Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 10/15 kr. 7-11
  • Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • GYIDI GYINA ADANSE NE ADWENE SO
  • ONYANKOPƆN ABƆDE MA YEHU NE TUMI
  • ABƆDE MA YEHU ONYANKOPƆN NYANSA
  • BOA NKURƆFO MA WƆNHYƐ ONYANKOPƆN TEASEFO NO ANUONYAM
  • Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • W’ani Sɔ Nneɛma a Onyankopɔn De Akyɛ Yɛn No Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Gyidi a Wowɔ Wɔ Ɔbɔadeɛ No Mu No, Hyɛ Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Ade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 10/15 kr. 7-11

Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam . . . efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”—ADI. 4:11.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ yɛpɛ sɛ yetutu atoro nkyerɛkyerɛ a “agye ntini” gu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

  • Ɔkwan bɛn so na adebɔ ma yehu Onyankopɔn tumi ne ne nyansa?

  • Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma wɔanya Yehowa mu gyidi?

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ dɛn?

NNIPA pii ka sɛ, sɛ wɔmfaa wɔn ani kosua paa nhuu biribi a, wɔrennye nni da. Nanso Bible ka sɛ: “Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn.” (Yoh. 1:18) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn aboa nnipa a wɔte saa ma wɔagye adi sɛ Yehowa wɔ hɔ? Yɛn nso, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya gyidi paa sɛ ‘Onyankopɔn a yenhu no’ no wɔ hɔ? (Kol. 1:15) Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yehu nkyerɛkyerɛ a afura nkurɔfo ani ma enti wonhu Yehowa ho nokwasɛm no. Afei ɛsɛ sɛ yɛde Bible yɛ adwuma yiye tutu nsusuwii biara a “wɔama so atia Onyankopɔn nimdeɛ” gu.​—2 Kor. 10:4, 5.

2, 3. Nkyerɛkyerɛ abien bɛn na ɛmma nkurɔfo nhu Onyankopɔn ho nokwasɛm?

2 Ade biako a afura nnipa pii ani a ɛmma wonhu Onyankopɔn ho nokwasɛm ne adannandi nkyerɛkyerɛ. Saa nkyerɛkyerɛ yi ne Bible nhyia, na ɛmma nkurɔfo nnya anidaso wɔ asetenam. Nea enti a ɛte saa ne sɛ nea adannandi nkyerɛkyerɛ no ka ara ne sɛ yɛn ankasa na yɛbaa nkwa mu. Sɛ saa na ɛte a, anka yɛbɛyɛ dɛn ahu nea enti a yɛte asase yi so?

3 Nyamesomfo bi nso ka sɛ ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa, Onyankopɔn de nna nkorɛnkorɛ asia pɛ na ɛbɔe. Enti nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ no nkyɛe ahe biara. Ebetumi aba sɛ wɔn a wodi nkyerɛkyerɛ yi mu tintimman no gye Bible tom, nanso wɔn nkyerɛkyerɛ no mma nkurɔfo nnye Bible nni. Adɛn ntia? Efisɛ atoro nkyerɛkyerɛ yi ma nkurɔfo nya adwene sɛ ntease nni Bible mu na ɛnka nokware. Ade biako a wɔn a wokura saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ ne sɛ, biribiara a nyansahufo ahu a ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ nhyia no, wɔbɔ gu. Saafo yi ma yɛkae nnipa bi a wɔtenaa ase wɔ tete Kristofo bere so. Ná wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ, nanso na “ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.” (Rom. 10:2) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn de Onyankopɔn Asɛm no atutu adannandi ne atoro nkyerɛkyerɛ foforo a “agye ntini” agu?a Sɛ yebetumi aboa nkurɔfo a, gye sɛ yɛn ankasa sua nea Bible no ka.

GYIDI GYINA ADANSE NE ADWENE SO

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn gyidi gyina so?

4 Bible kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnkora nimdeɛ. (Mmeb. 10:14) Yehowa mpɛ sɛ yegyina nnipa nyansapɛ ne nyamesom mu atetesɛm so nya ne mu gyidi; mmom ɔpɛ sɛ yɛde yɛn adwene susuw nneɛma ho na yɛhwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ. (Monkenkan Hebrifo 11:1.) Sɛ yebetumi anya Onyankopɔn mu gyidi paa a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɔwɔ hɔ. (Monkenkan Hebrifo 11:6.) Ɛnyɛ gyidi biara kɛkɛ na ɛma yegye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na mmom yɛpɛɛpɛɛ adanse ahorow mu de yɛn “adwene” nso susuw nneɛma ho.​—Rom. 12:1.

5. Ade biako bɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?

5 Ɛwom, yɛmfa yɛn ani nhu Onyankopɔn nanso ɔsomafo Paulo ma yehu ade biako a yebetumi agyina so agye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Paulo kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu.” (Rom. 1:20) Sɛ obi adwene nsi no pi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, wobɛyɛ dɛn aboa no ma wagye Paulo asɛm yi atom? Wubetumi ne no asusuw Onyankopɔn abɔde bi ho ma wahu ne tumi ne ne nyansa. Momma yensusuw emu bi ho.

ONYANKOPƆN ABƆDE MA YEHU NE TUMI

6, 7. Nneɛma abien bɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ tumi paa?

6 Yehowa ayɛ nneɛma abien bi a ɛbɔ yɛn ho ban, na eyi ma yehu sɛ ɔwɔ tumi paa. Emu biako ne wim a yehu yi. Mframa a yɛhome nyinaa fi wim, nanso ɛnyɛ ɛno nko; wim bɔ yɛn ho ban nso. Ɔkwan bɛn so? Sɛ mmoba anaa nneɛma foforo fi baabi reba asase so na edu wim a, etumi hyew. Sɛ saa nneɛma yi rehyew a, ɛtɔ da a wuhu sɛ atu nam wim anadwo te sɛ nsoromma. Sɛ Onyankopɔn anyɛ wim saa a, anka saa nneɛma no nyinaa bɛba abegu yɛn asase yi so asɛe nneɛma.

7 Ade a ɛto so abien a Yehowa de bɔ yɛn ho ban ne tumi bi a ɛhyɛ asase mu. Biribi wɔ asase no mu tɔnn te sɛ dade a wɔannan. Tumi bi wɔ saa ade yi mu a atwa asase ho ahyia, na ɛkɔ araa kodu wim. Ɛbɔ yɛn ho ban fi owia ho. Sɛ ɛnyɛ tumi a efi asase yi mu a, anka owia ne ɛho nturuturuwii bɛhyew biribiara a ɛwɔ asase yi so dwerɛbee. Nanso tumi a atwa asase ho ahyia yi gye owia hyew no bi, na ɛbɔ bi nso gu baabi. Sɛ obi te bɛn asase yi atifi fam tɔnn (North pole) anaa anafo fam (South pole) a, obehu sɛ ɛtɔ da a akanea bi twa yerɛyerɛw wɔ wim. Ne nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ tumi a atwa asase ho ahyia yi reyɛ adwuma. Anokwa, Yehowa wɔ “tumi mmoroso.”​—Monkenkan Yesaia 40:26.

ABƆDE MA YEHU ONYANKOPƆN NYANSA

8, 9. Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ayɛ a, dɛn na ɛma yehu sɛ ɔyɛ onyansafo?

8 Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ayɛ a ɛma nneɛma a nkwa wom tumi kɔ so ara tena asase yi so a, yehu sɛ ɔwɔ nyansa ampa. Hwɛ mfatoho yi: Fa no sɛ nnipa mpempem pii te kurow bi mu. Wɔatwa kurow yi ho fasu. Nsu pa ntumi mma kurow no mu, na saa ara na efĩ ntumi mfi mu nkɔ. Sɛ kurow bi te saa a, ɛrenkyɛ efĩ begye abɔ so ma emu tena ayɛ tena na. Yɛn asase yi reyɛ ayɛ sɛ kurow a ɛte saa. Nsu pa nnɔɔso wɔ asase so, na yɛrentumi nyi fĩ mfi asase so nkɔ baabiara. Nanso asase yi tumi hwɛ nnipa ne mmoa ɔpehuhaa da biara da. Adɛn ntia? Ne nyinaa ne sɛ asase no wɔ kwan a ɛfa so de nneɛma bi sesa nneɛma foforo ma nnipa ne mmoa tumi tena ase.

9 Momma yɛnhwɛ ɔkwan a asase fa so ma yenya mframa pa (oxygen) home. Nnipa ne mmoa pepeankama home mframa pa kɔ wɔn mu na wɔahome mframa bɔne (carbon dioxide) agu. Sɛ yɛhwɛ nnipa ne mmoa bebree a wɔhome mframa pa yi a, anka ɛsɛ sɛ ɛho kɔ atwee ma mframa bɔne gye asase bɔ so, nanso ɛnte saa. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ mframa bɔne (carbon dioxide) a yɛhome gu no, afifide nso gye de owia, nsu, ne asase mu nnuannuru ka ho yɛ aduan. Wɔyɛ saa a, wogyaa mframa pa (oxygen) gu wim ma yɛhome. Enti yɛma wɔn carbon dioxide, na wɔn nso ama yɛn oxygen, na egu so saa ara. Sɛ yɛbɛka a, afifide a Yehowa abɔ no na ɔnam so ma “nnipa nyinaa nkwa ne ahome.” (Aso. 17:25) Eyi nyinaa ma yehu sɛ Yehowa nyansa nni ano!

10, 11. Ɔkwan bɛn so na afofantɔ ne hweasuo ma yehu Yehowa nyansa?

10 Sɛ yɛhwɛ mmoa mpempem a Yehowa abɔ agu asase so a, ɛno nso ma yehu sɛ ɔyɛ onyansafo. Nkurɔfo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ yɛwɔ mmoa ahorow ahorow fi ɔpepem 2 kosi ɔpepem 100 wɔ asase so. (Monkenkan Dwom 104:24.) Yɛbɛhwɛ saa mmoa yi bi wɔ adesua yi mu, na yebehu sɛ Yehowa yɛ onyansafo ampa.

Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ayɛ hweasuo ani a, yehu sɛ ɔyɛ onyansafo paa; n’ani na wɔayɛ no kɛse da ase no (Hwɛ nkyekyɛm 11)

Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ayɛ hweasuo ani a, yehu sɛ ɔyɛ onyansafo paa; n’ani na wɔayɛ no kɛse da ase no (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11 Wo deɛ ma yɛnhwɛ afofantɔ. Biako bi wɔ hɔ a amemene a ɛda ne tirim kɛse nyinaa te sɛ paane ano. Nanso saa afofantɔ yi tumi twa kwan bɛyɛ kilomita 3,000 (akwansin 1,800) fi Canada kɔ Mexico kwaebirentuw bi mu. Sɛ ɔretwa saa kwan yi a, owia na ɛboa no ma ohu baabi a ɔbɛfa. Ɛnde, owia kɔtɔ a, ɔyɛ dɛn hu kwan? Nea ɛte ne sɛ Yehowa de biribi ahyɛ n’amemene ketewa no mu, enti sɛ owia tɔ koraa a ɔnyera kwan. Afei yɛnhwɛ aboa foforo a yɛfrɛ no hweasuo anaa ahudede. Ɔwɔ ani aba akɛse abien, na etumi hu nneɛma buburigyaa a atwa ne ho ahyia nyinaa bere koro mu. Aboa yi amemene a ɛda ne tirim sua paa nanso nneɛma pii a n’ani twa ho mfonini no, amemene no tumi hu nea ebiara kyerɛ. Sɛ biribi keka ne ho ketekete mpo a, aboa yi tumi hu no ntɛm.

12, 13. Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa ayɛ nkwammoaa a ɛwɔ yɛn mu a, dɛn na ɛwɔ ho a ɛyɛ wo nwonwa?

12 Yehowa ayɛ biribi foforo a ɛyɛ nwonwa koraa sen nea yɛaka yi. Ɛno ne nkwammoaa a ɛwɔ yɛn mu no. Nkwammoaa bɛyɛ ɔpepepepem 100 na ɛwɔ wo nipadua mu, na biribi a yɛfrɛ no DNA wɔ nkwammoaa yi biara mu. Yɛn su ne yɛn ban ne yɛn yɛbea ho nsɛm pii wɔ DNA yi mu.

13 Nneɛma dodow sɛn na DNA no betumi akora so? Wo deɛ yɛmfa DNA gram biako ntoto compact disc (CD) ho nhwɛ. Yebetumi de nsɛm asekyerɛ nhoma (dictionary) biako mu nsɛm nyinaa agu CD biako so. Sɛ wohwɛ CD ketewa yi a etumi fa nsɛm yi nyinaa a, ɛyɛ nwonwa paa. Nanso hwɛ, nsɛm a CD ɔpepepepem biako bɛfa no te sɛ DNA gram biako pɛ so nsɛm. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, sɛ yesusuw DNA atere ketewa biako pɛ a, nsɛm a ɛwɔ mu no betumi ayɛ nnipa a wɔte asase so nnɛ mmɔho 350!

14. Nea nyansahufo ahu no ma wote nka sɛn wɔ Yehowa ho?

14 Ɔhene Dawid kae sɛ nea ɛwɔ yɛn nipadua mu a ɛma obi yɛ asomasi anaa ɔbenten no, ɛte sɛ nea Yehowa Nyankopɔn akyerɛw ne nyinaa wɔ nhoma bi mu. Dawid kae sɛ: “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu, nna a wɔnwenee no, nanso na emu biako mpo nnya mmae.” (Dw. 139:16) Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Dawid tenaa ase hwɛɛ sɛnea Yehowa yɛɛ ne nipadua no, ɔkamfoo Yehowa saa. Nnansa yi nso nyansahufo ahu nneɛma pii wɔ yɛn nipadua mu, na sɛ yɛtena ase dwinnwen ho a, yehu sɛ sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn no yɛ nwonwa paa. Eyi nyinaa ma yehu sɛ asɛm a odwontofo no kaa faa Yehowa ho yi yɛ nokware turodoo. Ɔkae sɛ: “Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa. Wo nnwuma yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dw. 139:14) Sɛ abɔde a atwa yɛn ho ahyia yi nyinaa akyi, nnipa nhu sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ hɔ a, ɛnde dɛn bio?

BOA NKURƆFO MA WƆNHYƐ ONYANKOPƆN TEASEFO NO ANUONYAM

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn nhoma ahorow aboa nkurɔfo ma wɔn ani agye Yehowa abɔde ho? (b) Dɛn na woakan wɔ “So Wɔbɔe?” afã hɔ a w’ani gye ho paa?

15 Mfe pii ni, yɛn nsɛmma nhoma, Nyan! no aboa nnipa mpempem ma wɔahu sɛ Onyankopɔn teasefo no na ɔbɔɔ nneɛma. Ɛho nhwɛso ni: Nyan! bi baa September 2006 a n’asɛmti ne, “Is There a Creator?” (“Obi na Ɔbɔɔ Nneɛma?”) Wɔhyɛɛ da yɛ maa nkurɔfo a wogye adannandi nkyerɛkyerɛ di ne wɔn a adebɔ ho nkyerɛkyerɛ foforo a ɛnyɛ nokware afa wɔn nnommum. Onuawa bi kyerɛw United States Betel kaa Nyan! yi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Nkurɔfo ani gyee nsɛmma nhoma yi ho paa. Ɔbea bi mpo deɛ, ogyee 20. Ɔyɛ tikyani a ɔkyerɛ abɔde ho nsɛm, na na ɔpɛ sɛ ɔde bi ma ne sukuufo.” Onua bi nso kyerɛwee sɛ: “Ɛrekɔ 1950 hɔ baabi na mifii asɛnka ase, na efi saa bere no nyinaa mede nsi ne ahokeka ayɛ asɛnka adwuma no. Seesei merekeka kɔ mfe 75, nanso sɛ mɛka a, bosome a yɛde Nyan! titiriw yi mae na asɛnka yɛɛ me dɛ paa.”

16 Nnansa yi ade biako a edi Nyan! mu akoten ne ɔfã a wɔato din “So Wɔbɔe?” Nsɛm a epue hɔ no yɛ ntiantiaa, na ɛma yehu sɛ abɔde yɛ nwonwa. Ɛsan nso ka sɛnea nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ Ɔbɔadeɛ Kunini no nnwuma so ayɛ bi. Afe 2010 nso, yenyaa nhomawa foforo a yɛde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nhomawa no asɛmti ne Was Life Created? (Obi na Ɔbɔɔ Nkwa?) Mfonini a ɛyɛ fɛ pii wɔ nhomawa yi mu, na eyi bɛboa yɛn ma yɛn ani agye Yehowa nsaano nnwuma ho. Nsɛmmisa bi wɔ ɔfã biara awiei a ɛbɛboa ɔkenkanfo no ma wadwinnwen nea ɔrekan no ho. Wode nhomawa yi adi adanse wɔ afie afie, bɔnnɔ so, anaa mmɔnten so pɛn?

17, 18. (a) Awofo, mobɛyɛ dɛn ahyɛ mo mma mpamden ma wɔde ahotoso akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wode nhomawa a ɛfa adebɔ ho no ayɛ adwuma wɔ abusua som mu?

17 Awofo, mo ne mo mma asua saa nhomawa yi wɔ abusua som ase pɛn? Moyɛ saa a, na moreboa mmofra no ma wɔahu paa sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ teasefo no. Ebia wowɔ mma a wɔkɔ ntoaso sukuu. Eyinom paa na wɔn a wɔkyerɛkyerɛ adannandi no de wɔn ani asi wɔn so. Nyansahufo ne tikyafo kyerɛkyerɛ sɛ adannandi yɛ nokwasɛm. TV so dwumadi ne sini ahorow nso kyerɛkyerɛ saa. Ɛnde, nhomawa foforo wɔ hɔ a wubetumi de aboa wo mma ma wɔabɔ adannandi nkyerɛkyerɛ no agu. Woyii nhomawa yi adi afe 2010 mu, na wɔato din The Origin of Life​—Five Questions Worth Asking. Nea enti a wɔyɛɛ saa nhomawa yi ne Was Life Created? nhomawa no ne sɛ ɛbɛboa mmofra ma wɔatete wɔn adwene. (Mmeb. 2:10, 11) Ɛbɛma wɔn ankasa atumi akari ahwɛ sɛ nea wɔrekyerɛ wɔn wɔ sukuu no tɔ asom anaa ɛntɔ asom.

Awofo, mommoa mo mma na wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)

Awofo, mommoa mo mma na wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)

18 Ɛtɔ da a yɛte sɛ nyansahufo ahu nkrampan anaa nnompe bi a wɔn na wɔseɛ sɛ ɛfoa adannandi nkyerɛkyerɛ no so. Wɔyɛɛ Origin of Life nhomawa no sɛnea ɛbɛboa sukuufo ma wɔn ankasa apɛɛpɛɛ mu ahwɛ sɛ ampa-ne-ampa ara nnipa fi mmoa mu anaa. Ɛtɔ da bi nso a yɛte amanneɛbɔ bi a ɛkyerɛ sɛ nyansahufo akeka nneɛma bi abom ma nkwa abam. Nhomawa no bɛboa sukuufo ma wɔakari amanneɛbɔ a ɛte saa ahwɛ sɛ nokware bi wom a. Awofo, sɛ mo ne mo mma sua saa nhomawa yi a, ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den na sɛ obi bisa wɔn nea enti a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, wɔde ahotoso akyerɛkyerɛ mu.​—Monkenkan 1 Petro 3:15.

19. Hokwan bɛn na yɛn nyinaa wɔ?

19 Yehowa ahyehyɛde no ato ne bo ase ahwehwɛ adebɔ mu ayɛ ho nhoma ama yɛn. Sɛ yɛkenkan a, ɛma yehu sɛ Yehowa su ahorow yɛ fɛ. Eyinom nyinaa pusuw yɛn ma yeyi Onyankopɔn ayɛ tontono no. (Dw. 19:1, 2) Yehowa na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔfata ayeyi ne nkamfo. Nokwasɛm ni, ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yebeyi Ɔbɔadeɛ Pumpuni no ayɛ na yɛahyɛ no anuonyam!​—1 Tim. 1:17.

a Sɛ wopɛ nsɛm pii de aboa wɔn a wokura atoro nkyerɛkyerɛ yi a, hwɛ nhomawa a wɔato din, Was Life Created? no kratafa 24 kosi 28.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena