Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 6
Asɛmti: Yɔnkodɔ a Yebeyi Adi Akyerɛ.
10 min: Dwom 61 ne Nkaebɔ Ahorow.
25 min: “Munsua Onyankopɔn.” Nkɔmmɔ a anibere wom a mpanyimfo dodow bi bɔ wɔ asɛnka agua so, kyerɛ sɛnea asɛm no ho hia wɔn. Monkenkan nkyekyem biara na mommɔ ho nkɔmmɔ. Oguamtrani de asɛm ba awiei, na ɔhyɛ atiefo nkuran sɛ wɔmfa asɛm no nkɔ Onyankopɔn anim mpaebɔ mu anibere so.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban So.” Nkɔmmɔbɔ tiaa ne asɛnka ho ɔyɛkyerɛ. Ɔyɛkyerɛ no akyi no, wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Hyɛ obiara nkuran ma onnya mu kyɛfa yiye sɛnea ne nsɛm tebea ma kwan, wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ ne afoforo a yɛbɛma wɔakra bi mu. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no obenya nsɛmma nhomakra biako January mu.
5 min: Dwom 15 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 13
Asɛmti: Hyɛ Gyidi Den—Som Daa.
10 min: Dwom 78. Nkaebɔ biara a ɛwɔ hɔ. Asɛmti ho nkyerɛkyerɛmu tiaa.
25 min: Ɔdan a Yebesi De Ahyɛ Yehowa Anuonyam.—1 Be. 29:9-13.
(10 min.) Ɔkasa a esi asɛm “Ɔdan a Yebesi De Ahyɛ Yehowa Anuonyam a ɛwɔ May 1 1979, Engiresi. Ɔwɛn-Aban mu nsɛntitiriw so dua. Si so dua sɛ ɛsɛ sɛ yɛde biribiara hyɛ Yehowa anuonyam efisɛ biribiara yɛ ne dea. (1 Be. 29:11) Wɔ asɛmti ketewa “Ɔdan a Yebesi ama Daakye” ase no, ka ntrɛwmu a aba ahyehyɛde no mu wiase nyinaa ho abakɔsɛm kakra. Bere a woreka “Atirimpɔw a Yɛde Si Dan’ ho asɛm no, si nea enti a wɔtrɛw asafo no adan ne mfiri ahorow mu no so dua.
(10 min.) Wo ne atiefo mmɔ nea yɛn mu biara betumi ayɛ wɔ adan a wosi de hyɛ Yehowa anuonyam fam ho nkɔmmɔ. Ka nsɛmpɔw a edidi so yi ho asɛm:
1. Fa wo nneɛma a ɛsom bo hyɛ Yehowa anuonyam, te sɛ wo bere, ahoɔden a wowɔ, wo honam fam nneɛma ne ade.—Mmeb. 3:9.
2. Te sɛ Dawid bere so no, mmoa a nnipa nkorɛnkorɛ de ma no kyerɛ nhyira a Yehowa de ma ho anisɔ a wɔwɔ.—1 Be. 29:13.
3. Wɔhyɛ ntoboa a wofi koma mu de ma ho nkuran.—2 Kor. 8:12; 9:7.
Hokwan a ɛwɔ hɔ ma yɛayi ntoboa de aboa asafo a yɛwɔ mu. Hokwan a ɛwɔ hɔ ma yɛayi ntoboa akɔma Asafo ti no tẽe sɛ ankorankoro anaa sɛ asafo.
Fa ntoboa a yebeyi de aboa baa dwumadibea foforo a wobesi no ho nsɛm ka ho.
4. Ntoboa a yeyi kyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa na ohyira wɔn a wofi wɔn pɛ mu yi ntoboa.—1 Be. 29:14-17; Mal. 3:10.
20 min: “Momma Yɛmmoa Yɛn Ho Yɛn Ho na Yɛnsom Daa.” Asɛm yi ho ɔkasa a ɛhyɛ nkuran. Si hia a ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ankasa ho den denam som a yɛsom daa ne afoforo a wohia mmoa a yɛbɛboa wɔn, so so dua. Nkyekyem 5 ho dwumadi mu no, fa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a ɔrekɔ obi a nnansa yi ɔmma adesua nkyɛn ho ɔyɛkyerɛ ka ho. Fa 2 Petro 1:5-8 ho nkɔmmɔbɔ fi ase na ka Memeneda awia asɛm a wɔka kyerɛe wɔ “Anidaso a Nkwa Wom” Ɔmantam Nhyiam no ase a ɛne “Monnyɛ Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw anaa Wɔnnsow Aba” mu nsɛntitiriw kyerɛ. Paw su horow a wɔabobɔ din wɔ nkyekyem ahorow no mu no kakra na fa nsɛntitiriw a ɛfata a wokae wɔ ɔkasa no mu no ka ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ GYIDI ho no: Gyidi asehwe fi ase denam fekuw a “ɛho tew” a wɔne afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, ne afoforo a wɔwɔ suban pa bɔ so, anaa da biara da asetra mu nneɛma ahorow mu a obi de ne ho hyɛ kɛse“a ɛmma onii nnwen Onyankopɔn ho fi so. Da biara da no ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn te ase na ɛnsɛ sɛ yɛma dwumadi nhyehyɛe a adagyew nni mu siw mpaebɔ ne Bible akenkan kwan. Wɔ AHOSODI ho no: Ebia yebehia ahosodi wɔ nneɛma a ɛnyɛ bɔne ankasa mu—bere a ɛsɛ sɛ yedum TV anaa yefi adamfo bi fie. Bere pii a yebenya de agye yɛn ahome betumi aboa ma yɛanya ɔsom adwuma ne nhyiam horow mu anigye kɛse. Sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn honhom aboa yɛn no, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛka sɛ “Dabi” bere a yehyia sɔhwɛ. Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ho dɔ na ɛkanyan yɛn ma yedi dwuma na yɛsow aba, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ɔdɔ no tra hɔ ara kwa, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma “ebu so,” na nnwuma a yɛyɛ no anyɛ te sɛ nea ɛyɛ ɔhyɛ so, na mmom nea efi koma mu. Nkɔmmɔbɔ akyi no, to nsa frɛ no anifere kwan so na yɛ nhyehyɛe sɛ mobɛbom akɔ Ahenni. Asa so Kwasida. Oguamtrani ka 1 Korintofo 15:58 ho asɛm de wie.
5 min: Dwom 92 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 20
Asɛmti: Krado a Yɛbɛyɛ sɛ Yɛbɛka Yɛn Gyidi Akyerɛ.—1 Pet. 3:15.
12 min: Dwom 54. “Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom mu Apontow ma Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. .,
Anuanom a wɔde afã abien a edi so yi bɛhyɛ wɔn nsa no bɛbom ayɛ ho nhyehyɛe. Afã abien no toam.
13 min: “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa (Ɔfa III) : Ma Yɛakasa Afie Afie.” Atiefo nkɔmmɔbɔ
25 min: Siesie Wo Ho sɛ Wobɛkasa.
(4 min. Oguamtrani ka mfaso a ɛwɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ma yɛaboa yɛn ho yɛn ho no so ho asɛm tiaa, Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa wɔn a wɔapene so sɛ wɔbɛbom ayɛ adwuma bere tenten bi no, ebia ɔyɛkyerɛ a edidi so yi ho bɛba mfaso: (1) ahosiesie a wɔbɛbom ayɛ, ne (2) adwuma a wɔbɛbom ayɛ wɔ asɛnka mu. . .
(10 min.) Ahosiesie a wɔbɛbom ayɛ. Anuanom mmea baanu ahyiam resiesie wɔn ho wɔ asɛnka a wɔada no adi wɔ nkyekyem a ɛto so 4 mu wɔ Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ ase hɔ no ho. Wɔn ahosiesie no nyinaa mu no wɔde nsɛntitiriw a wɔada no adi ma aboa adawurubɔfo a wɔrebom ayɛ adwuma wɔ “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa (Ɔfa III) : Ma Yɛakasa Afie Afie.” nkyekyem 4 hɔ no di dwuma.
(2 min.) Oguamtrani ma atiefo ka ɔyɛkyerɛ no mu nneɛma a wobetumi de adi dwuma ho asɛm.
(6 min.) Adwuma a wɔbɛbom ayɛ wɔ asɛnka mu. Yɛ “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa,” nkyekyem 5 ne 6 mu nsentitiriw a yɛde bedi dwuma, ho ɔyɛkyerɛ. Ɔpon ano no, anuanom mmea baanu no kasa, nanso onuawa a ne ho akokwaw no na odi anim titiriw, na ɔde nsɛmma nhoma kyerɛ a wonnye. Nsrahwɛ ba awiei na adawurubɔfo fi ofiewura no nkyɛn adamfofa kwan so. Bere a wɔrekɔ ofie foforo mu no. adawurubɔfo bɔ nea wɔyɛe ne nea wobetumi ayɛ wɔ ofie foforo no mu ma atu mpɔw ho nkɔmmɔ.
(3 min.) Nsɛmma nhoma a wɔde di dwuma nso yɛ nea wobetumi abom asiesie wɔn ho wɔ ho na wɔabom ayɛ adwuma. Hyɛ wɔn a wɔhwehwɛ mmoa no nkuran sɛ wɔnka nkyerɛ wɔn adesua so hwɛfo no na ma adawurubɔfo mfa wɔn ho mma sɛ wɔbɛboa afoforo. Adwuma a mobɛbom ayɛ sɛ nnamfo wɔ asɛnka adwuma no mu .no bɛhyɛ mo den na ɛho aba mo baanu nyinaa mfaso.
10 min: Nsɛm a adawurubɔfo a wɔne afoforo nantewee wɔ mmere a atwam mu na ɛho baa wɔn mfaso ka kyerɛ. Dwom 59 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 27
Asɛmti: Fa Anigye Som Yehowa.
10 min: Dwom 63 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Mmerante ne Mmabaa Afã Wɔ Kristofo Asafo no Mu,” a ɛwɔ November 1, 1979, Ɔwɛn-Aban mu ho ɔkasa a ɔpanyin ma. Si hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma mmerante ne mmabaa sɛ woyi Yehowa ayɛ, so dua. Fa nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua a ɛto so abien mu nyinaa bra ɔkasa no mu na kyerɛ nneɛma a asiane wom a nhyehyɛe a adaemone di so yi de sisi mmofra anim. Ka nea enti ne ɔkwan a wobetumi afa so akwati. Hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran ma wɔmmata Yehowa ahyehyɛde no ho na wonnya Ahenni adwuma mu nhyira horow.
15 min: Mmofra De Anigye Som wɔ Asɛnka Adwuma Mu Nkɔmmɔ a wɔne mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa bɔ. Oguamtrani betumi akamfo mmofra wɔ nea wɔyɛ ne nea wobetumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ ho de afi ase. Ka hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma wɔanya afie afie asɛnka adwuma mu kyɛfa ho asɛm na ma wɔnkyerɛ wɔn adwene. Nkɔmmɔbɔ no mu no ebinom betumi aka sɛnea wɔte nka ho asɛm, sɛ ebia: (1) Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔbɛkasa akyerɛ mpanyimfo. (2) Ɛte saa nso bere a mfɛfo sukuufo ba ɔpon ano. (3) Wɔte nka sɛ wɔn ho nkokwawee sɛ wobebua nsɛm a ofiewura bisa. Oguamtrani ne mmofra susuw ho na ɔma wɔde nyansahyɛ a ɛho wɔ mfaso yi ho nkyerɛkyerɛmu ma: Hia a ɛho hia sɛ yenya adwempa (2 Tim. 2:22) ; kyerɛ nsɛm a abofra betumi ne ɔpanyin aka; sɛnea adawurubɔfo nkumaa betumi ne mmofra a wɔba ɔpon ano akasa: mfaso a ɛwɔ so sɛ ɛtɔ da bi a wɔne mpanyimfo ne mmofra afoforo bɛbom ayɛ adwuma; sɛnea mmofra a wɔn ani afi betumi aboa wɔn a wosusua ma wɔasiesie wɔn ho ama asɛnka adwuma. Awiei no, hyɛ mmofra ne mpanyin nkuran ma wɔmfa anigye nka asɛmpa no nkyerɛ—Rom. 10:10.
15 min: “Wode Nea Woasua Ɔsram Yi Redi Dwuma Dɛn?” Onua a wɔde ɔfa yi ahyɛ ne nsa no bedi kan ne adawurubɔfo abɔ sɛnea nea edidi so yi ho aba wɔn mfaso ho nkɔmmɔ: (1) Wɔn a wɔagyae asɛnka a yɛbɛboa wɔn ma wɔahu nea enti a ɛsɛ sɛ yenya asɛnka adwuma mu kyɛfa daa. (2) Boa a yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho na yɛatumi akasa ma atu mpɔw wɔ afie afie. (3) Asɛnka adwuma ho nkontaabu.
15 min: Dwom 109 ne mpaebɔ.