Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 3
12 min: Dwom 103. Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata, ne mo asafo mu nkaebɔ ahorow ne Baa Krataa mu nsentitiriw, sɛnea bere ma kwan.
18 min: “Asɛm a a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow a Wɔde Di Dwuma So.” Nsemmisa ne mmuae dwumadi. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa adawurubɔfo baanu a wɔbɔ mmɔden wɔ nkurɔfo a wɔne wɔn kasa wɔ mmɔnten so ne mmeae afoforo nyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo fi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ. Ka osuahu ahorow fa hyɛ anuanom nkuran. Ka nea mpanyimfo no ahyɛ no nsow wɔ nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a wɔkra ne sɛnea wɔde di dwuma ho no ho asɛm.
23 min: “Asɛnka ne Asuafoyɛ Adwuma no a Yɛbɛyɛ no Nnam So.” Nsemmisa ne mmuae.
Ɔyɛkyerɛ: Ma ɔdawurubɔfo nyɛ asɛnka ho ɔyɛkyerɛ. Obetumi aka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ebia woabɔ mpae asrɛ sɛ Onyankopɔn ahenni mmra, ne sɛ wɔnyɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro. Bible si so dua kyerɛ yɛn wɔ Dwom 72 sɛ Onyankopɔn ahenni no de ahotɔ bɛbrɛ ahiafo. (Kenkan nky. 12 ne 13.) Wobegye wɔn a wɔde atirimɔden hyɛ wɔn so no. (Kenkan nky. 14.) Ɔkɔm ne ɔyare befi hɔ, (Kenkan nky. 16.) Eyi yɛ asɛmpa, ɛnte saa anaa? (Ma kwan ma ofiewura mmua.) Nanso nnipa pii bisa sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ saa nneɛma yi bɛba ampa, ne sɛ nea Bible no ka no teɛ? Migye di sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan eyi (bue kratafa 177 wɔ nhoma Choosing the Best Way of Life mu na kenkan nkyekyem 1) . Saa nhoma yi ka Onyankopɔn ahenni ho asɛm ne sɛnea yɛbɛyɛ ahu sɛ ɛde ahotɔ a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛba ampa.” Fa nhoma no ma no sɛ ɛyɛ ¢1.50. Sɛ wannye nhoma no a, fa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo a wowɔ no ma no, a ɛyɛ 60p.
Oguamtrani kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a asɛnka tiaa bɛyɛ nea ɛfata no, ebia ɔdawurubɔfo bɛpɛ sɛ ɔka Dwom 72:16 ho asɛm. Wo ne atiefo nka nkyekyem no mu nsentitiriw a wobetumi de adi dwuma ho asɛm.
7 min: Dapɛn yi awiei no, da wo mmɔdenbɔ wɔ nnwuma mu adi denam nsakrae a wobɛyɛ wɔ wo dwumadi nhyehyɛe mu na wo ne asafo no nyinaa anya afie afie asɛnka titiriw a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama Kwasida no mu kyɛfa. Wɔhyɛ obiara nkuran ma wanya mu kyɛfa. Dwom 66 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 10
12 min: Dwom 37. Nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
20 min: “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa (Ɔfã 4) : Ma Yɛafi Bible Adesua Ase.” Asɛnka adwuma sohwɛfo ne adesua so ahwɛfo baanu bɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Ma atiefo nnya kwan mmisabisa wɔn nsɛm wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no akyi. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa nhyehyɛe a wɔayɛ no so nnya mmoa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu.
15 min: “Yehowa. Guandɔbea a Wotumi De Ho To No Si.” (wTW79 1/8 kr. 3) Ɔpanyin kyerɛ nea Dwom 11 fa ho. Afei ɔde Dwom 11 nkyekyem ahorow no ho nkyerɛkyerɛmu ma mmiako mmiako, na ɔde toto ɔman no mu nsɛm ho.
13 min: Kwasida a edi kan ɔsram mu adansedi mu osuahu ahorow, Ka nsɛm a asasesin no mufo ani gyee ho kɛse ho asɛm. Sɛ wonim nnipa dodow a wonyaa dwumadi no mu kyɛfa saa da no a, eyi betumi ayɛ nkuranhyɛ ama asafo no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnsan nkɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye nkyɛn na wɔmmɔ mmɔden sɛ wobefi adesua ase. Dwom 44 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 17
8 min: Dwom 41 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
17 min: Mmoa a Wofi Ɔdɔ Mu De Ma Wɔ Hɔ. Ɔpanyin di ho dwuma. Nnɛyi mpanyimfo te sɛ Paulo, a na nneɛma pii wɔ hɔ a egye ne bere. (2 Kor. 11:28, 29) Nanso, ɔtee nka dɛn wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru a na ɔwɔ wɔ ne nuanom ho no ho? (1 Tim. 1:12) Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ te nka saa ara, na ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom nyinaa honhom mu. Bere a ebia wɔrentumi nyɛ nea wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ bere nyinaa no, wɔwɔ atirimpɔw koro no ara a Paulo daa no adi no, a nneɛma ahorow a ɛhaw adwene mfa ho.—2 Kor. 4:7, 8, 16.
Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ, mpanyimfo ne asafo mũ nyinaa ma yɛanya ɔhwɛ adwuma no ho mfaso kɛse? (Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔka osuahu ahorow kyerɛ wɔ sɛnea wɔaboa wɔn no ho.)
Na, mpanyimfo bi nso de nyansahyɛ ahorow ma wɔ nea wɔahu sɛ ɛho wɔ mfaso wɔ ɔhwɛ adwuma a wɔyɛ wɔ afie. wɔ nhyiam horow ase anaa wɔ asɛnka adwuma mu ho no ho. Awiei no, hyɛ nkuran sɛ bere a mpanyimfo kɔ so yɛ ɔhwɛ adwuma no, yɛn nyinaa betumi de honhom koro no ara a Korinto asafo no yii adi kyerɛe bere a na wɔreyɛ nhyehyɛe de mmoa akɔma wɔn a ahia wɔn wɔ Yudea no adi dwuma.—2 Kor. 8:8-12.
30 min: Sɛ Yehowa Kasa a, Tie! Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma.
(5 min.) Ɔkasa a oguamtrani ma. Sɛ́ Yehowa kasa a yebetie no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ yebedi nneɛma a Onyankopɔn akyerɛw wɔ n’Asɛm mu no so.—Aso. 20:31, 32.
(25 min.) Nkɔmmɔbɔ a egyina Aso. 20:17-28 so. Kenkan nkyekyem ahorow no na afei bisabisa nsɛm. (1) Kenkan nky. 17-19, Ɔkwan bɛn so na Paulo daa ayamhyehye a na ɔwɔ wɔ anuanom ho no adi? (2) Kenkan nky. 20. Bere a Paulo kae sɛ wɔ “afi mu” no na ɔkyerɛ dɛn? (3) So ɛfa yɛn ho nnɛ anaa? (Mat. 24:14: Marko 13:10: 1 Kor. 9:16; hwɛ w79 7/15 kr. 18. nky. 16-18) (4) Kenkan nky. 24. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo nhwɛso no? (5) Kenkan nky. 25-27: Ɔkwan bɛn so na yɛn ho betumi afi wɔ mogya ho afodi ho? (6) Kenkan nky. 28. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ na aboa yɛn ma yɛakɔ so atie Yehowa?
5 min: Dwom 10 ne mpaebɔ. Momfa April 1, 1979, Engiresi Ɔwɛn-Aban mmra dapɛn a edi hɔ no.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 24
ASƐMTI: “Da a Yɛbɛda no Adi sɛ Yesusuw Yɛn Mmofra no Ho.”
8 min: Dwom 73 ne asafo mu nkaebɔ ahorɔw.
15 min: Asɛm “Da a Yɛbɛda no Adi sɛ Yesusuw Yɛn Mmofra no Ho” ho nsemmisa ne mmuae.
12 min: Sɛnea Wɔyɛ No! Ɔpanyin a ɔne mmofra tumi bɔ nkɔmmɔ yiye bedi ho dwuma. Kyerɛ ɔpanyin a ɔne onua aberantewa bi rebɔ nkɔmmɔ bere a wɔapɔn Teokrase Sukuu ne ɔsom nhyiam akyi pɛɛ. Ɔpanyin ne onua aberantewa bɔ ne dapɛn no mu Bible akenkan ho nkɔmmɔ. Ɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so wɔ nkɔso fɛfɛ a ɔrenya no mu. Nkɔmmɔbɔ no mu no obisa no n’adesua ne dwumadi ahorow wɔ sukuu ho asɛm ne sɛ ebia ohyia nsɛm bi a emu yɛ den wɔ sukuu. Ɔpanyin gye bere de nyansahyɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso ma na ɔhyɛ onua no nkuran. Bere a wɔrefi hɔ no ɔne no yɛ nhyehyɛe sɛ ɔne no bɛkɔ asɛnka saa dapɛn no awiei.
18 min: “Mmofra—So Monam Yiyedi Ankasa Kwan So?” Ɔkasa a emu yɛ hyew a egyina April 1, 1979. Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 9-12 so. Ma mmofra nkenkan nkyekyem ahorow a ɛwɔ ti ketewa “Honhom So a Wogu Gu” ase hɔ no.
7 min: Dwom 39 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 2
5 min: Dwom 31 ne nkaebɔ ahorow.
23 min: Kura W’Anidaso Mu Pintinn a Wunhinhim. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Ka nsɛmpɔw a edidi so yi ho asɛm: Anidaso ho hia Kristofo kɛse. (Rom. 15:13) Ɛma Kristofo tumi de anigye gyina a sɛnea tebea no te biara mfa ho. (Rom. 12:12) Anidaso ɛne ɔdɔ na ɛnam. (1 Kor. 3:10-15) Yɛmpɛ sɛ yegyaa anidaso mu. Nhyɛase pa ho hia, nanso ebinom ayɛ mmerɛw a wonni su horow a etumi gyina ogya ano. Ebinom ama kwan ma wɔn som, a asɛnka adwuma ka ho, abɛyɛ ade a wɔyɛ ara kwa, a ɛnyɛ ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn yɔnko nipa ne Yehowa na ɛka wɔn ma wɔyɛ saa. (Mat. 22:39) Wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ama kwan ma wɔde nsusuwii ne su horow a ɛte sɛ nneɛma a ogya tumi hyew ahyɛ wɔn mu. Ebinom ne Yehowa nni abusuabɔ a emu yɛ den. Boasetɔ de Onyankopɔn nhyira ba. (1 Kor. 15:58) Ɛho hia sɛ wɔsɔ yɛn gyidi hwɛ. (Yak. 1:2-4) Ɛho hia kɛse sɛ yɛn nyinaa kɔ so sow aba, nya nkɔso wɔ nimdeɛ a edi mu mu, na yenya ahoɔden na yɛatumi agyina akodu awiei.—Kol. 1:10, 11.
12 min: Ka nhoma a yɛde bedi dwuma March mu ho asɛm na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Fa Dwom 72:12-14, 16 di dwuma.
15 min: Ɔkwan Bɛn na Yebetumi Afa so De Nea Yɛasua no Adi Dwuma? Tĩ February Yɛn Ahenni Som mu nsɛntitiriw mu. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔredi eyi ho dwuma no di kan ma anuanom mmarima ne mmea bi siesie wɔn ho na wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛho wɔ mfaso ama. Nea ɛka ho no, bisabisa nsɛm a edidi so yi: Ɔkwan bɛn so na nyansahyɛ a wɔde mae sɛ yɛnka asɛm na yɛnyɛ asuafoyɛ adwuma no nnam so ho aba wo mfaso? Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛ sɛ yesusuw yɛn mmofra no ho? Sɛ wuhia mmoa wɔ Bible adesua asefi mu a, dɛn na ɛwɔ hɔ?
5 min: Hyɛ obiara nkuran ma onnya Kwasida dwumadi titiriw no mu kyɛfa dapɛn yi awiei. Dwom 107 ne mpaebɔ.