Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/80 kr. 2-4
  • “Mmea A Wɔka Asɛmpa No.”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mmea A Wɔka Asɛmpa No.”
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mmea A Wɔreyɛ Adwuma Dennen Wɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Boa Anuanom Mmea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yehowa Bu Mmea No, Saa Ara Na Wo Nso Wubu Wɔn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • ‘Mmea a Wɔreyɛ Adwumaden Wɔ Awurade Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 6/80 kr. 2-4

“Mmea A Wɔka Asɛmpa No.”

1 Odwontofo no kae sɛ: “Mmea a wɔka asɛmpa no asafo sõ.” (Dw. 68:11) Israel nna no mu no mmea nam nnwom ne asaw so bɔɔ teokrase nkonimdi ho asɛmpa dawuru anigye so. Ɛnnɛ, wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no, yɛwɔ mmea ‘asafo kɛse’ a wɔrebɔ nkonimdi ahenni ho asɛmpa no dawuru denam wɔn asɛnka ne wɔn abrabɔ pa sɛ Kristofo no so.

2 Hwɛ anigye ara a Kristofo mmea a wɔyɛ nhwɛso pa yi bɛma Yehowa anya. Te sɛ mmoadabi no, wonya asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ asase so nyinaa no mu kyɛfa wɔ Yesu ahyɛde no ho osetieyɛ mu. (Mat. 24:14) Aman pii mu no anuanom mmea no dɔɔso sen mmarima, na wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse. Esiane wɔn nsɛm tebea nti wɔn mu dodow no ara tumi yɛ daa akwampaefo, akwampaefo titiriw ne akwampaefo aboafo. Ɛdefa anuanom mmea baasa a wɔyɛ akwampaefo a wɔne asafo bi a ehia mmoa kɔyɛɛ adwuma ho no, mpanyimfo kuw no kyerɛwee sɛ: “Wɔn nhwɛso ne mmɔdenbɔ no ma yɛkaee asɛm a ɛwɔ Aso. 5:42 no. Bere tiaa bi mu no ɛkame ayɛ sɛ yɛn asafo no nyinaa nyaa ahoɔden.”

3 Asɛnka adwuma no yɛ ɔsom adwuma a mo anuanom mmea a mode mo ho nyinaa ma no yɛ no fã nkutoo. Sɛnea Mmebusɛm 31:15 gye tom no, asɛyɛde afoforo pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mudi ho dwuma. Afisiesie, aduannoa, nneɛma a wɔkɔtotɔ wɔ gua so, mmofra a wosiesie wɔn ansa na wɔakɔ sukuu, ne nnwuma afoforo. Na ɛte sɛ nea munya bere nso kɔsrasra afoforo, kyekye wɔn werɛ na moboa wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔanyinyin anaa wonni ahoɔden nso. Saa nnwuma a mufi ɔdɔ mu yɛ yi sɔ ani kɛse.

4 Ɛnyɛ mo anuanom mmea a moyɛ awarefo no nyinaa na mo kununom wɔ nokware no mu. Te sɛ Lois ne Eunike, Timoteo nana ne ne maame no, ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ moboa mo abusua no honhom mu. (2 Tim. 1:5) Mo mu binom kununom awuwu na ɛsɛ sɛ mo ankasa mohwɛ mo ho ne mo mma. Nanso eyinom nyinaa akyi no, eye sɛ mummu mo ani ngu mo ankasa mo honhom mu tebea ne mo mma de so.

5 Wɔ nhyiam horow ase no yɛn ani gye kɛse bere a yɛn nuanom mmea a wɔasiesie wɔn ho yiye no ma mmuae anaa wonya ɔyɛkyerɛ ahorow mu kyɛfa no. Mpɛn pii no wɔn afã wɔ Teokrase Sukuu mu no da mmea su horow a ɛyɛ fɛ adi, na wɔde anigye, mmɔborohunu ne ayamye kasa.

6 Nhyiam horow akyi no wɔtaa hu sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yerenom tete hɔ komm anaasɛ wɔne afoforo rebɔ nkɔmmɔ nkuranhyɛ so, bere a wɔn kununom di teokrase asɛyɛde ahorow ho dwuma. Saa anuanom mmea yi da wɔn ho adi sɛ wɔpene so sɛ wɔde nea wɔpɛ bɛto nkyɛn, bere a wonim sɛ wɔn kununom redi asafo nneɛma a ɛho hia ho dwuma. Okununom ani sɔ boasetɔ ne afɔrebɔ su a ɔyerenom a wɔte sɛɛ wɔ no.

7 Gyidi a emu yɛ den a mmea te sɛ Sara, Ester, Naomi ne Rut yii adi kyerɛe no te sɛ nnɛyi mmea a wɔreka asɛmpa no. Mo mu binom ahyia ɔtaa kɛse a efi okununom, abusuafo ne afoforo nkyɛn. Nanso mode nokwaredi kɔ so wɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn, som mu. Yeyi mo ayɛ wɔ mo nokwaredi ho na yɛsrɛ sɛ Yehowa behyira mo pii bere a mokɔ so ka asɛmpa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena