɔw a ɛyɛ fɛ no so. Nanso, nea enti a na wɔrekɔ hɔ no yɛ biribi a ɛkyɛn so.

Wɔn ankasa na wotuaa wɔn akwantu no ho ka, na na wɔrekɔyɛ adansi adwuma a Ɔmantam Adansi Dwumadibea a Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia na ɛhwɛ so no adapɛn abien a wonnye akatua. Wɔde afoforo ntoboa a wofi wɔn pɛ mu de ma na etua adwuma a wɔyɛ de sisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, asɛmpatrɛwfo afie, ne baa dwumadibea anaa adan a wɔbɛkyerɛ nsɛm ase wom ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ Pacific nsupɔw so a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no ho ka. Ma yɛne adwumayɛfo a wɔka akuw a wosisi Ahenni Asa wɔ wɔn aman mu ho no bi nkasa.

Max a okuru dan so no fi Cowra wɔ New South Wales, Australia. Waware na ɔwɔ mma baanum. Arnold fi Hawaii. Ɔno nso, ɔne ne yere wɔ mmabarima baanu, na ɔsan yɛ ɔkwampaefo, anaasɛ bere nyinaa somfo. Max, ne Arnold nyinaa som sɛ mpanyimfo wɔ wɔn asafo mu. Ɛda adi sɛ saa mmarima yi—a wɔn nsɛm tebea te sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no mu dodow no ara de—nyɛ wɔn a esiane sɛ wonni hwee yɛ nti na wɔatu wɔn ho ama. Mmom no, wɔne wɔn mmusua hu sɛ mmoa ho hia, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi de boa.

Adwumayɛfo a Wofi Aman Pii so Di Ahiade Bi Ho Dwuma

Beae a na wɔn nimdeɛ ne wɔn nnwuma ho hia no ne Tuvalu, Pacific man a emu nnipa bɛyɛ 10,500 a ɛwɔ nsupɔw akron a atew ne ho a ɛbɛn asase nkyempɛ wɔ Samoa atifi fam atɔe no. Saa nsupɔw yi mu biara fa anan no nyinaa kɛse bɛyɛ kilomita 2.5. Wɔ afe 1994 mu no, na Adansefo 61 a wɔwɔ hɔ no hia Ahenni Asa foforo ne ɔdan kɛse a wɔbɛkyerɛ nsɛm ase wom denneennen.

Wɔ Pacific beae a osu tɔ na awia bɔ kɛse yi no, ɛsɛ sɛ wosisi adan ma etumi gyina osutɔ ne ahum akɛse ano. Nanso adansi ho nneɛma a ɛyɛ papa kakraa bi na ɛwɔ saa nsupɔw yi so. Dɛn na wɔyɛe? Wɔde biribiara—efi nkankyee ne nnua a wɔde kuru dan so kosi apon, nkongua, nkataanim, tiafi ne aguaree ho nneɛma, nkyerewa, ne nnadewa mpo—guu nnaka mu fii Australia kɔɔ hɔ.

Kuw ketewaa bi dii kan siesiee beae hɔ too nhyɛase ansa na nneɛma no redu hɔ. Afei amanaman ntam adwumayɛfo besii dan no, kaa ho, na wosiesiee mu.

Adwuma a wɔyɛɛ no Tuvalu yi nyinaa hyɛɛ supɔw no so sɔfo bi abufuw ma ɔkae wɔ radio so sɛ Adansefo no reto “Babel Abantenten”! Nanso, na nokwasɛm no ne dɛn? Adwumayɛfo no mu biako a wɔfrɛ no Graeme kae sɛ: “Bere a nnipa a wɔreto Babel Abantenten a Bible ka ho asɛm no hui sɛ Onyankopɔn ayɛ wɔn kasa basabasa ma enti obiara nte ne yɔnko kasa bio no, na ɛsɛ sɛ wogyae aban no to ma ɛka.” (Genesis 11:1-9) “Ɛsono koraa sɛ woreyɛ adwuma ama Yehowa Nyankopɔn. Ɛmfa ho sɛ ɛsono kasa ne mmusua no, bere nyinaa yewie adwuma no.” Saa ara na eyi nso te—wɔde adapɛn abien pɛ na ewiei. Nokwarem no, nnipa 163, a ɔman no soafo panyin yere nso ka ho na wɔbaa ɛso hyira no ase.

Bere a Doug a ɔhwɛɛ adwuma no so susuw osuahu yi ho no, ɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ anigye sɛ yɛne adwumayɛfo a wofi aman foforo so bom yɛ adwuma. Yɛwɔ akwan horow a yɛfa so yɛ nneɛma, bobɔ nneɛma din, ne akwan horow a yɛfa so susuw ade mpo, nanso nneɛma yi mu biara amma yɛanhyia ɔhaw biara.” Esiane sɛ wayɛ nnwuma a ɛte saa nnɛ nti, ɔde ka ho sɛ: “Eyi ma minya ahotoso wɔ m’adwenem sɛ esiane Yehowa mmoa nti ne nkurɔfo betumi asi ɔdan wɔ asase so baabiara ɛmfa ho sɛ atew ne ho anaasɛ beae hɔ yɛ den. Nokwarem no, yɛwɔ nnipa a wɔwɔ ɔdom akyɛde pii, nanso Yehowa honhom na ɛma ɛyɛ yiye.”

Onyankopɔn honhom nso kanyan nsupɔw no so Adansefo mmusua ma wɔde aduan ne dabere mae, na wɔ ebinom fam no, wɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre ankasa. Wɔn a woyii ahɔhoyɛ su yi adi kyerɛɛ wɔn no nso kyerɛɛ ho anisɔ kɛse. Na Ken a ofi Melbourne, Australia ayɛ saa adwuma yi bi wɔ French Polynesia. Ɔka sɛ: “Yɛbaa ha sɛ nkoa, nanso wɔyɛɛ yɛn sɛ ahene.” Baabi a ɛbɛyɛ yiye no, Adansefo a wɔwɔ hɔ nso boa adansi adwuma no. Wɔ Solomon Islands no, na mmea de wɔn ahoɔden fra kɔnkrit. Mmarima ne mmea ɔha foroo mmepɔw atenten a osu atɔ afɔw so kɔsoaa nnua bɛboro tɔn 40 de bae. Mmofra nso boaa adwuma no. Odwumayɛni bi a ofi New Zealand ka sɛ: “Mekae sɛ onua aberante bi a ɔwɔ supɔw no so soaa semɛnte bag abien anaa abiɛsa prɛko. Ná ɔsesa mmosea da mũ nyinaa bere a owia rebɔ na osu retɔ.”

Adansefo a wɔwɔ beae hɔ a wɔma wɔde wɔn ho hyɛ adwuma no mu no de mfaso foforo ba. Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Samoa no bɔ amanneɛ sɛ: “Anuanom a wɔwɔ supɔw no so asua nsaanodwuma a wobetumi de asi Ahenni Asa horow na wɔasan de asiesie nneɛma bere a ahum asɛe hɔ no. Ebia ɛbɛboa wɔn nso ma wɔahwɛ wɔn ho wɔ beae a ɛyɛ den ma pii sɛ wɔbɛyɛ saa no.”

Adansi Nhyehyɛe no Di Adanse Kɛse

Ná Colin wɔ Honiara na ohui sɛ wɔresi Solomon Islands Nhyiam Asa no. Ɛkaa ne koma ma ɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no wɔ Pigyin Borɔfo kasa mu sɛ: “Wɔn nyinaa yɛ biako na obiara koko nhaw no, wɔyɛ abusua biako nso.” Ɛno akyi bere tiaa bi a otwaa kilomita 40 san kɔɔ n’akuraa ase wɔ Aruligo no, ɔne n’abusua sii wɔn ankasa Ahenni Asa. Afei wɔkyerɛw baa dwumadibea no bio sɛ: “Yɛawie yɛn Ahenni Asa a asɛnka agua mpo ka ho, no, na so yebetumi ayɛ nhyiam bi wɔ ha?” Wɔyɛɛ ɛho nhyehyɛe ntɛm ara, na nnipa a wɔboro 60 kɔ nhyiam no daa.

Europa Aman Nkabom Kuw fotufo bi huu adwuma a wɔyɛɛ no Tuvalu no. Ɔka kyerɛɛ odwumayɛni bi sɛ: “Misusuw sɛ obiara ka asɛnkoro yi ara kyerɛ mo, nanso me fam de, ɛyɛ anwonwade ankasa!” Ɔbea bi a ɔyɛ telefon adwuma bisaa odwumayɛni foforo sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na mo nyinaa ani agye saa? Ɛha yɛ hyew paa!” Wonhuu Kristosom a wɔde ahofama yɛ adwuma yiye saa da.

Afɔrebɔ a Wonnu Wɔn Ho

Bible ka wɔ 2 Korintofo 9:6 sɛ: ‘Nea ogu bafuu no betwa bafuu.’ Adwumayɛfo no, wɔn mmusua, ne wɔn asafo ahorow fi ayamye mu kɔ so gu aba pii de boa wɔn mfɛfo Adansefo wɔ Pacific supɔw no so. Ross a ɔyɛ asafo mu ɔpanyin a ofi Kincumber, a ɛbɛn Sydney no ka sɛ: “Asafo a mewɔ mu no tuaa wimhyɛn akwantu ho ka bɛboro nkyem abiɛsa maa me, na m’akonta a ɔno nso kɔɔ bi no yii $500 kaa ho.” Odwumayɛni foforo nso tɔn ne kar de tuaa n’akwantu no ho ka. Ɔfoforo nso tɔn n’asase. Ná Kevin hia $900 aka ne sika ho, enti ɔkɔtɔn ne mmorɔnoma 16 a wɔadi mfe abien. Ɔnam ɔmannifo bi so kohuu oguadifo bi ma ɔtɔɔ wɔn $900 pɛpɛɛpɛ!

Wobisaa Danny ne Cheryl sɛ: “So wimhyɛn ho ka ne wɔn akatua a ɛbɔɔ wɔn a wɔka bom a ɛbɛyɛ $6,000 no so baa mfaso?” Wɔmaa mmuae sɛ: “Yiw! Sɛ yetua saa sika no mmɔho mpo a, anka ɛbɛyɛ nea ɛfata paa.” Alan a ofi Nelson, New Zealand, de too so sɛ: “Anka metumi de sika a mede kɔɔ Tuvalu no, akɔ Europa ma ebi aka. Nanso, so anka menya nhyira anaa nnamfo pii a wɔn tebea gu ahorow, anaasɛ mɛyɛ biribi ama obi foforo sen sɛ́ anka mɛyɛ ama me ho? Dabida! Sɛ ɛte saa mpo a, biribiara a mede maa yɛn nuanom a wɔwɔ supɔw no so no, wɔmaa me nea ɛsen ɛno de hyɛɛ ananmu.”

Ade titiriw foforo a ɛma nhyehyɛe no yɛ yiye nso ne mmoa a abusua de ma. Bere a ɔyerenom bi tumi ka wɔn kununom ho kɔ na wɔboa adwuma no mpo no, afoforo nso wɔ mmofra a wɔkɔ sukuu anaasɛ abusua adwuma a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so. Clay kae sɛ: “Ɔpɛ a na me yere wɔ sɛ ɔbɛhwɛ mmofra no ne ofie hɔ bere a mekɔe no yɛ afɔrebɔ kɛse a ɛsen me de no.” Nokwarem no, okununom a wɔantumi amfa wɔn yerenom ankɔ no befi komam aka sɛ “yɛne no yɛ adwene”!

Efi bere a wowiee adwuma no wɔ Tuvalu no, adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama asi Ahenni Asa, Nhyiam Asa ahorow, asɛmpatrɛwfo afie, ne adan a wɔkyerɛ nsɛm ase wom wɔ Fiji, Tonga, Papua New Guinea, New Caledonia, ne mmeae foforo. Wogu so reyɛ nnwuma pii ho nhyehyɛe, a ebinom a wɔbɛyɛ wɔ Asia Kesee fam apuei nso ka ho. So wobenya adwumayɛfo a wɔdɔɔso sɛnea ɛsɛ?

Ɛda adi sɛ eyi renyɛ den. Hawaii baa dwumadibea kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔwɔ ha a wayɛ amanaman ntam adansi adwuma no bi aka sɛ wɔmfrɛ no bere biara a wɔbɛyɛ foforo ho nhyehyɛe no. Wonya du fie ara pɛ a, wofi ase sie sika a wɔde bɛkɔ.” Sɛ wode Yehowa nhyira ka ayamye mu a wofi de wɔn ho bɔ afɔre saa ho a, ɛbɛyɛ dɛn na adwuma no renyɛ yiye?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Nneɛma a yɛde rekosi dan no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Adwumayɛfo wɔ beae a wɔresi dan no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Bere a yewiee adwuma no, yedii ahurusi wɔ nea Onyankopɔn honhom ayɛ no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena