Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 May kr. 30
  • Yɛayɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ Ama Yɛn Ani Agye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛayɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ Ama Yɛn Ani Agye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐNNENNEN A YEDII KAN HYIAE NE ANIGYESƐM A EFII MU BAE
  • ANIGYE KƐSE A WƆANYA
  • “Monto Dwom Mma Yehowa”!
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Miriam​—Onyaa Hokwan Wɔ Ne Mmofraase Ne Mpanyinyɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 May kr. 30
Daniel ne Miriam reka asɛmpa no akyerɛ ɔbarima bi wɔ Panama

Yɛayɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ Ama Yɛn Ani Agye

DANIEL NE MIRIAM waree September 2000, na wɔtenaa Spain kurow Barcelona mu. Daniel ka sɛ: “Ná yɛn ho dwo yɛn wɔ yɛn asetena mu. Adwuma a na yɛyɛ nti, na yetumi kodidi wɔ adidibea ahorow a ɛhɔnom biribiara yɛ kama. Ná yetumi tutu akwan kɔ aman foforo so, na na yɛhyɛ ntade pa. Asɛnka nso, na yɛkɔ daa.” Nanso, nsakrae bi bae.

Wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam bi afe 2006. Ɔkasa bi a wɔmae wɔ nhyiam no ase kaa Daniel koma paa. Wobisaa asɛm bi wɔ kasa no mu sɛ: “So yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de aboa wɔn a ‘wɔasi owu kwan so no’ ma wɔabɛfa ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so?” (Mmeb. 24:11) Ɔkasa no sii so dua sɛ, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛka nkwagye asɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ afoforo. (Aso. 20:26, 27) Daniel ka sɛ, “Ɛyɛɛ me sɛ me na Yehowa rekasa akyerɛ me.” Wɔkae wɔ ɔkasa no mu nso sɛ, sɛ obi trɛw ne som mu a, ɛma n’ani gye paa. Ná Daniel nim sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Miriam afi ase reyɛ akwampae adwuma dedaw, na na n’ani agye paa.

Daniel ka sɛ, “Misii gyinae sɛ, bere aso sɛ meyɛ nsakrae kɛse wɔ m’asetena mu.” Na ɔyɛɛ saa nso. Daniel tew bere a na ɔde yɛ honam fam adwuma no so, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma. Osusuw anigye a sɛ ɔne Miriam kɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni asɛmpakafo pii a wobetumi anya no ho.

NSƐNNENNEN A YEDII KAN HYIAE NE ANIGYESƐM A EFII MU BAE

May 2007 no, Daniel ne Miriam gyaee honam fam adwuma a na wɔyɛ no. Wotu kɔtenaa Panama. Ná wɔakɔ ɔman no so nsrahwɛ pɛn. Asasesin a na wɔbɛyɛ mu adwuma no yɛ nsupɔw bi a ɛwɔ Bocas del Toro Archipelago a ɛwɔ Caribbean Po no mu so. Nnipa a wɔte nsupɔw no so dodow no ara yɛ Ngabefo. Daniel ne Miriam siee sika, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wobetumi de saa sika no atena Panama abosome nwɔtwe.

Ná wɔde ahyɛmma na efi supɔw baako so kɔ foforo so. Sɛ wodu supɔw bi so a, na wɔtena sakre so yɛ asɛnka adwuma no. Wɔda so kae bere a edi kan a wɔde sakre kyinkyinii nsupɔw no so no. Wotwaa kwan akwansin 20 (kilomita 32) faa mmepɔw so, bere a na owia rebɔ denneennen. Ɔbrɛ nti, anka Daniel reyɛ atwa ahwe. Ne nyinaa mu no, sɛ Daniel ne Miriam du afie a esisi kwan ho wɔ ɔkwan no so mu a, na Ngabe mmusua no gye wɔn fɛw so, titiriw, bere a ɛhɔfo no behui sɛ wotumi ka wɔn kurom kasa kakra no. Ankyɛ na Daniel ne Miriam benyaa nnipa 23 a wɔne wɔn sua Bible.

Nanso, bere a awarefo no sika sae no, wɔn anigye danee awerɛhow. Daniel ka sɛ, “Bere a yɛresusuw ho sɛ yɛbɛsan akɔ Spain no, yɛn ani taataa nusu. Ná yɛn werɛ ahow paa sɛ yɛrebegyaw nkurɔfo a yɛne wɔn sua Bible no hɔ.” Nanso, bosome baako akyi no, wɔtee anigyesɛm bi. Miriam ka sɛ: “Wɔma yɛsomee sɛ akwampaefo atitiriw. Yɛn ani gyei paa sɛ yɛbɛkɔ so atena ɔman no mu ayɛ asɛnka adwuma no!”

ANIGYE KƐSE A WƆANYA

Esiane nsakrae ahorow a wɔyɛe wɔ ahyehyɛde no mu nti, afe 2015 no, wɔmaa Daniel ne Miriam gyaee akwampaefo atitiriw adwuma no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so nsom sɛ daa akwampaefo. Afei, dɛn na na wɔbɛyɛ? Wonyaa bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37:5 no mu awerɛhyem. Ɛhɔ ka sɛ: “Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” Wɔhwehwɛɛ honam fam adwuma a wɔbɛyɛ na aboa wɔn ama wɔakɔ so ayɛ daa akwampae adwuma no. Ɛnnɛ, wɔresom wɔ asafo bi a ɛwɔ Veraguas mantam mu wɔ Panama.

Daniel ka sɛ: “Ansa na yɛrebefi Spain no, na yentumi nhu sɛ yebetumi ayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ anaa. Nanso ɛnnɛ, yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ, na ade a ɛho hia ankasa biara mmɔɔ yɛn.” Dɛn ne anigye kɛse a wɔanya? Wɔka sɛ, “Yɛanya hokwan reboa ahobrɛasefo ama wɔasua Yehowa ho ade. Ɛno ama yɛanya anigye a ɛso bi nni!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena