Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/80 kr. 1
  • Yɛwɔ Nea Wohia!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛwɔ Nea Wohia!
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • WƆN A ƆKƆM DE WƆN A YƐBƐBOA WƆN
Yɛn Ahenni Som—1980
km 5/80 kr. 1

Yɛwɔ Nea Wohia!

1 Bɛyɛ mfe 100 ni no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Ɔwɛn-Aban no adi dwuma de ama Onyankopɔn fifo aduan na wɔde akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ amanehunu wiase yi mu werɛ. Ɛde nhoma afoforo ama nso na aboa wɔn a wɔhwehwɛ nokware, na ama nnipa pii ani agye. Afei, ɛdenam My Book of Bible Stories yi so no, ɛde biribi soronko a ɛho hia wɔ asase so mmeae horow ama.​—Mat. 24:45.

2 Nnipa pii ka wɔ nhoma yi ho sɛ, “Emu nyɛ den, nanso asuade pii wom!” Na ɛte saa nso! Ná mmofra ne mpanyin nyinaa hwehwɛ nhoma a ɛte saa. Na nhoma yi a wɔyɛe no ama nnipa pii ani agye. Dɛn na yebetumi ayɛ ma afoforo pii nso ani agye?

WƆN A ƆKƆM DE WƆN A YƐBƐBOA WƆN

3 Ɔman yi mu no yɛde nhoma yi ɔpehaha pii amema dedaw fi bere a woyii no adi bɛyɛ mfe abien a atwam ni no. Nnipa pii da so hwehwɛ bi, na ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛsan de nhoma yi akɔ nkurɔfo nkyɛn ɔsram yi. Eye sɛ wɔn nsa ka nhoma no, nanso wɔn nsa a ɛbɛka no nkutoo remma wɔmmee. Ɛho hia sɛ wɔte emu nsɛm no ase. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔdawurubɔfo bi ne no yɛɛ Adesua a Edi Kan no kae no, “Ɛkɔ akyiri sen nea obi kenkan no.” Na ɛyɛ nokware. Ɛho hia sɛ wɔma ntease bam. Enti, ɛwom sɛ wogye saa nhoma yi ntɛmntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ne kyekyɛ nkutoo dɔɔ yɛn so. Kae yɛn botae titiriw no​—sɛ yɛbɛyɛ asuafo.​—Neh. 8:8; Aso. 8:30, 31; Mat. 28:19, 20.

4 Enti sɛnea ɛbɛyɛ na aboa wɔn ma wɔate nea wɔkenkan wɔ Bible Stories nhoma no mu no ase no, ɛho hia sɛ yegye bere siesie yɛn ho yiye. Fa bere si hɔ fa kɔ wɔn a wɔagye bi no nkyɛn na wo ne wɔn nkɔbɔ emu nsɛm ho nkɔmmɔ. Bere a woresiesie wo ho ama sankɔhwɛ yi no, kenkan kyerɛw nsɛm a saa asɛm no gyina so no. Hwehwɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ, nkɔmhyɛ ne abrabɔ ho nsɛm a wubetumi atwe onii no adwene akɔ so. Eyi bɛma wɔate nea asɛm no fa ho no ase yiye. Mma nkɔmmɔbɔ no nyɛ tenteenten. Ma ɛnyɛ tiaa nanso ma nsɛntitiriw no nna adi pefee. Fa nhoma no di dwuma pa na wɔn a ɔkɔm de wɔn a wɔn nsa ka nhoma no bi no amee, na ɛde nhyira abrɛ wɔn na ama yɛn ani agye sɛ yɛwɔ nea wohia na yɛde ama wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena