Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/15 kr. 29-31
  • Wɔsan Kɔ Dɔte Mu—Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔsan Kɔ Dɔte Mu—Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete ne Nnɛ Nneyɛe Ahorow
  • Dɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka?
  • Wɔn Ho a Wɔbɛde Afi Ɔda Ho Koraa!
  • Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yewu a, Ɛhe na Yɛkɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/15 kr. 29-31

Wɔsan Kɔ Dɔte Mu—Ɔkwan Bɛn So?

“WOYƐ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Bere a onipa a odi kan, Adam, tee saa nsɛm no, na onim nea ɛbɛba. Wɔde fam dɔte na ɛbɔɔ no, na na ɔrensan nkɔ baabiara sɛ dɔte mu. Ná obewu efisɛ ɔyɛɛ ne Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, so asoɔden.—Genesis 2:7, 15-17; 3:17-19.

Bible kyerɛ sɛ wɔde dɔte na ɛyɛɛ nnipa. Ɛka nso sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4; Dwom 103:14) Owu ama nnipa ɔpepem pii di awerɛhow, na ama nsɛmmisa pii asɔre wɔ sɛnea wosie funu ho.

Tete ne Nnɛ Nneyɛe Ahorow

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo nam so siee funu tete mmere no mu? Wɔ Bible nhoma a edi kan mu no, wɔka akwan ahorow a wɔfa so sie funu ho asɛm, a nea ɛka ho ne sie a na wobesie no asase mu. (Genesis 35:8) Wosiee tete agya Abraham ne ne yere, Sara, ne wɔn babarima Isak ne wɔn nana Yakob wɔ Makpela ɔboda mu. (Genesis 23:2, 19; 25:9; 49:30, 31; 50:13) ‘Wosiee’ Israel atemmufo Gideon ne Simson ‘wɔ wɔn agyanom asiei.’ (Atemmufo 8:32; 16:31) Eyi kyerɛ sɛ na abusua asiei a wobenya no yɛ ade a Onyankopɔn tete nkurɔfo no ani gye ho. Bere a Yesu Kristo wui wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔde n’amu kɔtoo ɔboda bi a na wɔayɛ no foforo mu. (Mateo 27:57-60) Enti, ne nyinaa mu no, wosiee afunu wɔ asase mu anaa wɔde guu aboda mu. Eyi ne ade a wɔda so ara yɛ wɔ asase so mmeae pii.

Nanso, ɛnnɛ, wɔ wiase no mmeae bi no, asase ho den a ayɛ ne ne bo a akɔ soro no rema ayɛ den kɛse sɛ wobenya asiei. Enti, nnipa bi resusuw akwan foforo a wɔbɛfa so asie funu ho.

Nsõ no a wɔtow pete bere a wɔahyew funu no awie no yɛ nea ɛrebu so. Wɔ England no, wosie awufo ɔha biara mu 40 wɔ saa kwan yi so seesei. Wɔ Sweden a wɔhyew wɔn a wowuwu wɔ nkurow akɛse mu bɛboro ɔha biara mu 80 no, wɔayi kwae ahorow bi asi hɔ a wɔtow nsõ no pete mu. Na wɔ Shanghai ne China nkurow foforo kakraa bi a ɛdeda mpoano mu no, kurow mu atumfoɔ no boa ma wɔde gu po mu mpɛn pii afe mu.

Ɛhe na wobetumi atow nsõ no apete? Ɛnyɛ baabiara kɛkɛ. Ebia ebinom besuro sɛ nsõ no a wɔbɛtow apete no bɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia. Nanso, nokwarem no, funu a wɔhyew no tumi yi ɔyaredɔm bi a ebetumi aba fi hɔ. Wɔde asiei ahorow bi a ɛwɔ England ne United States no asi hɔ sɛ sare anaa nhwiren nturo a wɔtow nsõ pete hɔ. Nokwarem no, nea ɛho hia Kristofo titiriw ne nea Kyerɛwnsɛm no ka fa afunu a wɔhyew ne nsõ a wɔtow pete ho.

Dɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka?

Bere a na odiyifo Yesaia rebu “Babel hene” atɛn no, ɔkae sɛ: “Wɔatow afi wo damoa mu.” (Yesaia 14:4, 19) So ɛsɛ sɛ yɛde nsõ a wɔtow pete no toto saa tebea a ɛbrɛ nnipa ase no ho? Dabi, efisɛ wɔnka afunu a wɔhyew ne nsõ a efi mu ba no so a wɔkora anaa tow a wɔtow pete ho asɛm wɔ hɔ.

Yesu Kristo kaa asase so wusɔre a ɛbɛba ne Mfirihyia Apem Ahenni mu no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [me] nne, na wɔafi adi” no. (Yohane 5:28, 29) Nanso, sɛ́ ɔda pɔtee bi ho nhia na ama wɔanyan obi no da adi wɔ owusɔre ho nkɔmhyɛsɛm foforo mu. Adiyisɛm 20:13 ka sɛ: “Ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae.” Enti, ɛnyɛ nea ehia titiriw ne baabi anaa sɛnea obi ‘san kɔ dɔte mu.’ Mmom no, sɛ ebia Onyankopɔn bɛkae no na wanyan no. (Hiob 14:13-15; fa toto Luka 23:42, 43 ho.) Nokwarem no, Yehowa nhia ada akɛse na aboa no ma wakae nkurɔfo. Funu bi a wɔhyew no no nsiw ne wusɔre ho kwan. Na sɛ wɔde adwempa na ɛtow nso gu, na sɛ ɔsom mu amanne biara nka ho a, Kyerɛwnsɛm no ntia.

Ɛho hia sɛ wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛtow nsõ no apete no susuw asase no so mmara ho. Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wobesusuw abusua a wɔn nipa awu ne afoforo nkate ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ Yehowa asomfo hwɛ yiye sɛ Kyerɛwnsɛm mu ahofadi a wɔde bedi dwuma wɔ eyi mu no rengu din pa a Kristofo wɔ no ho fĩ. Eyi ho hia titiriw wɔ nsase a mmara ma afunhyew ne nsõ a wɔtow pete ho kwan nanso wonnye ntoom koraa wɔ mpɔtam hɔ no. Nokwarem no, Kristoni bɛkwati amane ne amammerɛ a egyina onipa kra a enwu da ho gyidi so no.

Wɔn Ho a Wɔbɛde Afi Ɔda Ho Koraa!

Ebinom a wɔpene nsõ a wɔtow pete so no ka sɛ ɛma wɔde wɔn ho fi ɔda mu afunsie ho. Nanso, Bible bɔhyɛ a ɛne sɛ “ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu,” no a ɛbɛbam no na ɛde ahotɔ a ɛsen biara bɛba.—1 Korintofo 15:24-28.

Eyi kyerɛ sɛ ada, aboda, ne afunhyew ne nsõ a wɔtow pete mpo bɛyɛ nneɛma a atwam. Yiw, owu befi hɔ koraa. Onyankopɔn de honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee sɛ: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔpɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Eyi nyinaa bɛba a bere a wɔayi owu a nnipa nya fii Adam bɔne mu no afi hɔ koraa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no. Saa bere no, adesamma asoɔmmerɛwfo renhwɛ kwan sɛ wɔbɛsan akɔ dɔte mu.

[Kratafa 29 mfonini ahorow]

Akwan titiriw a wɔfa so sie afunu

[Kratafa 31 mfonini]

Nso a wɔretow pete wɔ Sagami Bay, Japan

[Asɛm Fibea]

Koueisha, Tokyo, na wɔmaa hokwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena