Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE DECEMBER 31, 2018–JANUARY 6, 2019
NNAWƆTWE A EFI ASE JANUARY 7-13, 2019
Adesua mmienu yi bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛanya anisɔ ama nokware a ɛsom bo a efi Yehowa hɔ no. Nokware no som bo araa ma biribiara a yebegyae akyi di akɔhwehwɛ no, ɛnsɛ hwee. Saa adesua nsɛm yi nso bɛma yɛahu nea ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abu nokware no sɛ ɛsom bo. Afei nso, ɛbɛhyɛ yɛn den sɛnea ɛbɛyɛ a nokware a ɛsom bo a Yehowa akyerɛ yɛn no, yɛremfa nto nkyɛn anaa yɛrentoto no ase da.
NNAWƆTWE A EFI ASE JANUARY 14-20, 2019
13 Fa Wo Ho To Yehowa So Na Nya Nkwa!
Habakuk nhoma no ma yehu sɛnea yɛbɛkɔ so de yɛn ho ato Yehowa so bere a yɛwɔ ahohia mu. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ, sɛ ɔhaw, sɔhwɛ, ne ɛyaw a yɛrefa mu no mu yɛ den mpo, na yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, awiei koraa no, obegye yɛn nkwa.
NNAWƆTWE A EFI ASE JANUARY 21-27, 2019
18 Hena Na Ɔkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ?
NNAWƆTWE A EFI ASE JANUARY 28, 2019–FEBRUARY 3, 2019
23 Worenya Yehowa Adwene Anaa?
Bere a yɛne Yehowa abusuabɔ mu reyɛ den no, ɛma yehu sɛ adwene a Yehowa wɔ wɔ nneɛma ho no korɔn. Adesua mmienu yi bɛma yɛahu nea yɛbɛyɛ na wiase no nsusuwii ankyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na mmom yɛanya Yehowa adwene.
28 Ayamye—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi