Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 5/1 kr. 2-4
  • Dɛn na Wobɛpɛ sɛ Wubisa Onyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wobɛpɛ sɛ Wubisa Onyankopɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn, hena ankasa ne wo?
  • Dɛn nti na amanehunu pii wɔ hɔ saa?
  • Dɛn nti na mewɔ ha? Dɛn ne asetra atirimpɔw?
  • Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Onyankopɔn Din De Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 5/1 kr. 2-4

Dɛn na Wobɛpɛ sɛ Wubisa Onyankopɔn?

Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa wɔ asetra ho nsɛmmisa a anibere wom. So wowɔ bi? Nnipa pii de wɔn nsɛmmisa no ato wɔn asɔre mu akyerɛkyerɛfo anim nanso wonnyaa ho mmuae a abotɔyam wom. Afoforo ankasa asusuw saa nsɛmmisa yi ho. Ebinom abɔ mpae ahwehwɛ akwankyerɛ. So wubetumi anya nneɛma a ɛkyere w’adwene ho mmuae ankasa afi Onyankopɔn hɔ? Nsɛm a nnipa pii aka sɛ wɔbɛpɛ sɛ wobisa Onyankopɔn no bi ni.

Onyankopɔn, hena ankasa ne wo?

Nnipa amammerɛ, ɔsom a wɔn awofo wom, ne ebia nneɛma a wɔn ankasa paw no, betumi anya adwene a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no so nkɛntɛnso. Nnipa bi de din bi na ɛfrɛ Onyankopɔn; afoforo frɛ no Onyankopɔn kɛkɛ. So ɛho hia ankasa? So nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɔda ne ho ne ne din adi kyerɛ yɛn na ɔwɔ hɔ?

Dɛn nti na amanehunu pii wɔ hɔ saa?

Sɛ obi anibiannaso anaa ne brabɔne asɛe n’akwahosan anaasɛ ama odi hia a, obetumi anwiinwii. Nanso na n’ankasa nim nea enti a ɔrehu amane no yiye.

Nanso, afoforo pii hu amane a ɛyɛ yaw a emfi mfomso bi a wɔn ankasa adi. Ebinom anya nyarewa a enni sabea. Afoforo di apere wɔ ɔhaw ahorow bi a ɛte sɛ nea wontumi nni so wɔ baabi a wobenya atra ne aduan a ɛbɛso wɔne wɔn mmusua di a wobenya ho. Nnipa ɔpepem pii hu amane wɔ nsɛmmɔnedi, akodi, basabasayɛ a wɔde ba obiara a wohyia no so, atoyerɛnkyɛm, anaa ntɛnkyea a wohyia wɔ atumfoɔ nsam ho.

Ntease wom sɛ nnipa pii bisa sɛ: ‘Dɛn nti na tebea horow a ɛtete sɛɛ abu so saa? Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu yi nyinaa ho kwan?’

Dɛn nti na mewɔ ha? Dɛn ne asetra atirimpɔw?

Obi a abasamtu mma onnya abotɔyam ankasa wɔ ne da biara da dwumadi mu no na ɔtaa bisa saa nsɛm yi—na nnipa pii asetra te saa. Afoforo ɔpepem pii gye di sɛ Onyankopɔn ahyɛ ankorankoro biara asetra ato hɔ dedaw. So saa na ɛte? Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw titiriw bi ma wo a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu dekode.

Wɔ nhoma ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, biako wɔ hɔ a ɛka no pefee sɛ efi Onyankopɔn home mu. Sɛnea wobɛhwɛ kwan afi asɛm bi a Onyankopɔn de brɛ adesamma ankasa mu no, saa nhoma yi wɔ kasa pii mu sen nhoma foforo biara a wɔakyerɛw. Ɛno ne Kyerɛw Kronkron Bible no. Emu na ɔsoro ne asase Bɔfo no, Onyankopɔn ankasa, da ne ho adi, kyerɛ nipa ko a ɔyɛ ne ne din. So wunim saa din no? So wunim nea Bible ka fa Onipa ko a Onyankopɔn yɛ ho? So wunim nea ɛka fa nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ ho?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Chad Ehlers/Index Stock Photography

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Bepɔw: Chad Ehlers/Index Stock Photography

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena