Emu Nsɛm
June 15, 2010
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
July 26, 2010–August 1, 2010
Hwehwɛ Ahobammɔ wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
KRATAFA 6
August 2-8, 2010
KRATAFA 10
August 9-15, 2010
Hyɛ W’abufuw so Fa ‘Kɔ so Di Bɔne so Nkonim’
KRATAFA 15
August 16-22, 2010
Kasa a Ɛho wɔ Nyam Ma Yɛne Afoforo Ntam Yɛ Papa
KRATAFA 20
August 23-29, 2010
Yɛ Nneɛma a Yehowa Pɛ na Nya Anigye
KRATAFA 25
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
ADESUA NSƐM 1, 2 KRATAFA 6-14
Saa adesua nsɛm yi bɛma yɛanya anisɔ kɛse ama nhyira a yenya fi Kristofo asafo no mu a yɛwɔ no. Yɛbɛsan nso ahu nneɛma a yɛn ankasa betumi ayɛ de ahyɛ yɛn ho den na yɛaboa yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ yɛn asafo mu.
ADESUA NSƐM 3, 4 KRATAFA 15-24
Ɛmfa ho sɛ yɛne afoforo nyinaa tɔ sin no, saa adesua nsɛm abien yi bɛma yɛahu sɛnea sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn ma asomdwoe akɔ so atena yɛn ntam. Ɛbɛsan nso ama yɛahu sɛnea sɛ yɛma yɛn kasa ho ba nyam a, ebetumi ama yɛne afoforo ntam ayɛ papa.
ADESUA ASƐM 5 KRATAFA 25-29
Adwene a wiase no wɔ wɔ nneɛma a ɛma yenya anigye ho no nteɛ, na esi nneɛma a ɔhonam pɛ so dua sɛ ɛno na ɛma yenya anigye. Nanso, nneɛma a Yehowa pɛ a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ na ɛma wonya anigye. Adesua asɛm yi bɛma yɛahu ɔkwan a yebetumi afa so anya anigye ankasa a ɛma yenya ɔhome ne akomatɔyam kɛse a ɛtena hɔ daa.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO:
Yɛayɛ Biako Ɔdɔ Mu—Afe Afe Nhyiam Ho Amanneɛbɔ 3
Sɛnea Wubegyina Nokware a Wo Hokafo Anni Ano 29