Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 8
8 min: Dwom 58 ne Nkaebɔ Ahorow.
13 min: “Ɔwɛn-Aban Di Ahiade Kɛse Ho Dwuma” ho atiefo nkɔmmɔbɔ. Twe adwene kɔ nsɛmma nhoma a atwam mu nsɛm a nkurɔfo ani gyee ho kɛse wɔ mo asasesin mu so. Sɛ wopɛ a, wubetumi de bi akyerɛ de akaakae wɔn adwene.
20 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe, na momfa krataa biara a efi Asafo ti a ɛho hia sɛ modi ho dwuma nka ho.
19 min: Yɛn Asɛnka Adwuma. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Asɛnka adwuma sohwɛfo ne atiefo bɔ nea wɔde bedi dwuma ɔsram no mu ho nkɔmmɔ, na wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti yɛ ɔyɛkyerɛ de kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. (Munni kan nsua ɔyɛkyerɛ no.) Fa asɛnka ho nkaebɔ ma. Dwom 32 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 15
10 min: Dwom 85 ne asafo mu nkaebɔ ahorow a sika nkontaabu amanneɛbɔ ka ho.
15 min: “Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa Ho Adwene Mu a Yebekura.” Nsemmisa ne mmuae. Ma wɔmfa sɛnea asɛm no fa mo asafo no ho no ho nyansahyɛ a ɛho wɔ mfaso mma. Ka nea wɔayɛ wɔ asafo no mu ne nhyehyɛe afoforo a wɔayɛ ho asɛm.
8 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Afoforo Ho Anigye a Yɛkyerɛ So (Ɔfa II) .” Nsemmisa ne mmuae. Bere a morebɔ nkyekyem anan ho nkɔmmɔ no, ma atiefo nkyerɛ nsemmisa afoforo a wobetumi de adi dwuma ma atu mpɔw wɔ mo asasesin mu. Nkyekyem anum no yɛ ɔyɛkyerɛ, denam asɛm a ɔdawurubɔfo bisa nanso obu ani gu mmuae no so, na ɔkɔ nea wasiesie dedaw no ara so no so. Ma wonnyina, na ma atiefo nkyerɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so adi ho dwuma. Nkyekyem asia no yɛ sɛnea ofiewura ka asɛm bi a wɔtaa ka wɔ mo asasesin mu ho ɔyɛkyerɛ. Na ɔdawurubɔfo fi ne mmuae no ase sɛ “Nanso, . . . . ” na ɔtoa so kyerɛ nea enti a nea ofiewura ka no nteɛ. Ma onnyina na bisa ɔkwan a wobetumi afa so adi ho dwuma yiye.
17 min: “So Wode Nsɛmma Nhoma Reyɛ Adwuma Pii?” Nsemmisa ne mmuae. Ma wɔn a wɔwɔ atiefo mu a wɔatumi afa akwan horow a wɔahyɛ ho nyansa so ama nsɛmma nhoma pii nka ho asɛm nkyerɛ. Dwom 25 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 22
8 min: Dwom 5 ne asafo mu nkaebɔ ahorow, ne asɛnka adwuma nhyehyɛe ma asafo no.
20 min: “Mmea a Wɔka Asɛmpa No.” Nsemmisa ne mmuae. Bisabisa anuanom mmea a wɔde mfe pii asom Yehowa nokwaredi mu nsɛm. Bisabisa nsɛm te sɛ: Akwanside ahorow bɛn na na ɛho hia sɛ wudi so, na dɛn na woyɛ de hyɛ wo ho den honhom mu? Su horow a mmea yii adi kyerɛe wɔ Bible mu bɛn na w’ani gye ho titiriw anaasɛ wobɔ mmɔden sɛ wubesua? Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ wɔ asafo no mu a w’ani gye ho na ɛboa wo wɔ asɛmpa no ka mu?
15 min: Rut ne Naomi.” Mmofra dodow bi a wobisabisa wɔn My Book of Bible Stories mu Adesua 51 mu nsɛm wɔ asɛnka agua so. Onua a ɔredi ho dwuma betumi abisa nsɛm te sɛ: Na Rut fi he? Ɔkwan bɛn so na Naomi a ɔyɛ Israelni boaa no? Dɛn nti na Rut yɛɛ n’adwene sɛ ɔne Naomi bɛkɔ Israel? Dɛn na Rut kae a na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi? So na Rut yɛ odwumayɛfo pa? Woyɛ dɛn hu sɛ na ɔyɛ adwumayɛfo pa? Hena ne Boas? Dɛn na Boas ka kyerɛɛ Rut a ɛkyerɛ sɛ na n’ani gye ɔno ne adwuma a ɔyɛe no ho? Akyiri yi so Boas waree Rut? Hena nanankanso ne Boas? So wunim nea enti a Dawid nanankanso a ɔbɛyɛe no yɛɛ nhyira kɛse a efi Yehowa nkyɛn ma Rut anaa?
12 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.
5 min Dwom 26 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 29
19 min: Dwom 73 ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma adawurubɔfo nkumaa dodow bi mmra asɛnka agua so mmɛbɔ Youth nhoma no ti 8 ho nkɔmmɔ, “Nnamfo Bɛn na Wohwehwɛ?” Ɛsɛ sɛ wodi kan kenkan na wohu emu nsɛm yiye. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔredi ho dwuma no ma nkɔmmɔbɔ no yɛ anigye. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛmti ketewa biara ase so dua, denam eyinom a mmofra no de ba so. Ma mmofra no nkyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ wɔpaw nnamfo a wɔde Bible mu nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea obi nya nnamfo wɔ nokware no mu ho nso ama. Na sɛ wɔn a wɔyɛ atipɛnfo wɔ asafo no mu no sua ɛ? Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi ne wɔn a wɔanyinyin wɔ asafo no mu ayɛ nnamfo? (1 Sam. 18:1) Ná Yonatan sen Dawid panyin mfe 30.
23 min: “Ɛsɛ sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Fi Wiase no Ho” sɛnea wɔdaa no adi wɔ “Anidaso a Nkwa Wom” Ɔmantam Nhyiam no ase. Ma atiefo nkenkan kyerɛw nsɛm bi na wɔnkyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm a edidi so yi ho. Wobetumi adi kan de kyerɛw nsɛm bi ahyehyɛ ebinom nsa ma wɔatwa ɛhɔ asɛm no tiaa, anaa wobetumi ayi afi mu na bere no ammoro so. Twe a wɔbɛtwe wɔn ho no ho hia ma Yehowa nnamfo. (Yak. 4:4) Yehia n’adamfofa ma ahyɛ yɛn den na akyekye yɛn werɛ. (2 Kor. 1:3, 4) Yehia yɛn Agya, Yehowa, mmoa na yɛanya bɔne fafiri.—1 Yoh. 2:1, 2.
Yesu yɛɛ yɛn ho a ɛsɛ sɛ yɛtwe fi wiase ho no ho nhwɛso. (Yoh. 17:14) Wannye amammui dibea, na ɔkasa tiaa akodi. (Yoh. 18:36) Wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amammui anaa amansɛmdi mu ne wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ afoforo nsɛm mu nso ka obi ho a ɔtwe fi wiase ho no ho.—1 Pet. 4:15.
Yɛn ho a yɛbɛtwe afi wiase ho no nso kyerɛ sɛ yɛrenni wiase yi akwan akyi, na mmom sɛ yebekura ahotew mu wɔ yɛn nneyɛe nyinaa mu. (1 Pet. 1:14, 15) Onipa a onni dɔ, a ɔkeka nsɛm a ɛmfata anaa n’ani gye ahuhude ho no betumi ama Onyankopɔn adamfofa abɔ no. (Efe. 5:3-5; 1 Yoh. 4:20) Sɛnea Yesu anni ɔhonam fam nneɛma akyi titiriw wɔ n’asetra mu no, saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ wiase yi fa no yɛ. (1 Tim. 6:8) Kristofo kyerɛ nso sɛ wɔatwe wɔn ho afi wiase ho denam tumidifo a wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn no so, sɛ́ onii yɛ odwumayɛfo, ɔyere anaa abofra wɔ fie anaa sukuu mu.—1 Pet. 2:17, 18; 3:1.
Obi ho a ɔtwe fi wiase ho no de nhyira pii ba. Ɛma onya ahonim pa. (1 Pet. 2:19, 20) Wonim Yehowa nnamfo sɛ n’adansefo na wɔwɔ daa nkwa ho anidaso.—Aso. 15:14: 2 Pet. 3:13.
8 min: Asɛm “Owura no Anammɔn Akyidi” a ɛwɔ January 15, 1980 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu ho ɔkasa. Ne, “So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo August Mu?” a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som no kratafa 3, no nso. Hyɛ obiara nkuran ma onnya nhyehyɛe titiriw ma asɛnka adwuma wɔ dapɛn awiei a edi kan July mu no mu kyɛfa. Dwom 65 ne mpaebɔ.