Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MAY 4
10 min: Dwom 69 ne Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata.
13 min: “Yɛwɔ Nea Wohia!” ho atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka nhoma no mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma.
20 min: Fa Bible Stories Nhoma Di Dwuma. (6 min.) Oguamtrani bɛma ɛbo a Bible Stories nhoma no som wɔ mmofra ne mpanyin a yɛbɛboa wɔn mu ho ɔkasa simma anan. (10 min) Yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ ɔkwan a ɔdawurubɔfo betumi afa so de ama na wakyerɛ ofiewura no sɛnea wosua nhoma no: twe adwene kɔ kyerɛw nsɛm a asɛm no gyina so no so, na hyɛ nkuran sɛ wonni kan nkenkan eyi ansa na wɔakenkan asɛm a ɛwɔ nhoma no mu no. Bere a woreyɛ adesua no, susuw Bible mu nkyerɛkyerɛ, nkɔmhyɛ anaa abrabɔ ho nnyinasosɛm bi a ɛsɛ sɛ wotwe ofiewura no adwene kɔ so na aboa no ma wate ase yiye no ho, sɛ ɔyɛ ɔpanyin a. Twe adwene kɔ mfonini no so nso sɛ nea ɛboa wɔ adesua mu. (4 min.) Awiei no hyɛ obiara nkuran ma onnya mu kyɛfa na ɔnyɛ Bible adesua, na kyerɛ sɛnea wɔn a wonnim nhoma mpo betumi ayɛ eyi denam mfonini ahorow no a wɔde bedi dwuma bere a wɔadi kan asiesie wɔn ho yiye no so.
12 min: Afe Nhoma ho ɔkasa a emu yɛ hyew. Twe adwene kɔ afe asɛm ne nea ɛkyerɛ no so, na ka emu nsɛm afoforo a ɛyɛ anigye na ama anuanom ani agye sɛ wɔbɛkenkan.
5 min: Dwom 93 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MAY 11
Asɛmti: Awofo—Mommoa Mo Mma
10 min: Dwom 82. Akwaaba-ma ne asafo mu nkaebɔ ahorow a sika nkontaabu amanneɛbɔ ka ho. Kae asafo sɛ wɔmfa Afe Nhoma ne 1980 Nyan! (Engiresi de) no mu biara mmara adesua dapɛn a edi hɔ no.
20 min: “Awofo—Dɛn na Mo Mma Besua?” Asɛm no ho nsemmisa ne mmuae, a ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔne mmofra sua Bible Stories nhoma no ka ho.
15 min: Wɔn a wonyaa Bɔnnɔ so Adansedi Ho Mfaso. Nkɔmmɔbɔ ahorow abien: (1) Onipa biako anaa nnipa baanu a ɛdenam bɔnnɔ so adansedi so na wobehuu nokware no. Ma wɔnka wɔn suahu nkyerɛ. (2) Wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔbɔ mmɔden wɔ bɔnnɔ so adansedi mu. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔyɛ no ne nnipa ko a wɔne wɔn kasa. Dɛn nti na etu mpɔw? Dɛn nti na wɔn ani gye ɔsom adwuma no fã yi ho?
10 min: Tĩ nsɛntitiriw a wɔasua wɔ afã abien a edi anim yi mu no mu. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ emu nsɛm a ɛho bɛba mfaso wɔ asasesin a mowɔ mu no mu. Ka kyerɛ atiefo sɛ adesua a edi akyiri wɔ ɔsram no mu no mu no ebinom bɛka osuahu a wonyae wɔ nyansahyɛ ahorow yi a wɔde dii dwuma mu no akyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma onni adanse bɔnnɔ so bere biara a obenya hokwan.
5 min: Dwom 79 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE MAY 18
10 min: Dwom 95 ne asafo mu nkaebɔ. Fa Teokrase Nsɛmmansɛmma ka ho anigye so na hyɛ anuanom nkuran ma wɔnyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtrɛw wɔn asɛnka adwuma mu asram a ɛreba no mu.
20 min: “Biribi Foforo a Wɔde aba Awake! Mu na Aboa Yɛn Adansedi Mu.”
(10 min.) Asɛm no ho ɔkasa. Hwehwɛ afa horow a wɔaka ho asɛm no wɔ Borɔfo Nyan! a aba nnansa yi no bi mu.
(10 min.) Ɔyɛkyerɛ ahorow: (1) Ɔdawurubɔfo kumaa. Nnianim asɛm akyi no, ka sɛ: “Mewɔ biribi wɔ ha a migye di sɛ w’ani begye ho. Afei yi nsɛmma nhoma no, bue kratafa 3 na kenkan atifi asɛm ne asɛmti no ankasa. Ɛha no, wobetumi de nsɛmma nhoma no ama. Oguamtrani ka tiaa a asɛnka no yɛ ho asɛm, na ɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmmoa wɔn mma mma wonsua. (2) Ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw kakra. Efi ase te sɛ atifi hɔ de no, nanso bere a woakenkan atifi asɛm ne asɛmti no ankasa akyi no. gyina kakra na ka sɛ: “Hyɛ nea ɛka wɔ ha no nsow,” na kenkan nkyekyem a edi kan no. Afei bisa asɛm a wɔde nkyerɛwee a ani soso atintim no na ma ofiewura mmua. Kenkan nkyekyem a ɛwɔ asemmisa no ase hɔ no na afei fa nsɛmma nhoma no ma. Oguamtrani twe adwene kɔ nsemmisa afoforo a wɔde nkyerɛwee a ani soso atintim so. Wobetumi abɔ eyinom nso ho nkɔmmɔ sɛ onii kyerɛ ho anigye pii a. Wobetumi de kyerɛw nsɛm ahorow no abam. anaa wɔakenkan nea wɔabobɔ din ara kwa no afi Bible mu.
20 min: 1980 Afe Nhoma no nkratafa 32 a edi kan no mu nsentitiriw. Ɔpanyin twe adwene kɔ nea epue kratafa 2 no so. Afei ɔka anidaso afã horow a wɔada no adi wɔ nkratafa 3-7 ho asɛm. Ma atiefo nka nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ nkuran a wɔahu wɔ nkratafa 8-32 ho asɛm.
10 min: Kae asafo no wɔ asɛnka adwuma nhyehyɛe ho. Dwom 102 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 25
10 min: Dwom 115 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Munsusuw nneɛma a ɛho hia wɔ asafo mu ho. anaa October 22, 1979 Engiresi Nyan! mu asɛm “Afotu Pa Bɔ Yɛn Ho Ban Wɔ Nsɛmmɔnedi Ho” ho nkɔmmɔbɔ. a esi kyerɛw nsɛm asia a ɛwom no so dua.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Afoforo ho Anigye a Yɛkyerɛ So (Ɔfã 1) .” Ɔkasa, na aboa atiefo ma wɔahu sɛ ɛnyɛ yɛn botae wɔ adansedi mu ne sɛ yɛde nhoma bɛma nko, na mmom sɛ yɛbɛkasa akyerɛ nkurɔfo, ate nneɛma a ɛhaw wɔn ase, na yɛde Bible no akyerɛ wɔn nea wobetumi ayɛ wɔ ho, ne sɛnea Ahenni no bedi ho dwuma.
15 min: Dɛn na Wobɛka Akyerɛ ofiewura Yi? Oguamtrani yɛ tebea horow abiɛsa yi ho nhyehyɛe:
(1) Ɔyere a okura praeɛ wɔ ne nsam ba pon ano,
(2) Ɔbarima ba pon ano a okura atesɛm krataa.
(3) Abofra a ɔrebɛn mpanyin afe so ba pon ano.
Emu biara mu no, ma ɔdawurubɔfo nkɔ ɔpon ano, na sɛ ofiewura pue pɛ a, ma ɔntwɛn na bisa atiefo ma wɔnkyerɛ ɔkwan a ɛbɛyɛ papa sɛ wɔfa so di tebea no ho dwuma. Afei, ɔdawurubɔfo yɛ ɔyɛkyerɛ a wasiesie no.
5 min: Dwom 20 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 1
10 min: Dwom 64 ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Kenkan Asemmisa Afã hɔ asɛm no.
15 min: “So Wo Nkutoo Ne W’abusua Muni a Wowɔ Nokware No Mu?” Asɛm no ho nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Kyerɛ mmɔden a saa adawurubɔfo yi rebɔ ne sɛnea wɔredi wɔn tebea no ho dwuma. Kyerɛ sɛnea afoforo betumi aboa wɔn ne nea enti a yɛn ani sɔ nhwɛso pa a wɔyɛ no. Hyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔte saa na yɛhwɛ sɛnea yɛn mu biara betumi aboa wɔn na yɛahyɛ wɔn nkuran.
8 min: Dɛn na Wo Mma Resua? Agya (ne ɛna sɛ wɔpɛ a) ne mmofra baanu anaa baasa susuw Adesua 69 wɔ My Book of Bible Stories mu a ɛfa Israelni abeawa a ɔwɔ Siria ho no ho. Si sɛnea na ɔno nkutoo resom Yehowa wɔ ananafo asase so, nanso ɔde akokoduru kaa Yehowa ne ne diyifo nokwafo no ho asɛm no so dua. Boa mmofra ma wonsusuw nea wosua no no. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de eyi atoto adanse a wodi kyerɛ wɔn mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo no ho? Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aboa wɔn ma wɔagyina pintinn wɔ nsɛm a ɛfa nnapɔnna, awodadi wɔ sukuu, ne ade ho?
17 min: Yɛn Nhyiam Horow Aboa Yɛn Dɛn? Tĩ nneɛma a yɛasua wɔ nhyiam horow ase mu. Fa nsɛm a edidi so yi bra mu sɛnea bere ma kwan (na fa adawurubɔfo a wɔadi kan asiesie wɔn ho di dwuma) : (1) Hokwan ahorow bɛn na woahu sɛ ɛfata wɔ bɔnnɔ so adansedi mu, na osuahu bɛn na woanya? (2) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ nnipa a yɛkasa kyerɛ wɔn wɔ yɛn asasesin mu ho anigye? (3) Ma wɔnka osuahu biara a wɔanya nkyerɛ wɔ Awake! no afã foforo (a ɛwɔ Borɔfo de no mu) . “So Woasusuw Ho Pɛn Anaa . . . ?” a wɔde di dwuma mu anaa adansedi mu osuahu foforo biara nkyerɛ. (4) Mmɔden a wɔabɔ anaa wobetumi abɔ de aboa asafo no mufo afoforo.
10 min: Ka nea yɛde bedi dwuma June mu ho asɛm tiaa na hyɛ obiara nkuran ma onnya nhyehyɛe titiriw a wɔayɛ ama asɛnka adwuma Kwasida yi mu kyɛfa. Dwom 108 ne mpaebɔ.