Emu Nsɛm
September 15, 2010
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
October 25-31, 2010
Hwehwɛ Yehowa Nhyira Anibere So
KRATAFA 7
November 1-7, 2010
KRATAFA 12
November 8-14, 2010
Biakoyɛ a Ɛwɔ Kristofo mu Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
KRATAFA 16
November 15-21, 2010
“Mo Kannifo Yɛ Biako, Ɔne Kristo”
KRATAFA 21
November 22-28, 2010
Yɛn Kannifo a Ɔreyɛ Adwumaden Nnɛ
KRATAFA 25
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
ADESUA NSƐM 1 KRATAFA 7-11
Onyankopɔn asomfo hia ne nhyira sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ adetrenee a Onyankopɔn hwehwɛ. Mmɔden bɛn na ehia sɛ yɛbɔ? Ɔkwan bɛn so na Yehowa honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen biara a ebia yebehyia ano?
ADESUA NSƐM 2, 3 KRATAFA 12-20
Saa adesua nsɛm yi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea eye na ɛyɛ fɛ sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbom atena biakoyɛ mu. Yebehu nea enti a Yehowa nkutoo na obetumi ama nnipa a wofi aman nyinaa mu ayɛ biako. Afei yebesusuw sɛnea yɛn mu biara betumi aboa ma biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no akɔ so atena hɔ ho na yɛnam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.
ADESUA NSƐM 4, 5 KRATAFA 21-29
Saa adesua nsɛm abien yi bɛboa yɛn ma yɛahu dwuma a Kristo a ɔyɛ yɛn soro Hene no redi sɛ Ɔkannifo a ɔreyɛ adwumaden no yiye. Ohu biribiara a ɛrekɔ so wɔ asafo biara a n’asuafo wom wɔ asase so nnɛ no mu.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO:
Meresom wɔ Bere a Ɔsom Adwuma no mu Retrɛw Kɛse Mu 3
Ɔsatu Titiriw a Wɔyɛe wɔ Bulgaria Asow Aba 30