Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MARCH 2
8 min: Dwom 17 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min: “Dɛn na Woreyɛ De Akae No?” Mpanyimfo ne adawurubɔfo dodow bi bɔ asɛm ho nkɔmmɔ asɛnka agua so na wosi hia a ehia sɛ yedi Yesu ho nyinaa a ɔde maa n’Agya som na ɔde boaa afoforo no nhwɛso akyi no so dua. Bisabisa nsɛm kakra a ɛfa nea ɛsɛ sɛ adawurubɔfo yɛ de boa afoforo ho. Hyɛ obiara nkuran anigye so ma wonnya dwumadi ahorow mu kyɛfa.
20 min:; “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa (Ɔfa 5) : Ma Yɛanya Nkɔso.” Asɛnka adwuma sohwɛfo ne atiefo bɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Ma adawurubɔfo a wɔaboa wɔn fi bere a nsɛntitiriw yi fii ase daa adi November mu no binom nka nkɔso a wɔahu sɛ wɔanka wɔ asram kakra yi mu no nkyerɛ sɛ sɛ asɛnka adwuma sohwɛfo kamfo anuanom wɔ mmɔden a wɔabɔ wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ma yɛaboa afoforo wɔ asafo no mu no ho. Obetumi de botae afoforo a wobetumi de adwene asi so bere a wɔboa wɔn ho wɔn ho asisi wɔn anim.
12 min: Asɛnka ho nkaebɔ ahorow. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛfa anigye a wonya wɔ Kwasida a edi kan ɔsram biara mu adwuma titiriw a asafo yɛ wɔ afie afie mu nkyerɛ. Dwom 16 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 9
8 min: Dwom 55 ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Sika nkontaabu amanneɛbɔ.
20 min: “Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Moyɛ?” Ɔkasa a egyina asɛmti yi so, a atiefo nkɔmmɔbɔ ka ho. (“Anidaso a Nkwa Wom” Ɔmantam Nhyiam. Memeneda anɔpa dwumadi mu asɛm, a egyina 2 Petro 3:11 so.)
“ABRABƆ KRONKRON”: Nimdeɛ a edi mu ne gyidi ho hia na obi atumi ayɛ ‘abrabɔ mu kronkron.’ (1 Pet. 2:2, 3) Ɛnyɛ ade a sɛ obi pɛ a na ɔyɛ, na mmom ɛyɛ ahyɛde. (1 Pet. 1:15, 16) Dɛn ne “ahohwi”? (Aguamanneyɛ, ahuhubra, aniwude. Hwɛ w73 9/15 kr. 574.) Dɛn na ebetumi de aba asafo no so? (2 Pet. 2:1-3) Obi a ɔyɛ ade a ɛte saa sen obi a onni nokware no mu. Ɔto afoforo hintidua nso. (2 Pet. 2:17-22) Ontumi nka sɛ: “Egyina sɛnea w’ahonim te so,” “Afoforo yɛ saa ara.” Nneɛma bi yɛ bɔne a akyinnye biara nni ho. Ɛsɛ sɛ wokwati.—1 Pet. 2:16.
‘ONYANKOPƆN SOM PA AHOFAMA MU NNEYƐE HOROW: Obi a ɔwɔ Onyankopɔn som pa ahofama bu ade a ɛyɛ kronkron, na n’ani sɔ akronkronne. Yesu ne ɔdesani a odi kan a onyaa Onyankɔpɔn som pa mu ahofama a edi mu fi bere a efii Adam nsa wɔ Eden. (1 Tim. 3:16) Onyankopɔn som pa mu ahofama ho hia nnɛ esiane sɛ ɛrenkyɛ na nhyehyɛe yi aba awiei nti. (2 Pet. 3:12) Momma Yehowa da no ‘ntra mo adwene mu yiye’ denam yɛn nnɛyɛe, yɛn kasa ne yɛn asɛnka adwuma no so. Onyankopɔn som pa mu ahofama nyɛ boturobodwo na mmom ano yɛ hyew. Ɛda adi wɔ obi ho a ɔde hyɛ ɔsom adwuma no mu yiye so. Kae, ɛde mfaso bɛba mprempren ne daakye, (1 Tim. 4:8; Tito 2:11-13) Awiei no si hia a ehia sɛ yɛn nyinaa de di dwuma so dua.
25 min: “Asɛm a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnannanho a Yɛde edi Dwuma So.” Oguamtrani ma mmofra a wɔbɔ mmɔden kenkan nkyekyem ahorow bere a wɔte atiefo mu. Twe atiefo bra nkɔmmɔbɔ mu denam nsemmisa a ɛfata so. Yɛ obi a ɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti redi dwuma ho ɔyɛkyerɛ. Obi awu wɔ ofiewura abusua mu. anaa ɔde anoyi foforo bi ba. Ɔdawurubɔfo kɔ so ka n’asɛm a wasiesie no ara. Oguamtrani ba mu. Obisa atiefo sɛ ebia anka wobetumi adi ho dwuma ɔkwan foforo so. Wɔsan fi ɔyɛkyerɛ ase fi baabi a wɔde anoyi bae. Saa bere yi de ɔdawurubɔfo a anoyi a wɔde aba ho asɛm na otwa n’asɛm no so denam nhoma a ɔde kyerɛ anaa nhyehyɛe a ɔyɛ sɛ ɔbɛsan aba bio no so. Mubetumi abɔ anoyi anaa tebea horow a ebetumi ama ɛho ahia sɛ obi sakra n’asɛnka mu abien ho nkɔmmɔ. Ma wɔnka osuahu biako anaa abien a ɛfa sɛnea wɔsakraa asɛnka mu anaa wɔde nhoma foforo a ɛfata ofiewura no mae nkyerɛ. Hyɛ anuanom nkuran ma wonsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ma ɛne nsɛm tebea a ɛwɔ hɔ ahyia.
7 min: Asɛnka adwuma ho nkaebɔ ahorow. Kanyan Nkaedi a ɛbɛba March 31 ho dwumadi ahorow mu kyɛfa a wobenya ho anigye Dwom 11 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 16
ASƐMTI: “Mmofra—So Mode Mo Ho Hyem?”
8 min: Dwom 8 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
30 min: “Mmofraa—So Mode Mo Ho Hyem?”
(15 min.) Asɛm a ɛwɔ kratafa 1 no ho nsemmisa ne mmuae dwumadi. Ma mmofra a wɔwɔ atiefo mu nkenkan nkyekyem horow. Fa emu nsɛm toto mo asafo mu nsɛm ho.
(10 min:) Oguamtrani ne mmofra baanu, ebia aberante ne ababaa, bɔ nkɔmmɔ anigye so, na wɔkyerɛ nea enti a (titiriw honhom mu mfaso horow a enti) ɛsɛ sɛ mmofra de wɔn ho hyɛ asafo dwumadi ahorow mu. Ɛsɛ sɛ mmofra yi ka nea ɛwɔ wɔn komam ankasa. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin hyɛ nkuran na ɔda adwempa a egyina Kyerɛwsɛm mu ntease so a ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya wɔ mmofra ho adi.
(5 min.) Ɔkasa a oguamtrani de ma. Hyɛ mmofra ne awofo nkuran ma wommu ɔsom kronn nsen ɔhonam fam nneɛma akyidi. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn som pa ne nea yɛwɔ a yɛbɛma adɔɔ yɛn so yɛ yɛn botae. Ɛsɛ sɛ wobu ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no sɛ ɛsom bo yiye. Mmofra betumi asiesie wɔn ho, na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho, ma hokwan ahorow daakye wɔ Yehowa som mu ne yiyedi wɔ abusua asetra mu, sɛ wɔde nhyehyɛe a asafo yɛ no di dwuma yiye a. Hyɛ akwampaefo boafo adwuma a wɔyɛ wɔ sukuu a wamma bere mu ho nkuran.
15 min: Nnipa ahorow a wobisabisa wɔn nsɛm ne asafo nkɔmmɔbɔ a ɛfa sɛnea wobetumi de mmofra aba asafo dwumadi ahorow mu ho. Bisabisa asafo no mu mmofra a wonya asafo dwumadi ahorow mu kyɛfa yiye nsɛm. Bisa wɔn botae a wɔwɔ mprempren ne daakye wɔ Yehowa som mu ho nsɛm. Wo ne mmofra a wɔwɔ atiefo mu mmɔ nneɛma bi a wobetumi ayɛ wɔ asafo no mu ne wɔn mmusua mu ma ada honhom mu nkɔso adi ho nkɔmmɔ.
7 min: Asɛnka adwuma ho nkaebɔ ahorow ne nkuranhyɛ a wɔde ma mpanyimfo sɛ wɔne mmofra nyɛ adwuma dapɛn yi awiei. Dwom 7 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 23
10 min: Dwom 111 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min: April mu Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde bɛma. Hyɛ obiara nkuran ma onsiesie ne ho bere a wɔkɔ asɛnka April mu. Nea yɛde bɛma no bɛyɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhomakra ne nhoma biako a yɛde bɛka ho akyɛ. (Hwɛ Nkaebɔ afã hɔ.) Ma ɔdawurubɔfo nyɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde bɛma ho ɔyɛkyerɛ, Afei ma atiefo mma nyansahyɛ ahorow wɔ Ɔwɛn-Aban no afa horow a wɔte nka sɛ ofiewuranom ani begye ho ho. Wobetumi de nhoma a ɛka ho no afa horow a ɛfata adi dwuma abisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yegye di sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no yɛ nokware na ɛrenkyɛ na anya mmamu?” Asɛnka adwuma sohwɛfo betumi ama adawurubɔfo ahu nhoma horow a ɛwɔ asafo no mu na wahyɛ emu nsɛm a ɛfata a wobetumi de adi dwuma ho nyansa.
20 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade te.
10 min: Asɛnka adwuma ho nkaebɔ ahorow. Kanyan afie afie asɛnka a wɔbɛyɛ no dapɛn awiei ho anigye. Dwom 112 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 30
8 min: Dwom 56 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Nea Nkaedi no Kyerɛ ma Yɛn.” Nkaedi no ho ɔkasa fɛfɛ a ɔpanyin ma. Ɛsɛ sɛ ɔkasa no da ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn wɔ ma ɛn sɛ ɔde a ede no mae no adi. (Yoh. 3:16: 1 Yoh. 4:8-11) Ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ sɛnea Yesu Kristo fi ne pɛ mu de ne ho ma maa yɛn (1 Yoh. 3:16) ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ anisɔ.
12 min: “Nea Onyankopɔn ne Kristo Ayɛ Ama Yɛn Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ.” Mmusua abien ntam nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ sɛnea wɔkyerɛ anisɔ denam nhyehyɛe a Yehowa nam n’ahyehyɛde so ayɛ ama yɛn no di dwuma so: kokoam adesua, asafo nhyiam horow ne nhyiam akɛse, asɛnka adwuma mu kyɛfa a wonya na wɔka asɛmpa kyerɛ afoforo. Awiei no wɔkyerɛ sɛnea wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyerɛ anisɔ ɔsram yi denam asɛnka adwuma mu kyɛfa daa a wobenya na wɔasan akɔ wɔn a wɔwɔ anigye a wɔbaa Nkaedi no ase nkyɛn akɔboa wɔn ne afoforo ma wɔakra Ɔwɛn-Aban no so.
20 min: Mo March Yɛn Ahenni Som mu nsɛntitiriw mu. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔredi eyi ho dwuma no ma anuanom di kan siesie wɔn ho na wɔama nkyerɛkyerɛmu a ɛho wɔ mfaso. Nea ɛka nkyerɛkyerɛmu a wɔde bɛma wɔ sɛnea wɔde nea nsa kae wɔ March Yɛn Ahenni Som mu bedi dwuma no ho no, obetumi ama wɔde ebinom ho nkyerɛkyerɛmu ama: (1) Ɔkwan bɛn so na wode nyansahyɛ ahorow a ɛfa akwampaefo, mmofra ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛboa wɔn no bedi dwuma bere a wɔyɛ w’asɛnka adwuma ho nhyehyɛe? (Hwɛ asɛm a ɛwɔ kratafa 3.) (2) Nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ yɛn Asɛnka Nhyiam Horow afa hɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛho aba mfaso kɛse ama wo? (3) Ɔkwan bɛn so na woatumi de nyansahyɛ a ɛfa nnannan ho a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka adwuma mu no adi dwuma? (Hwɛ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ.” afã hɔ.)
5 min: Dwom 60 ne mpaebɔ.