Emu Nsɛm
September 15, 2014
© 2014 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
NEA ADESUA NSƐM WOM
OCTOBER 27, 2014–NOVEMBER 2, 2014
Wugye Di Paa Sɛ Woahu Nokware No? Adɛn Ntia?
KRATAFA 7 • NNWOM: 28, 107
NOVEMBER 3-9, 2014
“Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn
KRATAFA 12 • NNWOM: 135, 133
NOVEMBER 10-16, 2014
KRATAFA 17 • NNWOM: 88, 24
NOVEMBER 17-23, 2014
“Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
KRATAFA 23 • NNWOM: 111, 109
NOVEMBER 24-30, 2014
Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
KRATAFA 28 • NNWOM: 95, 100
ADESUA NSƐM
▪ Wugye Di Paa Sɛ Woahu Nokware No? Adɛn Ntia?
Adesua yi kyerɛ nea enti a nnipa pii ka sɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokware. Afei nso ɛkyerɛ nea enti a Yehowa Adansefo ankasa gye di sɛ wɔn som ne nokware som no.
▪ “Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn
Esiane sɛ yɛte Satan wiase mu nti, yɛn nyinaa bɛkɔ ahohia mu. Sɔhwɛ no bi ba yɛn so tee; ebi nso mma tee. Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu ɔkwan a Satan fa so ma yɛn gyidi yɛ mmerɛw ne nea yɛbɛyɛ de asiesie yɛn ho.
▪ Awofo—Monhwɛ Mo Mma
Ɛyɛ awofo asɛde sɛ wɔtete wɔn mma wɔ nokware no mu. (Efe. 6:4) Adesua yi bɛma yɛahu akwan mmiɛnsa a awofo bɛfa so ahwɛ wɔn mma na wɔaboa wɔn ma wɔadɔ Yehowa.
▪ “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
Owu ne nea ɛde ba nyinaa de nnipa kɔ amanehunu kɛse mu. Adɛn nti na nnipa wu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘betu ɔtamfo a otwa to yi agu’? (1 Kor. 15:26) Adesua yi bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae na yɛahu sɛnea Yehowa atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ da adi.
▪ Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
Efi tete besi nnɛ nyinaa, Yehowa asomfo pii yi wɔn yam yɛ bere nyinaa som adwuma no. Dɛn na yebetumi ayɛ de akae ‘adwumaden a wofi gyidi ne ɔdɔ mu reyɛ’ no?—1 Tes. 1:3.
ANIM: Anuanom mmarima baanu reka Bible mu asɛm akyerɛ ɔpofoni bi wɔ Negombo wɔ Sri Lanka mpoano
SRI LANKA
NNIPA DODOW
20,860,000
ADAWURUBƆFO
5,600
DAA AKWAMPAEFO
641