Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 12/15 kr. 5-7
  • Yesu Awo Ho Kyerɛwtohɔ Mu Asuade Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Awo Ho Kyerɛwtohɔ Mu Asuade Ahorow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo a Onyankopɔn Paw Wɔn
  • Nguanhwɛfo a Wɔba Fam Nya Nhyira a Ɛkyɛn So
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 12/15 kr. 5-7

Yesu Awo Ho Kyerɛwtohɔ Mu Asuade Ahorow

NSƐM a esisii a ɛfa Yesu awo ho no ma nnipa ɔpepem pii ho dwiriw wɔn. Wohu eyi wɔ Yesu Awo Ho Nneɛma pii a wɔde kyerɛ ne Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ Buronya bere mu no mu. Ɛwom sɛ nsɛm a esisii a ɛfa Yesu awo ho no yɛ nwonwa de, nanso wɔanyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu sɛ wɔde begyigye nkurɔfo ani. Mmom no, ɛyɛ Kyerɛw nyinaa a efi Onyankopɔn home mu a eye ma ɔkyerɛkyerɛ ne nteɛso no fã.—2 Timoteo 3:16.

Sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ Kristofo hyɛ Yesu awo ho fã a, anka Bible bɛkyerɛ da pɔtee a wɔmfa nyɛ saa. So ɛkyerɛ? Bere a afeha a ɛto so 19 mu Bible ho ɔbenfo Albert Barnes kae sɛ bere a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo wɔ sare so anadwo rewɛn wɔn nguan no, ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Yetumi hu fi eyi mu sɛ wɔwoo yɛn Agyenkwa no ansa na December 25 reba . . . Wim yɛ nwini saa bere no, ne titiriw wɔ mmeae a nkoko ne mmepɔw wɔ wɔ Betlehem no. Onyankopɔn amma yɛanhu bere a wɔde woo [Yesu] no. . . . Na saa ara na ɛho nhia sɛ yebehu bere no; sɛ na ɛho hia a, anka Onyankopɔn bɛkora ɛho kyerɛwtohɔ so.”

Nea ɛne no bɔ abira no, Nsɛmpa akyerɛwfo baanan no ka da a Yesu wui ho asɛm kyerɛ yɛn pefee. Esii wɔ Twam da, a na wodi no Yudafo ɔsram Nisan da a ɛto so 14, a ɛyɛ fefɛw bere mu no. Bio nso, Yesu hyɛɛ n’akyidifo no pɔtee sɛ wonni saa da no mfa nkae no. (Luka 22:19) Ahyɛde biara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ yenni Yesu awoda, na saa ara na ɛnhyɛ sɛ yenni onipa foforo bi awoda. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebia akyinnyegye a asɔre wɔ da a wɔde woo Yesu ho no bɛkata nsɛm atitiriw a esii saa bere no so.

Awofo a Onyankopɔn Paw Wɔn

Israel mmusua mpempem pii no mu no, awofo bɛn na Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔntete ne Ba no? So Osusuwii sɛ nneɛma te sɛ edin ne ahonyade ho hia? Dabi. Mmom no, Yehowa gyinaa awofo no honhom fam su horow so. Hwehwɛ ayeyi dwom a Maria toe bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ wanya hokwan sɛ ɔbɛyɛ Mesia no nã, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 1:46-55, no mu hwɛ. Nea ɔkae no bi ne sɛ: “Me kra, kamfo [Yehowa, NW] . . . efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetra.” Ofi ahobrɛase mu buu ne ho sɛ obi a ‘ɔba fam,’ Yehowa afenaa. Nea ehia sen saa no, ayeyi nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛwɔ Maria dwom no mu no da no adi sɛ na ɔyɛ honhom muni a ɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ ankasa. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Adam aseni a bɔne wɔ ne ho de, nanso ɔno ne obi a wɔpaw no sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba no asase so nã.

Maria kunu a ɔbɛyɛɛ Yesu agya a ɔtetee no no nso ɛ? Yosef yɛ obi a na ɔwɔ duadwumfo adwuma ho nimdeɛ ankasa. Esiane sɛ na ɔpɛ adwuma nti, otumi hwɛɛ abusua a awiei koraa na emu nnipa yɛ mmabarima baanum ne anyɛ yiye koraa no, mmabea baanu no. (Mateo 13:55, 56) Ná Yosef nyɛ ɔdefo. Bere a bere soe sɛ Maria de ne babanin a odi kan bɛkɔ Onyankopɔn asɔrefie no, ɛbɛyɛ sɛ Yosef werɛ howee sɛ wantumi annya oguan a wɔde bɛbɔ afɔre no. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔde hokwan a ɛwɔ hɔ ma ahiafo no di dwuma. Ɛdefa ɛna a ɔwo ɔbabanin foforo ho no, Onyankopɔn mmara kae sɛ: “Sɛ ne nsa ansõ ade a edu oguan ba no ano a, ma ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien mmra mmɛma, biako nyɛ ɔhyew afɔre, na biako nso nyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no, na ne ho ntew.”—Leviticus 12:8; Luka 2:22-24.

Bible ka sɛ na Yosef “yɛ onipa trenee.” (Mateo 1:19) Sɛ nhwɛso no, ɔne ne yere a na ɔyɛ ɔbaabun no anna kosi Yesu awo akyi. Eyi maa wɔkwatii ntawntawdi biara a na ɛbɛsɔre afa onii ko a ɔyɛ Yesu Agya ankasa ho no. Sɛ́ nnipa a wɔaware foforo bɛtwe wɔn ho afi nna ho bere a wɔte dan koro mu no renyɛ mmerɛw, nanso ɛkyerɛe sɛ na wɔn baanu nyinaa ani sɔ hokwan a wɔde ama wɔn sɛ wɔntete Onyankopɔn Ba no.—Mateo 1:24, 25.

Te sɛ Maria no, na Yosef yɛ honhom muni. Ná ogyaw n’adwuma hɔ afe biara de n’abusua tu nnansa kwan fi Nasaret kɔ Yerusalem kodi Twam afahyɛ a wodi afe biara no. (Luka 2:41) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ Yosef tetee abofra Yesu ma onyaa ɔsom a ɛkɔ so wɔ kurom hɔ hyiadan mu no mu kyɛfa dapɛn biara sɛnea na ɛte no, baabi a na wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu no. (Luka 2:51; 4:16) Enti, akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn paw asase so ɛnã ne agya a wɔfata a wobetumi atete ne Ba no.

Nguanhwɛfo a Wɔba Fam Nya Nhyira a Ɛkyɛn So

Ɛmfa ho sɛ na ɛbɛyɛ den ama ne yere a wanyinsɛn asram akron no, Yosef tuu kwan kɔɔ ne nananom kurom kɔkyerɛw wɔn din sɛnea Kaesare hyɛe no. Bere a awarefo no duu Betlehem no, na wonnya baabi a wɔbɛda wɔ kurow a nnipa ahyɛ mu ma no mu. Enti tebea no hyɛɛ wɔn ma wɔkɔdaa mmoa dan mu, baabi a wɔwoo Yesu na wɔde no too mmoa adididaka mu no. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ahyɛ wɔn gyidi den no, ɔmaa awofo ahobrɛasefo yi nyaa adanse bi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene saa awo yi so ankasa. So ɔsomaa mpanyimfo atitiriw bi fii Betlehem kɔhyɛɛ awarefo yi den? Dabi. Mmom no, Yehowa Nyankopɔn daa asɛm no adi kyerɛɛ nguanhwɛfo adwumadenfo bi a na wɔwɔ sare so anadwo rehwɛ wɔn nguan no.

Onyankopɔn bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Betlehem, baabi a wobehu Mesia a wɔawo no foforo no sɛ “ɔda mmoa adididaka mu.” So mmarima ahobrɛasefo yi ho dwiriw wɔn anaasɛ ɛhaw wɔn sɛ wɔtee sɛ Mesia a wɔawo no foforo no da mmoa dan mu? Dabida! Wogyaw wɔn nguan hɔ ntɛm ara kɔɔ Betlehem. Bere a wohuu Yesu no, wɔkaa nea Onyankopɔn bɔfo no aka akyerɛ wɔn no kyerɛɛ Yosef ne Maria. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi hyɛɛ awarefo no gyidi den sɛ nneɛma nyinaa rebam sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim no. “Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.” (Luka 2:8-20) Yiw, Yehowa paw mmarima a wɔfata bere a ɔdaa nsɛm adi kyerɛɛ nguanhwɛfo a wosuro Nyankopɔn no.

Yenya nnipa ko a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Yehowa anim dom ho asuade fi nea yɛasusuw ho wɔ atifi hɔ no mu. Enhia sɛ yɛbɛhwehwɛ din anaa ahonyade. Mmom no, te sɛ Yosef, Maria, ne nguanhwɛfo no, ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn na yɛda yɛn dɔ adi ma no denam honhom fam nneɛma a yɛde bedi honam fam de kan no so. Nokwarem no, nneɛma pa pii wɔ hɔ a yebetumi asua denam nsɛm a esisii wɔ Yesu awo ho no ho kyerɛwtohɔ a yebesusuw ho no so.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn na nturukuku abien a Maria de bɔɔ afɔre no kyerɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn pawee sɛ ɔbɛda Yesu awo no adi akyerɛ nguanhwɛfo ahobrɛasefo kakraa bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena