Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 5
8 min: Dwom 9 ne Nkaebɔ Ahorow.
20 min: “Hwɛ Wo Ho So Yiye.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Mpanyimfo dodow bi ne anuanom mmarima ne mmea wɔ asɛnka agua so. Oguamtrani kenkan nkyekyem a edi kan no de fi nkɔmmɔbɔ ase na wɔkenkan nkyerɛwsɛm ahorow no. Na afei odi anim ne wɔn a wɔwɔ asɛnka agua no so nyinaa bɔ asɛm no fa a aka ho nkɔmmɔ. Ebinom bisabisa nsɛm a ɛfata a asɛm no bɛma ho mmuae. Si hia a ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho so no so dua.
22 min: “Yɛn Som Adwuma no Ho Adwempa a Yebenya.” Wo ne asafo mmɔ ho nkɔmmɔ na si nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ kyerɛwsɛm a wɔabobɔ din no mu no so dua.
10 min: Osuahu ahorow a adawurubɔfo no nyae bere a wɔkɔɔ asɛnka Kwasida a edi kan wɔ bosome no mu no. Na ka asɛnka adwuma nhyehyɛe ma dapɛn awiei a ɛreba ho asɛm. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma.
Dwom 27 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 12
8 min: Dwom 20 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min: Yɛn Bible Akenkan no ho Mfaso Kɛse a Yebenya. (Sukuu sohwɛfo di ho dwuma) Abusua kuw a wɔwɔ asɛnka agua so bɔ wɔn adesua nhyehyɛe ho nkɔmmɔ. Wɔn nyinaa gye tom sɛ wɔabu wɔn ani agu dapɛn biara Bible akenkan no so. Abusua no mufo bi de anoyi ahorow ma. Agya no gye tom sɛ wɔn nyinaa nni bere, nanso ɛho hia sɛ wɔbɔ mmɔden di dapɛn biara bere nhyehyɛe a ɛho wɔ mfaso akyi. Wɔkenkan 2 Timoteo 3:16, 17 na wobisa sɛ: Bible no a yɛbɛkenkan no ho hia dɛn? Wɔn nyinaa gye tom sɛ ɛho wɔ mfaso kɛse na bere a wɔde yɛ saa no nso fata. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de aka yɛn dwumadi nhyehyɛe ho? Wobetumi akenkan bi bere a wɔredidi. Ebia simma aduasa pɛ a wobegye afi bere a wɔde hwɛ TV dapɛn biara mu no bɛdɔɔso. Wɔbɔ nyansahyɛ afoforo biara a abusua no mufo de ba ho nkɔmmɔ (Oguamtrani ba mu, na obisa atiefo ma wɔde nyansahyɛ ahorow ma. Afei obisa atiefo sɛnea Bible a wɔkenkan no daa no ho aba wɔn mfaso. Nea atiefo ka no betumi ayɛ nea nneɛma afoforo a wɔasua, te sɛ Bible mu nokware ahorow ho anisɔ kɛse a wɔanya, nea ɛkyerɛ ho nhumu a wonya denam nsɛm afoforo a ɛfa ho ho ntease yiye a wonya so. Bible mu nnyinasosɛm ne sɛnea wɔde di dwuma mu a ada hɔ kɛse, ne nea ɛtete saa, nso ka ho.) Abusua kyerɛ sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ayɛ Bible akenkan no, ɛnyɛ sɛ asɛyɛde ara kwa, na mmom esiane sɛ ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so nti, ɛnyɛ wɔn den honhom mu.
15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Momfa ɔkasa ahorow a egyina Happiness—How to Find It nhoma so ho nsɛm nka ho.
12 min: “Nkontaabu Pa.” (Mmeb. 25:25) (Ɔkyerɛwfo bedi ho dwuma.) Wɔn a wɔyɛ foforo no pii nyaa anigye ne nkuranhyɛ bere a wɔbaa Kristofo gyidi no mu nea edi kan. (Aso. 4:1-4) Wɔn som adwuma nkontaabu hyɛ yɛn nso nkuran. Yɛn nkontaabu no nso de ayeyi ba. (1) Aba pa bɛn na asafo no asow wɔ wɔn a wɔbaa nkaedi ne ɔmantam nhyiam a wɔboa wɔn no mu? Dɛn na wɔda so reyɛ? (2) Ka asafo nkontaabu ho asɛm. Kamfo asafo no. Ka biribiara a ɛhaw asafo no wɔ ɔsom adwuma nkontaabuyɛ mu ho asɛm.
15 min: Dwom 42 ne mpaebɔ
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 19
10 min: Dwom 49, asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.
25 min: Filipifo Nhoma—Nkuranhyɛ ne Akwankyerɛ Nhoma ma Kristofo. (Ɛsɛ sɛ oguamtrani kenkan Filipifo nhoma no nyinaa de siesie ne ho na ɔhyɛ nnyinasosɛm ahorow a ɛho bɛba mfaso titiriw wɔ tebea horow a yehyia nnɛ mu no nsow titiriw. Bere a wo ne asafo no rebɔ nkɔmmɔ no, hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ntoto n’ankasa ne nsɛm tebea ho. Sɛ bere ma kwan a wubetumi abisabisa nsɛm a edidi so yi: (Dɛn ne nneɛma a ɛho hia kɛse a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no binom? (1:9, 10) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye bere a afoforo kasa tia nokware no mpo no? (1:15-18) Dɛn na mpaebɔ tumi yɛ? (1:19) Dɛn titiriw nti na ɛnsɛ sɛ yesuro yɛn atamfo, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne anuanom bɛyɛ baako? (1:27, 28) Mfaso kɛse bɛn na ahobrɛase de ba? (2:5-11) Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛde ayeyi ma Yehowa wɔ apɔwmuden a yɛwɔ ho? (2:27) Dɛn ne adwempa a ɛsɛ sɛ yenya wɔ yɛn ankasa nkɔso ne afoforo de wɔ nokware no mu ho? (3:16) Sɛ nnipa nniso horow hwehwɛ nneɛma bi a ntease nnim afi yɛn nkyɛn a, dɛn na eye sɛ yɛkae? (3:20) Ɛwom sɛ nneɛma pii a ɛhaw adwene atwa yɛn ho ahyia de, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi anya abotɔyam ne asomdwoe? (4:6, 7) Su horow bɛn na sɛ yɛde yɛn adwene kɔ so a ɛbɛma yɛadi yiye? (4:8)
18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So.” Nsemmisa ne mmuae. Ti Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no ɔkwan biara a yebenya mu so dua. Kyerɛ ɛbo a ɛsom sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bedi dwuma wɔ baabiara a ɛbɛyɛ yiye. (Sɛnea bere ma kwan no, fa ɔyɛkyerɛ ntiatia a ɛkyerɛ akwan horow a wobetumi afa so de nsɛmma nhoma ama tebea horow mu wɔ mo asasesin mu ka ho.)
7 min: Dwom 33 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 26
12 min: Dwom 14. Nsemmisa Afa ne asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Kuw Adansedi Ho Mfaso Horow.” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo nkyerɛ nea enti a wɔn ani gye kuw adansedi ho.
10 min: “Hwɛ Yiye wɔ Adwemmɔne a Wosusuw Ma Afoforo Ho.” Ayamye kasa a emu yɛ hyew a ɔpanyin ma. Asɛm no fi April 1, 198, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 12-15.
18 min: Sɛnea ebinom baa nokware no mu ho nkɔmmɔbɔ ahorow. Paw nnipa ahorow ahorow ma wɔnkyerɛ sɛnea (1) mmofra, (2) mpanyin (3) mmusua, ne (4) obi a na ne kunu mpɛ sɛ ɔne adansefo no bɔ ani agye nokware no ho. Sɛ ɛho hia a hwɛ Watch Tower Publications Index, wɔ asɛmti “Field Service” ase na woanya osuahu ahorow.
15 min: Dwom 56 ne mpaebɔ.