Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bedi dwuma November mu:
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, de agye ¢10.00.
Nea yɛde bɛma December mu: Nyan! a yɛbɛma wɔakra.
Nea ɛba adapɛn abien biara no yɛ ¢10.00, na nea ɛba daa ɔsram no yɛ ¢5.00. January: Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra.
Nea ɛba adapɛn abien biara no yɛ ¢10.00, na nea ɛba daa ɔsram no yɛ ¢5.00. February: Life Does Have a Purpose anaasɛ Our Incoming World Government—God’s Kingdom, de agye ¢2.40.
● Asafo ahorow betumi akra 1981 Afe Nhoma. Monkae sɛ eyi yɛ nea wɔde sika ka ho. Adawurubɔfo bo yɛ ¢4.00 na akwampaefo bo yɛ ¢1.00. Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛ dodow a ɛyɛ adawurubɔfo de ne nea ɛyɛ akwampaefo de wɔ akwampaefo bo so wɔ krataa a mode kra no so. Wɔn a na wɔyɛ akwampaefo fi July 1, 1980 no benya Afe Nhoma biako kwa. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛkra nea wɔde ma kwa no yɛ eyi wɔ kratasin a wɔkra nhoma wɔ so no foforo so.
● Sɛnea ɛbɛyɛ na asafo ahorow atumi ayɛ nhyehyɛe a ɛfata ama Nkaedi afahyɛ no afe a ɛreba no, da no bɛyɛ Kwasida April 19, 1981, bere a owia akɔtɔ.