Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/80 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Ma Aka Koma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Ma Aka Koma No
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 11/80 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Ma Aka Koma No

1 Koma a ɛteɛ, adɔe koma, koma a emu tew, koma pa​—yɛtaa de nsɛm a ɛtete sɛɛ ka nnipa a yɛka Onyankopɔn ahenni ne nhyira horow a ɛde bɛba ho asɛm kyerɛ wɔn no ho asɛm. Nanso mpɛn pii no, wɔ yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no, yɛahu nnipa a ɛda adi sɛ na wɔwɔ koma bɔne. Afei biribi sii na ɛma wɔsakraa wɔn koma. Dɛn na ebetumi aboa ma obi asakra ne koma?

2 Ɛtɔ bere bi a ayamye ne ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ no ka wɔn kɛse. Esiane sɛ yenim sɛ nea ayɛ koma ma aboro so no na ano ka nti, Yehowa nkurɔfo kɔ so ara bɔ mmɔden ka nsɛm a awerɛkyekye ne nyansa wom. (Luka 6:45) Wofi wɔn koma mu pɛ sɛ wɔne wɔn nnamfonom kyɛ nnepa a wɔwɔ.

3 Sɛ yɛne afoforo kasa a, so yɛma nea ɛwɔ yɛn koma mu da adi? Nneɛma pii ka ho. Biako ne sɛ yɛde nokwaredi bɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye wɔn a yɛrekasa kyerɛ wɔn no ho. Foforo nso ne sɛ yɛbɛma wɔahu sɛ yegye di ampa sɛ nea Onyankopɔn ka wɔ n’Asɛm mu no yɛ nokware. Foforo bio nso ne ɔkwan a yɛfa so ka yɛn asɛm no. Sɛ yefi koma mu kasa a ɛremma yɛnka yɛn asɛm no te sɛ biribi a yɛasua agu yɛn tirim ara kwa, te sɛ nkaebɔ bi a wɔakyere agu hama so. Dabi, yɛbɔ mmɔden sɛ yefi yɛn koma mu bɛkasa akyerɛ nkurɔfo. So yɛwɔ eyi ho mmoa bi? Susuw nea edi so yi ho:

4 Ɔsram biara yenya Nkɔmmɔbɔ Asɛmti wɔ Yɛn Ahenni Som mu. Eyi hyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkasa kyerɛ obi ara kwa, na mmom te sɛ nkɔmmɔbɔ ankasa mu no, ɛsɛ sɛ yetie nea onipa foforo no nso wɔ ka. Ɛda adi sɛ eyi yɛ ɔkwan pa a wɔfa so kanyan obi koma ma otie. Ɛkyerɛ sɛ yesusuw nea ɔka ne nea osusuw no ho bere a yɛhwehwɛ sɛ yɛde anidaso a ɛwɔ yɛn mu no ho mmuae ma no.​—1 Pet. 3:15.

5 Ebia wobɛka sɛ: “Nanso ɛyɛ den ma me kɛse sɛ mefi nkɔmmɔbɔ ase, sɛ ebia, wɔ afie afie anaasɛ bɔnnɔ so adansedi mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɛho hia sɛ mekyere asɛm no nyinaa gu me tirim, efisɛ sɛ manyɛ saa a me werɛ fi, na sɛ mema ofiewura no ka biribi a, ɛma m’adwene fi nea mereka no nyinaa so, a minhu nea mɛka bio.” Ɛtɔ bere bi a wote nka saa?

6 Wɔ ebinom fam no, asɛm tiaa bi a wɔakyerɛw tumi boa. Hyɛ nkɔmmɔbɔ asɛmti tiaa yi nsow: “Makye! So woasusuw ho pɛn sɛ ebia wiase amanehunu ahorow no ano aduru wɔ hɔ? (Tie mmuae) Bible kaa nnɛyi ɔhaw ahorow ne nea ɛde ba ho asɛm siei (Kenkan Adiyisɛm 12:12) . Wohyɛɛ onii a ɔde amanehunu ba no nsow? (Tie mmuae) Saa bere tiaa no reyɛ asã, na nea ebedi akyiri aba ne daa asomdwoe. Romafo 16:20 ma yɛn awerɛkyekye wɔ eyi ho (Kan) .”

7 Wohyɛɛ nsɛm a wɔde nkyerɛwde foforo akyerɛw wɔ atifi hɔ no nsow? Ebia saa nsɛm yi ara bɛma woatumi ne ofiewura afi nkɔmmɔbɔ ase. Ampa, bere a woakenkan kyerɛwsɛm a etwa to no, anigye a wɔkyerɛ no betumi ama woahu baabi a ɛsɛ sɛ wotoa wo nkɔmmɔbɔ no so kodu. Ebia wubetumi ne onipa no akɔ so abɔ nkɔmmɔ anaasɛ wubetumi de nhoma ama.

8 Bere a yɛma mmebusɛm no mu asɛm a ese “na koma karifo ne Awurade [Yehowa]” tra yɛn adwene mu no, momma ɛnna adi sɛ yɛwɔ koma a ɛtẽɛ, ɛwɔ ɔdɔ ne nkate pa, bere a yɛka ahenni ho asɛmpa no. Yebetumi de ahotoso ahwɛ nea ebefi mu aba no kwan afi Yehowa nkyɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena