Emu Nsɛm
3 Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Myanmar
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 3-9, 2018
7 Hena Na Wopɛ Sɛ Ogye Wo Tom?
Ɛnnɛ, nnipa pii pɛ sɛ wiase bɔne yi gye wɔn tom. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛbɛma Yehowa agye yɛn atom; efisɛ ɔno na ogye yɛn tom a eye sen biara. Yɛbɛsan nso ahu ɔkwan a Yehowa fa so gye n’asomfo anokwafo tom. Ɛtɔ da mpo a, ɔkwan a ɔfa so gye wɔn tom no, ɛyɛ a wɔn ani nna anaa wɔnhwɛ kwan.
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 10-16, 2018
Adesua yi mu no, yebehu nea ɛyɛe a hokwan a ɔnokwafo Mose nyae sɛ ɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so bɔɔ no. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛbɛyɛ na afiri a eyii Mose no bi anyi yɛn.
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 17-23, 2018
NNAWƆTWE A EFI ASE SEPTEMBER 24-30, 2018
Yehowa betumi aka pa ara sɛ nnipa nyinaa yɛ ne dea. Enti, Yehowa pɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo. Ebinom wɔ hɔ a wɔyɛ wɔn ho sɛ wodi Onyankopɔn nokware, nanso na wɔreyɛ asoɔden. Yebenya asuade titiriw bi afi adesua a edi kan no mu. Ɛfa nsɛm a Bible ka fa Kain, Solomon, Mose, ne Aaron ho. Adesua a ɛto so mmienu no, yɛbɛhwɛ akwan ahorow a yɛbɛfa so akyerɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ Yehowa dea na yɛyɛ ne nkurɔfo no ho anisɔ.
27 Munnya Ayamhyehye Mma “Nnipa Ahorow Nyinaa”