Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 6/15 kr. 7
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wɔsan Kɔ Dɔte Mu—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So Anyan Awufo?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 6/15 kr. 7
Paradise, awufo anyan ma adɔfo abehyia wɔn

NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ

Ɛyɛ papa sɛ Kristofo bɛhyew wɔn amu?

Kyerɛwnsɛm no nhyɛ da nka biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛyɛ saa.

Yɛwɔ nhwɛso wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ebinom wu maa wɔhyew wɔn amu anaa wɔn nnompe. (Yos. 7:25; 2 Be. 34:4, 5) Ebia nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ saafo no mfata sɛ wosie wɔn nidi mu. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ abɔnefo nko ara na wɔhyew wɔn afunu.

Bere a Ɔhene Saul ne ne mma mmiɛnsa wui no, nea esii ma yehu sɛ nnipa pa mpo, wotumi hyew wɔn afunu. Israelfo ne Filistifo ntɔkwaw bi mu na Saul ne ne mma no wuwui. Na Yonatan ka Saul mma mmiɛnsa no ho. Yenim sɛ na Yonatan yɛ Dawid adamfo a onni ne ho agorɔ. Nokwasɛm ne sɛ Yonatan de ne nkwa mpo too ne nsam de bɔɔ Dawid ho ban. Nanso bere a Yonatan ne ne papa ne ne nuanom wui no, mmarima akokodurufo a wɔwɔ Yebes-Gilead kɔfaa wɔn amu na wɔhyewee, na wosiee nnompe no. Akyiri yi Dawid kamfoo mmarima no sɛ wɔyɛɛ saa.—1 Sam. 31:2, 8-13; 2 Sam. 2:4-6.

Sɛ yɛkan Bible a, yehu sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ wobenyan awufo. Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn de onii no bɛsan aba nkwa mu. Sɛ wɔhyew owufo no amu oo, wɔanhyew no oo, Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan onipa no aba nkwa mu na wama no nipadua foforo. Wo deɛ hwɛ Hebrifo anokwafo mmiɛnsa a Ɔhene Nebukadnesar ma wɔde wɔn guu ogya fononoo mu no. Na wonim sɛ, sɛ wɔhyew dan nso koraa Onyankopɔn betumi anyan wɔn. (Dan. 3:16-18) Na Yehowa asomfo a wɔwɔ Nasi nneduaban mu no nso wɔ ahotoso sɛ, sɛ wowu ma wɔhyew wɔn mpo a, Onyankopɔn betumi anyan wɔn. Enti wodii Yehowa nokware. Ɛtɔ da a Onyankopɔn asomfo bi tumi wu a obiara nhu wɔn ho biribiara. Wobɛhwɛ na biribi apae ma wɔahyew dwerɛbee. Nanso Bible ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsɔre.—Adi. 20:13.

Sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan obi a, enhia sɛ onya n’akwaa mmaako mmaako ansa na watumi anyan no. Wo deɛ yɛnhwɛ ɔkwan a ɔfa so nyan Kristofo a wɔasra wɔn kɔ soro. Sɛnea Yesu ‘tenaa ase honhom mu’ no, saa ara na sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn no a, wɔma wɔn honhom nipadua. Nanso onii no ankasa deɛ ɔnsesa; asomasi yɛ asomasi, ɔbenten yɛ ɔbenten. Honam nipadua a na wɔwɔ kan no fã biara nni hɔ a ɛbɛka wɔn ho akɔ soro.—1 Pet. 3:18; 1 Kor. 15:42-53; 1 Yoh. 3:2.

Yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ tumi na ɛda ne koma so sɛ obedi ne bɔhyɛ so na wɔanyan awufo. Nea wɔde bɛyɛ nipadua no deɛ ɛnka hwee. (Aso. 24:15) Ampa, nea Onyankopɔn yɛe tete de nyanee awufo anaa ɔkwan a ɔbɛfa so anyan wɔn daakye deɛ, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛbɛte ase. Nanso yegye di sɛ nea Yehowa aka biara bɛbam. Onyanee Yesu de yɛɛ “nnyinasode” maa nnipa.—Aso. 17:31; Luka 24:2, 3.

Sɛ Kristoni biribi wu na ɔpɛ sɛ osie no a, ɔhwɛ mmara a aban ahyɛ wɔ ho, adwene a mpɔtam hɔfo kura, ne sɛnea ɛbɛka wɔn. (2 Kor. 6:3, 4) Ɛno akyi no, sɛ ɔbɛhyew amu no oo, ɔrenhyew oo, ɛyɛ ɔno anaa abusuafo asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena