Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 7/1 kr. 31
  • Video a Ɛka Mmabun Koma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Video a Ɛka Mmabun Koma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 7/1 kr. 31

Video a Ɛka Mmabun Koma

BERE a mmabaa ne mmerante bi hwɛɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends?a video no, ɛhyɛɛ wɔn mu pii nkuran ma wosusuw wɔn nneyɛe ho anibere so. Kyerɛwnsɛm mu afotu pa, nsɛm a Kristofo nkumaa bi kae, ne drama a ɛka koma a egyina Bible mu asɛm a ɛfa Dina ho so wɔ video no mu. (Genesis, ti 34) Nsɛm a edidi so a wɔka faa video no ho yi fi Mexico.

Martha ka sɛ: “Video no kaa me koma yiye. Ɛte sɛ nea wɔyɛ maa me. Misusuwii sɛ nim a na m’akyerɛkyerɛfo ne me mfɛfo sukuufo nim sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no nkutoo dɔɔso. Manni wɔn adanse amfa ansi so dua. M’ani asɔ nsɛm a Yehowa de ma no nyinaa, titiriw sɛ ɛka yɛn koma kɛse sɛnea video yi ayɛ no a.”

Juan Carlos ka sɛ: “Video yi ma wususuw nsɛm ho ankasa. Sɛ́ aberante no, madi mfomso ahorow bi, na mitumi de me ho totoo drama no mu nnipa no bi ho. Mfe bi a abɛsen kɔ no, na mewɔ asetra abien, na mihui sɛ asetra kwan a ɛte saa no bɛkɔ akowie bɔne. Bere a mehwɛɛ video no wiei no, masi me bo sɛ medi nokware ama Yehowa.”

Sulem kae sɛ: “Bere a mehwɛɛ video no, ɛkanyan me koma paa. Kan no, na magyae Bible no kenkan, na na mentaa mmɔ Yehowa mpae. Bere a mitiee nsɛm a mmabun no bi kae wɔ video no mu no, ɛkanyan me ma mesan fii ase suaa Bible no na mebɔ Yehowa mpae.”

Mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia nsɛnnennen pii, na nnamfo a wɔpaw no nso betumi anya sɛnea wɔbɔ wɔn bra so nkɛntɛnso kɛse. (Dwom 26:4; Mmebusɛm 13:20) Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no reboa wɔn mu pii ma wɔasi gyinae pa wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena