Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/80 kr. 3
  • Owura No Nhwɛso Akyi A Yebedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owura No Nhwɛso Akyi A Yebedi
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Suasua Yesu Na Boa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Bra Bedi M’akyi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Momma Kristo Adwene Ntena Mo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 12/80 kr. 3

Owura No Nhwɛso Akyi A Yebedi

1 Ná Yesu dɔ nnipa. Eyi daa adi wɔ n’asetra mu bere a ɔwɔ asase so. Ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara​—wɔ mpoano ne mmepɔw so, wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraase, hyiadan mu, guaso, mmɔnten so ne afi mu. Ɔkasa kyerɛɛ nnipa akuwakuw, nnipa nkorɛnkorɛ, mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra, adefo ne ahiafo. Ná onim sɛ asɛm a okura no ho hia. Ɛyɛ nea ɛma nkwa.​—Yoh. 3:36.

2 So yɛredi Owura no nhwɛso akyi nnɛ? Anigye so no, pii reyɛ saa! Yɛahu aba pa pii a wɔasow wɔ ɔsom afe no mu na eyi fi adwuma pii a yɛayɛ a Yehowa honhom ne ne nhyira ka ho. Nanso, eye sɛ yɛkɔ so hwehwɛ nhwɛso a Yesu yɛe no mu na yehu sɛnea odii asɛyɛde ahorow a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho dwuma. Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ adwuma koro no ara a ɔyɛe bere a ɔwɔ asase so no.​—Mat. 28:19, 20.

3 Ná Yesu yɛ obi a odi ne ho so. Ɔtotoo ne biribiara pɛpɛɛpɛ Ná ɔyɛ obi a wotumi de ho to no so. (Luka 21:37, 38) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ pii no, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛyɛ nhyehyɛe pa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wotumi de ho to yɛn so na yetumi di nhyehyɛe a yɛyɛ ma yɛn ankasa ho so sɛnea ɛbɛyɛ yiye.

4 Mmere horow bi wɔ hɔ a Yesu tee ɔbrɛ, nsukɔm ne ɔkɔm nka. Ɛtɔ da bi a onnidi esiane adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti. (Mat. 21:28; Yoh. 4:6, 7) So yɛde yɛn ho bɔ afɔre wɔ yɛn som mu? So ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛbɔ mmɔden adu botae horow a nyansa wom a yɛn ankasa de asisi yɛn anim no ho? Yehowa nkãe sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ɔhonam fam biribiara ho, nanso ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa ahyɛ yɛn den, sɛ yɛamfa yɛn ho nyinaa amma no a?​—Fil. 4:13.

5 Yesu daa ayamye ne adamfofa su adi kyerɛɛ ahɔho ne n’akyidifo a wɔbɛn no pɛɛ no. (Mat. 11:28-30; Yoh. 13:1; 15:11-15) Sɛ yehu ɔhaw a nkurɔfo hyia mprempren wɔ ɔhonam ne adwenem no a, so ɛmma yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛma wɔanya anidaso a yɛwɔ no bi? So yehu hia a adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ no ho hia, bere a yenim sɛ eyi ne anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma saa nkurɔfo yi no anaa? Afei nso, so ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no kanyan yɛn ma yeyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn, na yebu ani gu wɔn mfomso ahorow ne nneyɛe horow a ɛmfata so, sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn ara no? So yɛredi Owura no nhwɛso akyi?

6 Yesu faa n’adwuma no aniberesɛm. Na ne yam ye na odwen afoforo ho, susuw ntease pii a na atiefo nni no ho. (Marko 4:33) So wusiesie wo ho yiye ma asɛnka adwuma no? So wobobɔ w’asɛnka no so hwɛ? So woahu sɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho wɔ mfaso? So worebɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan nkurɔfo koma sɛnea Yesu yɛe bere a ɔrekyerɛkyerɛ afoforo no?​—Mat. 7:28, 29.

7 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa sua ahobrɛase ne ayamye nhwɛso a Yesu yɛe no. Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ so asom nokwaredi mu wɔ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no mu no bɛma yɛanya abotɔyam na yɛanya afoforo a yɛboa wɔn no mu anigye. Na nea ɛsen ne nyinaa no, ɛde ayeyi bɛbrɛ yɛn soro Agya no ne ne Ba, yɛn nhwɛsofo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena