Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 7
8 min: Dwom 51 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Akɛse no mu Biako a Wɔde Ka Kratawa ho Ma So.” Asɛm no ho nsemmisa ne mmuae. Fa ɔyɛkyerɛ ahorow di dwuma sɛnea wɔada no adi wɔ asɛm yi mu no.
22 min: “Honhom Mu Gyinabea Pa Mu a Yebekura wɔ Sikafam Ahokyere Mu.” Ɔpanyin na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma, wɔ nsemmisa ne mmuae kwan so.
15 min: Bisa atiefo ma wɔnka nea wɔn ani gyee ho wɔ adesua no mu ne nea wosua fii mu ne nea wɔte nka sɛ wobetumi de adi dwuma wɔ ɔsom adwuma anaasɛ teokrase dwumadi ahorow mu wɔ adapɛn a edidi hɔ mu nkyerɛ.
Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ anigyefo pii baa ɔmansin nhyiam horow a atwam ne nnansa yi “Onyankopɔn Dɔ” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase. Sɛ saa anigyefo yi ntaa mma adesua na wonni obi a ɔne wɔn yɛ dapɛn biara ofie Bible adesua a, ɛnde wɔhyɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo nkuran na wɔayɛ nhyehyɛe akɔsra wɔn ahyɛ wɔn den honhom mu. Dwom 66 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 14
8 min: Dwom 29, akwaaba-ma, asafo mu nkaebɔ ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
15 min:”Bere-Nyinaa mu Asomfo a Wɔwɔ Anigye.” Denam nsemmisa ne mmuae so.
10 min: “Yefta Bɔhyɛ” Ɛsɛ sɛ agya anaa onua a ne ho akokwaw di ɔfã yi ho dwuma, na ɔne mmofra susuw adesua a ɛto so 53 wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mu ho. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra no nkuran ma wobua nsemmisa ahorow a wonni kan nkyerɛ wɔn nsemmisa pɔtee. Paw nsɛntitiriw a ɛkyerɛ sɛ Yefta ansan ne bɔhyɛ no bere a ohui sɛ ne ba biako pɛ no rebefi ne nkyɛn akɔsom Yehowa ntamadan mu ne nkwa nna a aka nyinaa no, ɛwom sɛ na ɔyɛ ne babea koro pɛ de. Yefta babea no nso penee so. Na ɔpenee so sɛ ɔde nneɛma akɛse bɛbɔ afɔre. Afoforo ani gyee nhwɛso pa a ɔyɛe sɛ Yehowa somfo no ho.
20 min: Mpanyimfo betumi ayɛ ɔfã yi ho nhyehyɛe sɛnea asafo no ahiade te, anaasɛ wobetumi de saa bere yi asusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm “So Woasusuw Ho Pɛn Anaa . . . ?” a ɛwɔ Nyan! nsɛmma nhoma no abien a aba nnansa yi ara mu ho. Ɛno akyi no yɛ emu biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. (Hwɛ Yɛn Ahenni Som, May 1980, kratafa 3 na woanya ɔyɛkyerɛ no ho nyansahyɛ.)
Dwumadi yi akyi no ma atiefo kwan na wɔnka nea wɔn ani gyee ho wɔ adesua no mu, nea wosuae ne nsentitiriw a wɔte nka sɛ wobetumi de ahyɛ afoforo nkuran nkyerɛ. Dwom 104 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 21
10 min: Dwom 62, akwaaba-ma ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata ka ho.
12 min: “Wohia Wɔn Nnamfonom.” Ɔpanyin ma asɛm a efi April 1, 1980, Ɔwɛn-Aban mu no ho ɔkasa a ɛho wɔ mfaso.
23 min: “Fa Wo Dom Akyɛde Horow Di Dwuma Yiye.”
(13 min.) Ɔsom adwuma sohwɛfo de nsemmisa ne mmuae di ɔfã yi ho dwuma.
(10 min.) Bisabisa adawurubɔfo a wɔbɔ mmɔden wɔ ɔsom adwuma afã horow bi mu no nsɛm sɛnea wɔada no adi wɔ nkyekyem anan. Kamfo wɔn.
15 min: Frɛ adawurubɔfo ma wɔnka osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wɔanya wɔ nhoma ne nkratawa no kyekyɛ mu. Dwom 58 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 28
8 min: Dwom 24, nnianim asɛm ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
12 min: “Asemmisa Afa” ho nkɔmmɔ a asafo mu boayifo a wɔresusuw onua bi a ɔrebetu akɔ asafo foforo mu ho bɔ.
15 min: “Baanu Ye Sen Biako.” Ɔpanyin ne asafo no bɔ asɛm a ɛwɔ March 15, 1980, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu ho nkɔmmɔ. Fa asafo mu osuahu ahorow a ɛfata ka ho.
25 min: “1980 ‘Onyankopɔn Dɔ’ Ɔmantam Nhyiam” mu nsentitiriw ho nkɔmmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di eyi ho dwuma, na wobetumi abisabisa nnipa ahorow a wɔwɔ asafo no mu, mmarima ne mmea, a wɔn ani gyee nhyiam no afa horow bi ho titiriw nsɛm sɛ ebia ɔkasa ahorow a ɛfa honhom mu su horow, abusua asetra asuafoyɛ ne nguanhwɛ adwuma no ho; afei ɔyɛkyerɛ ahorow, wɔn a wɔfrɛɛ wɔn bisabisaa wɔn nsɛm, osuahu ahorow, drama ahorow a wɔyɛe ne ade ho. Ɛsɛ sɛ nea ɔredi ɔfa yi ho dwuma no hwɛ ma wosiesie wɔn ho yiye ansa na adu hɔ. Sɛ bere ma kwan a wobetumi afrɛ atiefo ma wɔde bi aka ho. Hyɛ obiara nkuran na ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka a wɔkɔ no Kwasida a edi kan wɔ bosome biara mu no mu. Kyerɛ beae ne bere a adawurubɔfo behyia. Dwom 49 ne mpaebɔ.