So Wo Nkutoo Ne W’abusua Muni A Wowɔ Nokware No Mu?
1 Nhyira bɛn ara na ɛyɛ bere a yehu mmusua horow a wɔn nyinaa bom som Yehowa! Nanso, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛwɔ anigye tebea a ɛte saa mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ nokwaredi ne boasetɔ ho nhwɛso pa a wɔyɛ no ho.—2 Tes. 1:4.
AWOFO
2 Mo asafo mu no so mowɔ anuanom mmea bi a wɔwɔ mma a wɔn kununom nni nokware no mu, anaa mpo wɔsɔre tia? Ɛnã bi kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma hwɛ me fifo—ɛsɛ sɛ midi gua, si nneɛma, noa aduan, pam ade, na mitie nneɛma a ɛhaw mmofra no ho nsɛm pii a wɔka” ka adesua ne adansedi a ɛsɛ sɛ mede wɔn nyinaa kɔ no ho. Yiw, ɛfata sɛ yɛkamfo wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa a ɛte saa na yɛboa wɔn.
3 Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa? Adawurubɔfo nkumaa no binom ne mmofra a wɔwɔ afie a ɛtete saa mu ayɛ nnamfo na wɔatumi ne wɔn abɔ fekuw. Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw aboa denam Bible adesua a wɔne mmofra no yɛ na wɔboa wɔn ma wɔkɔ asɛnka daa no so. Abusua bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛboa onuawa bi a ne kunu nni nokware no mu. Akyiri yi abusua no de onuawa no kunu kaa nneɛma ahorow bi a wɔyɛɛ no teokrase kwan so de gyee wɔn ani ho. Akyiri yi ɔbarima no penee Bible adesua a wɔne no bɛyɛ so na ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wahyira ne ho so agye asubɔ.
ADAWURUBƆFO NKUMAA
4 Yɛn adawurubɔfo nkumaa anaa wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so no pii wɔ hɔ a wɔn nkutoo ne wɔn mmusua mufo a wɔwɔ nokware no mu. Abusua mu nhyɛso horow ne hyɛ a wɔhyɛɛ no ma wasua ade akɔ anim kɛse no nyinaa akyi no, onuabarima kumaa bi a ofi Apueifam nohoa gyinaa pintinn wɔ ne tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo no mu. Ɛdenam saa nhwɛso yi so no, ne nuabea kumaa nso begyee nokware no na wɔn baanu yɛ akwampaefo mprempren.
5 Adawurubɔfo nkumaa a wɔn awofo nni nokware no mu no taa hia mmoa ne akwankyerɛ, wɔ honhom ne honam mu. Mpanyimfo pii fi ayamye mu aboa denam mmofra yi ho anigye a wɔkyerɛ, ma wɔbɛyɛ te sɛ honhom mu agyanom ne ɛnanom no so. Ɛdefa mmofra a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no ho no, abusua bi kyerɛwee sɛ: “Yɛhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmɔ mpae, mfa Bible nnyinasosɛm nni dwuma wɔ n’asetra mu, na onnya obu kɛse ne boasetɔ mma n’awofo.” Abusua no boaa no ma ɔkɔɔ amanaman ntam nhyiam na mprempren ɔresiesie ne ho ama asubɔ.
NKWAKORA NE MMEREWA ANAA AYAREFO
6 Yɛn ani gye wɔn a wɔanyinyin anaa wonni ahoɔden no ho kɛse wɔ asafo no mu, ɛwom sɛ ebia wɔrentumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu de. Sɛ woka eyinom ho a, yɛpɛ sɛ yɛma wuhu sɛ wo mudi mu kura ne nokwaredi wɔ ɔsom adwuma no mu hyɛ yɛn gyidi den.—Mmeb. 16:31.
7 Nkwakora ne mmerewa anaa wɔn a wonni ahoɔden no pii de wɔn mmerantebere mu ahoɔden yɛɛ adwuma wɔ Yehowa som mu, na mprempren ebia wɔayɛ ankonam. Nokwarem no yɛmpɛ sɛ yebu ani gu wɔn so. Ebia bere kakraa a yɛde bɛkɔ akɔsra wɔn no yɛ nea wɔn ani bɛsɔ kɛse. Na, ebia yebetumi aboa wɔn wɔ gua a wɔbɛkɔ akodi ne nneɛma afoforo yɛ mu, anaa yɛaboa wɔn ma wɔakɔ adesua ne adansedi. Abusua bi boaa aberewa kunafo bi a ne ba koro pɛ a ɔwɔ wui. Bere a wɔkyekyee ne werɛ no, wɔboaa no nso wɔ mmara kwan so nsɛm afoforo ho dwumadi mu.
8 Sɛ wo nkutoo ne w’abusua muni a wowɔ nokware no mu a, hu sɛ wo honhom mu yiyedi ho hia yɛn. Adwuma a yɛne wo yɛ ne fekuw a yɛne wo bɔ hyɛ yɛn mu biara nkuran, na yɛda Yehowa ase wɔ adwuma pa a moreyɛ no ho.—1 Tes. 1:2, 3.