So Wode Nsɛmma Nhoma Reyɛ Adwuma Pii?
1 Eyi na moayɛ, titiriw wɔ mprempren ɔsom afe yi mu. Nsɛmma nhoma kyekyɛ akɔ soro bɛboro ɔha biara mu 50 wɔ asram anan a edi kan wɔ afe yi mu no mu. Yɛde nsɛmma nhoma 140,000 mema kasa horow anan mu wɔ yɛn asasesin mu ɔsram biara, akwampaefo kyekyɛ 50,000, na asafo mu adawurubɔfo kyekyɛ 90,000 a aka no! Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔkwampaefo biara de bɛyɛ nsɛmma nhoma 35 ma ɔsram biara, na asafo mu adawurubɔfo nkyekyem yɛ bɛyɛ 4.5. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo mo wɔ nkɔso fɛfɛ yi ho, efisɛ yɛn som adwuma botae horow wɔ afe yi mu no biako ne sɛ yɛde nsɛmma nhoma pii bɛmema. Dɛn na yɛayɛ wɔ yɛn ankasa nsɛmma nhoma kyekyɛ adwuma no mu? So yebetumi aka sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa, anaa so yebetumi ayɛ “mmoroso”?—1 Tes. 4:10.
2 Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a ɔdawurubɔfo biara ma nea ɛboro nsɛmma nhoma biako so kakra dapɛn biara. Sɛ yɛde Borɔfo anaa Twi nsɛmma nhoma rema a, yɛtaa de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na ɛma. Yɛn mu baahe na yɛanya kwan ne ɔmansin sohwɛfo abom ayɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ adwuma na yɛama nsɛmma nhoma 4, 6 anaa nea ɛboro saa wɔ simma aduasa pɛ mu? Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ, sɛ yetumi yɛ saa adwuma yi dapɛn biara bere tiaa bi pɛ mpo a. Sɛ yetumi ma nsɛmma nhoma 2 dapɛn biara mpo a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛbɛma nsɛmma nhoma 8 ɔsram biara, na ɛbɛyɛ nea yɛyɛ mprempren no mmɔho. Dɛn nti na wonsɔ nhwɛ? Afie afie adwuma a yɛde nsɛmma nhoma bɛyɛ dapɛn biara no bɛma yɛatumi ama nsɛmma nhoma pii.
NYA WƆN A WOMA WƆN NSƐMMA NHOMA DAA
3 So wowɔ nnipa a wode nsɛmma nhoma foforo biara a ɛbɛba no bi kɔma wɔn? Eyi yɛ ɔkwan pa a yɛnam so ma nnipa a wɔwɔ nguanten su nya Onyankopɔn Asɛm mu aduan a ɛma nkwa. Wubehu sɛ nnipa pii betua mpɛsewa 60 pɛ no ntɛm de agye nsɛmma nhoma abien no mprenu wɔ ɔsram mu. Ne bo sua koraa sen mpɛsewa 50 a wɔde tɔ atesɛm krataa da biara da no. Anidaso ne nkuranhyɛ nsɛm ayɛ yɛn nsɛmma nhoma no ma. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubenya nnipa a woma wɔn bi daa? Sɛ wuhyia obi a ɔde anigye gye nsɛmma nhoma no bi a, dɛn nti na wonkyerɛ sɛ sɛ wo nsa ka foforo a wode bi bɛbrɛ no. Wɔnam eyi so afi Bible adesua horow pii ase.
MA W’ANI NNA HƆ SƐ WOBƐMA NSƐMMA NHOMA HOKWAN BIARA A WUBENYA
4Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no ɛsɛ yɛhwɛ sɛ yɛwɔ nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso bere nyinaa. Sɛ yehu sɛ yebehia pii a, ɛnde yebetumi ama wɔde bi aka nea yegye daa no ho, na sɛ ɛho hia a asafo no ama Asafo ti no de bi aka nea wogye daa no ho. Wɔ asram a nhoma na yɛde di dwuma anaa nsɛmma nhoma na yɛma wɔkra mu no, sɛ wɔannye nea yɛde ma no a, yebetumi de nsɛmma nhoma biako anaa nea ɛboro saa ama. Anuanom binom tumi ma nsɛmma nhoma pii denam nsɛmma nhoma abien a wɔde ka nhoma no ho ma no so. Sɔ hwɛ.
5 So wode nsɛmma nhoma no bi hyɛ wo nneɛma mu bere a worekodi gua, woretu kwan anaa worekɔsra nnamfo na wohwehwɛ akwan horow a wobɛfa so adi adanse bɔnnɔ so no? Sɛ wowɔ nsɛmma nhoma daa a, ɛnde wubenya hokwan ahorow de ama bere nyinaa. Anuanom pii ahu sɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma kɔ adwuma anaa sukuu na wɔkenkan bere a wɔapɔn rekodidi a, mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo bɛkyerɛ ho anigye na wɔagye bi. Woasɔ eyi ahwɛ?
MOMFA NSƐMMA NHOMA A ƐWƆ YƐN KASA HOROW MU MMA
6 Yegye di sɛ eyi yɛ yɛn som adwuma no fã a yebetumi ama anya nkɔso. Ɔmansin so ahwɛfo bi de nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa horow mu no 50 anaa nea ɛboro saa ma ɔsram biara ka Borɔfo de pii a wogye no ho. Anuanom yi mu biako kɔɔ baabi a na nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu no gu hɔ pii. Ɔhyɛɛ anuanom nkuran sɛ wɔmfa nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu no nkyerɛ wɔ adansedi mu, na saa dapɛn no nkutoo mu no wɔde nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu a esum hɔ no nkyem abiɛsa mu abien memae! Enti munnsuro sɛ mode nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu bedi dwuma wɔ adansedi mu. Sɛ yɛde kyerɛ a wobegye. Enti yebisa sɛ, ‘Dɛn nti na asafo horow bi nkra nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu no bi koraa?”
7 Nnipa pii wɔ yɛn asasesin yi mu a Borɔfo kakraa bi pɛ na wonim anaasɛ wonnim bi koraa. Yɛpɛ sɛ wɔkenkan nsɛmma nhoma no wɔ wɔn kurom kasa mu, anaa wɔ ɔkasa a wotumi te ase mu esiane nkwa asɛm a ɛwɔ mu no nti. Enti, nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛde nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn kasa mu no bɛkyerɛ wɔn wɔ afie afie, a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya nnipa a wobetumi akan. Ebinom hu sɛ eye sɛ wobisa kasa ko a ofiewura no pɛ. Sɛ ɔka sɛ ɔpɛ Borɔfo a, wobisa ofiewura no sɛ ebia obi wɔ fie hɔ a nsɛmma nhoma a ɛwɔ kasa foforo mu ho bɛba no mfaso. Sɛ wonkura saa nsɛmma nhoma no bi a, wɔhyɛ kasa a obisae no nsow, na wɔde bi kɔma no bere biara a hokwan bɛba. Wɔhyɛ asafo horow nkuran sɛ wɔmma asasesin no mufo nyinaa nnya nea wohia denam nsɛmma nhoma no a wɔbɛma wɔn nsa aka wɔ kasa biara a wobisa mu no so.
8 Yɛhyɛ wɔn a wɔwɔ asafo horow mu no nyinaa nkuran sɛ wonsusuw nyansahyɛ ahorow yi ho yiye na wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ asram a ɛreba no mu na wɔanya Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse denam nsɛmma nhoma a ɛwɔ kasa horow mu a wɔde bedi dwuma pii no so.