Kuw Adansedi Ho Mfaso Ahoro
1 So wo nkutoo wotaa kɔ asɛnka? Yɛn mu kakraa yɛ saa. Ɛhyɛ nkuran kɛse sɛ yɛne obi bɛbom akɔ afie afie anaasɛ yɛne no bɛyɛ asasesin koro no ara mu adwuma. Sɛnea ɔdawurubɔfo bi kae no: “Nim a yenim ara kwa sɛ obi bɛn yɛn no boa.” Kuw a wɔwɔ anigye a yɛne wɔn bom fi asɛnka ase no ma ɛyɛ anigye kɛse.
2 Kuw adansedi nyɛ ade foforo. Luka ti 10 ka anigye a asuafo no nyae bere a wɔboom yɛɛ adwuma no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ansa na ɔresoma 70 no, Yesu dii kan kyerɛkyerɛɛ wɔn. Saa nhwɛso yi ma yehu nea enti a eye mpɛn pii sɛ yɛbom hyia ansa na yɛakɔ asɛnka.—Luka 10:1-16.
3 Nsɛm ahorow puee Yɛn Ahenni Som no mu nnansa yi a na ɛkyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho mu. So yɛda so de nyansahyɛ ahorow fɛfɛ yi redi dwuma? Sɛ́ “anuanom” no, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho. (1 Pet. 2:17) Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ asafo horow pii mu no anuanom de wɔn ho hyɛ asɛnka nhyehyɛe titiriw a wɔyɛ no Kwasida a edi kan wɔ bosome biara mu no mu yiye. Mpanyimfo bi kyerɛ sɛ saa nhyehyɛe yi aka asafo no abom kɛse. Baabi a wɔyɛ wɔn nhyiam horow anɔpa no, adawurubɔfo bi de wɔn aduan ba na wofi hɔ kɔ asɛnka ansa na wɔasan akɔ fie. Yɛn ani gye sɛ yɛn nsa ka amanneɛbɔ fɛfɛ a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran ma yɛkɔ so de yɛn ho hyɛ nhyehyɛe a wɔyɛ wɔ asafo no mu ma kuw adansedi no mu.
4 Hyia a yɛne kuw no bom hyiam kɔ asɛnka no ma yenya kwan ne adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔn ho akokwaw nantew. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo tumi hu anuanom mmarima ne mmea no yiye bere a wɔne wɔn bom kɔ asɛnka. Ɛma obiara nya kwan hyɛ ne yɔnko nkuran.
5 Ɛho nhia sɛ nhyiam a kuw no yɛ gye bere pii. Mpɛn pii no wotumi yɛ asɛnka adwuma nhyehyɛe no wɔ simma 10 anaasɛ 15 mu. Ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma sohwɛfo no ma n’ani da hɔ sɛ ɔbɛboa anuanom ma wɔayɛ kuw adansedi ho nhyehyɛe yiye na wɔanya bere pii de ayɛ asɛnka adwuma no.
6 Wobetumi ayɛ kuw adansedi ho nhyehyɛe nso dapɛn no mu. Anuanom mmea no mu pii de wɔn ho hyɛ eyi mu. Na akwampaefo no pii nso kɔ asɛnka dapɛn no mu. Ɛdenam akwampaefo no a wo ne wɔn bɛyɛ adwuma so no, wubenya nkuranhyɛ, na wo nso wubetumi ahyɛ wɔn nkuran.
7 Ebinom akyerɛ sɛ nnipa pii wɔ hɔ a yɛnto wɔn wɔ fie dapɛn no mu. Yɛhyɛ mo nkuran na moakɔ so ayɛ afie afie kyerɛwtohɔ pa sɛnea ɛbɛyɛ na wo anaa wɔn a wo ne wɔn kɔ asɛnka anwummere anwummere anaa dapɛn awiei no atumi abɔ mmɔden sɛ mobɛsan akɔ wɔn a na wonni fie no nkyɛn. Ebia mpanyimfo ne asafo mu asomfo binom betumi ne kuw no ahyia anwummere bi a eye ma asafo no. Esiane sɛ anwummere anwummere taa yɛ bere pa a nkurɔfo wɔ fie nti, ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma so ahwɛfo hwɛ sɛ ebia wobetumi ayɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe saa bere yi.
8 Yɛpɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa dodow a yebetumi bere a kwan da so wɔ hɔ yi. Enti, baabiara a nsɛm tebea ma kwan no, adawurubɔfo binom bɛpɛ sɛ wɔn nkutoo nantew. Mmeae foforo bi nso no, ebia apon ano a obi nkutoo bɛkɔ no renyɛ nea nyansa wom. Anaasɛ, ebia okunu ne ɔyere a wɔbɛbom ayɛ adwuma no betu mpɔw kɛse bere a wɔkasa kyerɛ nkurɔfo. Na, sɛ mmofra wɔ kuw no mu a, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ ɔpanyin biako ne abofra biako nantew. Bere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ adwenemtew ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ pii no di nhyehyɛe a yɛyɛ no so.
9 Yɛpɛ sɛ yɛkamfo mo nyinaa wɔ adwuma pa a moreyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no ho. Yehu nkɔso fɛfɛ wɔ nnipa afoforo a wɔrenya adwuma no mu kyɛfa no mu na eyi ma yɛn nyinaa ani gye. Yɛsrɛ sɛ Yehowa bɛkɔ so ‘ama adwumayɛfo aba ne twa adwuma no mu.’—Luka 10:2.