Emu Nsɛm
October 15, 2013
© 2013 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania.
NEA ADESUA NSƐM WOM
DECEMBER 2-8, 2013
Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
KRATAFA 7 • NNWOM: 110, 15
DECEMBER 9-15, 2013
KRATAFA 12 • NNWOM: 62, 84
DECEMBER 16-22, 2013
Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu
KRATAFA 21 • NNWOM: 68, 6
DECEMBER 23-29, 2013
KRATAFA 26 • NNWOM: 57, 56
ADESUA NSƐM
▪ Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
Onyankopɔn bi a yenhu no na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase so nneɛma nyinaa. Wugye di paa sɛ ɛyɛ nokware? Ɛnyɛ obiara na ogye di saa. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔahu Ɔbɔadeɛ no ho nokwasɛm na yɛn ankasa nso ahyɛ yɛn gyidi den? Adesua yi bɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa.
▪ Woyɛ Yehowa Akoa—Som No
Wotu Kristofo fo sɛ wɔnsom Yehowa. Adesua yi bɛma yɛahu nhyehyɛe bi a Yehowa yɛ maa nkoa wɔ Mose Mmara no mu. Bio, yebehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Satan ne wiase no amfa yɛn anyɛ nkoa. Afei nso yebehu sɛ, sɛ yeyi yɛn yam som Onyankopɔn a, nhyira pii wom.
▪ Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu
▪ Fa Yesu Mpae no Bɔ Wo Bra
Sɛ yegye bere dwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho daa a, ɛbɛma yɛn mpaebɔ aka koma. Adesua nsɛm abien yi mu nea edi kan bɛma yɛahu sɛnea eyi boaa Lewifo ma wɔbɔɔ mpae bi a ɛka koma maa Onyankopɔn nkurɔfo. Nea ɛto so abien no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde mpae bi a Yesu bɔe bɛbɔ yɛn bra. Mpae abien yi nyinaa ma yehu sɛ, sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa apɛde di kan ansa na yɛde yɛn abisade ato n’anim.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
3 Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Philippines
ANIM: Ɔdawurubɔfo bi redi adanse wɔ Panajachel. Ɛyɛ kurow ketewa bi a ɛwɔ Atitlan Ɔtare ho. Spanish akyi no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Guatemala ka asɛmpa no wɔ kasa 11 mu
GUATEMALA
NNIPA DODOW:
15,169,000
ADAWURUBƆFO:
34,693
BIBLE ADESUA:
47,606