Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 7/1 kr. 32
  • Dɛn Na Ɛtoo Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛtoo Wɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 7/1 kr. 32

Dɛn Na Ɛtoo Wɔn?

NOF ne No yɛ Bible mu din ma Misraim ahenkurow Memfis ne Thebes a bere bi na agye din no. Ná Nof (Memfis) da kilomita 23 wɔ Cairo anafo wɔ Asubɔnten Nil atɔe fam. Nanso, awiei koraa no, Memfis hweree ne gyinabea sɛ Misraim ahenkurow. Eduu afeha a ɛto so 15 A.Y.B. mfiase no, na Misraim anya ahenkurow foforo a ɛne No (Thebes), na na ɛda kilomita 500 wɔ Memfis anafo fam. Ná Karnak asɔredan a na wobu no sɛ ɔdan a ɛwɔ adum a ɛsõ sen biara a wɔasi pɛn no ka Thebes asɔredan pii a na asɛe no ho. Wohyiraa Thebes ne Karnak asɔredan no so maa Amon, a na ɔyɛ Misraim onyame titiriw no.

Dɛn na Bible nkɔmhyɛ ka fa Memfis ne Thebes ho? Wobebu Misraim Farao ne ne nyame titiriw, “Amon a ofi No” no atɛn. (Yeremia 46:25, 26) ‘Wobetwa’ asomfo akuw a wotuu yuu kɔɔ hɔ no ‘akyene.’ (Hesekiel 30:14, 15) Na ɛbaa saa pɛpɛɛpɛ. Nea aka wɔ Amon som mu nyinaa ne asɔredan no afabo. Wohu nnɛ bere yi mu kurow a wɔfrɛ no Luxor wɔ tete Thebes no fã bi, na nkuraa nketewa afoforo nso wɔ n’amamfo so.

Memfis de, n’amusiei pɛ na aka. Bible ho nimdefo Louis Golding kae sɛ: “Wɔ mfehaha pii mu no, Arabfo a wodii Misraim so nkonim no de Memfis amamfo kɛse no yɛɛ baabi a wɔpaee abo de sii wɔn ahenkurow [Cairo] a na ɛda asubɔnten no ho pɛɛ no. Arabfo adansifo no de Nil ho anhwea yɛɛ adwuma yiye araa ma ɔbo biako mpo mpue wɔ kurow no dɔte tuntum no mu akwansin pii.” Nokwarem no, sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Bible no mu no, Memfis danee ‘amamfõ a obi antra mu bio.’—Yeremia 46:19.

Eyinom yɛ nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛnea Bible nkɔmhyɛ yɛ nokware no mu abien pɛ. Thebes ne Memfis sɛe no ma yenya nea yegyina so nya Bible nkɔmhyɛ a ennyaa mmamu no mu ahotoso.—Dwom 37:10, 11, 29; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3-5.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

British Museum na ɛmaa kwan ma wotwaa mfonini no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena