Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp18 nɔma 1 kr. 6-7
  • Atwam Anaa Ɛwɔ N’anim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atwam Anaa Ɛwɔ N’anim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYANSAHU
  • AKWAHOSAN
  • Nhoma Yi Ne Nyansahu Hyia?
    Amansan Nhoma
  • Nhoma A Efi Nyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nyansahu Ne Bible—So Ɛbɔ Abira Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
wp18 nɔma 1 kr. 6-7
Akontaabu

Atwam Anaa Ɛwɔ N’anim?

NYANSAHU

BIBLE NO NYƐ NYANSAHU NHOMA, NANSO NYANSAHU NSƐM A ƐKA NO, AKYIRI KORAA ANSA NA NYANSAHUFO REHU. YƐNHWƐ NHWƐSO KAKRA.

Ɔsoro ne asase a yɛn ani tua yi, ɛwɔ mfiase anaa?

Bere bi, na nyansahufo a wɔagye din paa ka no denneennen sɛ enni mfiase. Seesei deɛ, nyansahufo gye tom sɛ ɛwɔ mfiase. Nanso na Bible no aka saa dedaadaw.​—Genesis 1:1.

Asase no yɛbea te sɛn?

Tete no, na nnipa pii susuw sɛ asase no yɛ tratraa. Afeha a ɛto so nnum A.Y.B. no, Greek nyansahufo bi kaa sɛ asase no yɛ kurukuruwa. Nanso afeha a ɛto so nwɔtwe A.Y.B. tɔnn na Bible kyerɛwfo Yesaia kaa “asase kurukuruwa” ho asɛm.​—Yesaia 40:22.

Nneɛma a ɛwɔ wim no, ebetumi asɛe anaa?

Greek Nyansahufo bi tenaa ase bɛyɛ mfe 400 ansa na Yesu reba. Ne din de Aristotle. Ɔkaa sɛ nsoromma a ɛwɔ soro no, entumi nsesa anaa ɛnsɛe da, na asase so nko ara na nneɛma betumi asɛe. Nkurɔfo gyee saa asɛm no toom mfe pii. Nanso ebeduu afeha a ɛto so 19 no, nyansahufo kaa sɛ biribiara a ɛwɔ wim anaa asase so betumi asɛe. Nyansahufo bi a ɔboae maa saa asɛm yi gyee ntini ne Lord Kelvin. Ɔkaa sɛ Bible aka afa ɔsoro ne asase ho sɛ: “Ne nyinaa besuw sɛ ntama.” (Dwom 102:25, 26) Ná Kelvin gye di sɛ Onyankopɔn betumi apaw sɛ ɔremma n’abɔde nsɛe saa, na saa ara nso na Bible kyerɛkyerɛ.​—Ɔsɛnkafo 1:4.

Dɛn na ekura yɛn asase yi ne okyinnsoromma a aka no mu?

Aristotle kaa sɛ, wɔahyehyɛ nneɛma a ɛwɔ wim no wɔ biribi kurukuruwa mu, ma asase no hyɛ mfinimfini. Ɔkaa sɛ okyinnsoromma a aka no kyin fa asase no ho, nanso ebiara nam ne kwan. Ɛnna ɔde kaa ho sɛ, biribi kura okyinnsoromma no nyinaa mu. Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 1800 no, nyansahufo begye dii sɛ ebetumi aba sɛ nsoromma ne okyinnsoromma sensɛn wim a hwee nkura mu. Nanso na Hiob nhoma no a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 1500 ansa na Yesu reba no aka sɛ Ɔbɔadeɛ no de “asase asɛn nea hwee nni.”​—Hiob 26:7.

AKWAHOSAN

BIBLE NO NYƐ AKWAHOSAN NHOMA DEƐ, NANSO NSƐM A ƐKA FA AKWAHOSAN HO NO, AFEI NA NYANSAHUFO AHU SƐ ƐYƐ NOKWARE.

Ɛsɛ sɛ yeyi ayarefo fi nnipa mu.

Mose Mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ woyi wɔn a wɔyare kwata no fi nnipa mu. Bɛyɛ mfe 700 a atwam yi ara, yaredɔm bi bae na ɛmaa nnuruyɛfo huu sɛ mfaso wɔ asɛm yi so. Besi nnɛ yɛda so de saa asɛm no yɛ adwuma.​—Leviticus ti 13 ne 14.

Sɛ yɛsɔ funu mu wie a, ɛsɛ sɛ yɛhohoro yɛn nsa.

Ansa na afeha a ɛto so 19 reba n’awiei no, na nnuruyɛfo taa de wɔn nsa sɔ afunu mu nanso na wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔahwɛ ayarefo. Wei kunkum nnipa pii. Nanso Mose Mmara no kaa sɛ obiara a ɔbɛsɔ funu mu no, saa onipa no ho agu fĩ. Mmara no mpo kaa sɛ, ɛsɛ sɛ onipa no de nsu guare. Ɛwom sɛ na wei yɛ nyamesom mu adeyɛ deɛ, nanso na ɛboa akwahosan nso.​—Numeri 19:11, 19.

Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛtow agyanan gu.

Nkurɔfo nkata agyanan so yiye, enti afe biara mmofra bɛboro 500,000 nya ayamtu ma wowuwu. Mose Mmara no kaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔde agyanan hyɛ fam kata so; ɛnsɛ sɛ ɛba nnipa mu.​—Deuteronomium 23:13.

Bere a ɛsɛ sɛ yetwa twetia.

Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ, sɛ wɔwo ɔbabarima a, da a ɛto so nwɔtwe na ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. (Leviticus 12:3) Sɛ wɔwo abofra foforo a, gye sɛ odi boro dapɛn baako ansa na ne mogya atumi ada yiye. Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na nnuruyɛ nnyaa nkɔanim. Enti ahyɛde a ɛne sɛ wɔntwɛn nnawɔtwe ansa na wɔatwa abofra twetia no, na ɛyɛ biribi a nyansa wom.

Sɛnea yɛte nka no, ebetumi aka yɛn apɔwmuden.

Nnuruyɛfo ne nyansahufo ka sɛ, sɛ yɛn ani gye, yɛwɔ anidaso, yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na yefi yɛn komam de nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn a, etumi ma yenya apɔwmuden pa. Bible ka sɛ: “Anigye koma sa yare; honhom a abotow ma nnompe mu yow.”​—Mmebusɛm 17:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena