Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/80 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 7
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 14
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 21
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 28
Yɛn Ahenni Som—1980
km 12/80 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 7

10 min: Dwom 82. Nkaebɔ Ahorow ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Wo ne atiefo nkenkan Galatifo 6:7-10 na ma nkyerɛkyerɛmu tiaa a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea eye. Da ɔfã a edi hɔ adi.

15 min: “Nnipa Nyinaa a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye.” Asɛm yi ho ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa hokwan biara a obenya nni Nyan! a wɔbɛkra wɔ December mu ho dwuma.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Asasesin a Wɔntaa Mfa Nyan! Nyɛ Mu Adwuma Mu.” Wo ne atiefo mmɔ asɛm yi ho nkɔmmɔ denam nsemmisa a ɛfata so. Ma ɛnyɛ nea ɛfa mo asafo no ho denam asafo no “asasesin a montaa nyɛ mu adwuma” a mobɛhyɛ da akyerɛ no so. Asasesin a nnwuma ahorow wom? Asasesin a ɛwɔ akyiri? Adefo atrae? Asasesin a ɛyɛ asafo horow a ɛbemmɛn hɔ dea? Ma nkɔmmɔbɔ no nyɛ nea ɛfata mo nsɛm tebea ne hokwan ahorow; kyerɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛwɔ hɔ ma asasesin a montaa nyɛ mu adwuma mu dwumadi wɔ December ne January mu.

10 min: Ɛsɛ sɛ ɔpanyin ka baa krataa mu nsɛntitiriw ho asɛm.

10 min: Nsɛm tiaa a egyina 1 Korintofo 15:58 so a wɔde wie. Kyerɛ sɛnea anwummere yi ɔsom nhyiam no ama yɛn nneɛma pii a yebetumi asusuw ho, na bobɔ nsɛntitiriw no so. Hyɛ obiara nkuran, ankorankoro ne mmusua sɛ wɔn ankasa nyɛ nhyehyɛe mma ‘yiye a wɔbɛyɛ.’ Dwom 91 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 14

10 min: Dwom 11. Asafo mu nkaebɔ ahorow. Bobɔ ɔsom nhyiam dwumadi a ebedidi so no. Wo ne atiefo nkan afe asɛm a ɛwɔ Aso. 4:29, na fa nkyerɛkyerɛmu tiaa a ɛne dwumadi a edi hɔ toam ma.

12 min: Ka asafo asɛnka adwuma akontaabu ma November ho asɛm nkuranhyɛ so. Fa nkamfo a ɛfata ma. Bɔ adawurubɔfo dodow, wɔn a wɔyɛ foforo (sɛ ebinom wɔ hɔ a) , akwampaefo aboafo, dodow a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam ase (sɛ ebinom wɔ hɔ a) , ne ɔsom adwuma nkontaabu afa ahorow a ɛhyɛ nkuran. Ka November asɛnka adwuma mu osuahu biako anaa abien kyerɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa biribi a wosuae wɔ ɔsom nhyiam bi a atwam ase a wɔde dii dwuma ho osuahu kɔ ho. Da ɔfa a edi hɔ adi.

20 min: “Owura no nhwɛso Akyi a ‘Yebedi.” Nhwehwɛ mmuae a efi asɛm no mu nko, na mmom nea egyina kyerɛwnsɛm a ɛwɔ mu no so. Sɛ bere ma kwan a, kenkan kyerɛwnsɛm ahorow.

13 min Sɛnea Wɔaboa Me ma ‘Mayɛ Yiye’ wɔ Yehowa Som Mu. Sɛ bere ma kwan a, wo ne adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu mmɔ nkɔmmɔ. M ɛnyɛ ahorow ahorow; obi a wɔaboa no ma ne dwumadi atu mpɔw wɔ asɛnka adwuma mu; obi a woaboa no ma watumi asesa ne nipasu anaasɛ watumi ‘adi n’ankasa ne nsɛm bi a emu yɛ den so nkonim: obi a ɔpanyin anaa onuabarima anaa onuabea foforo bi aboa no wɔ kokoam adesua mu anaasɛ nhyehyɛe a onii yɛ ma asɛnka adwuma mu: obi a asafo nhyiam horow a ɔkɔ aboa no titiriw ne ade. Yiyim na fa osuahu ahorow a esi biribi so dua pɔtee nkutoo di dwuma.

5 min: Dwom 118 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 21

12 min: Dwom 63. Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sika nkontaabu amanneɛbɔ. Wo ne atiefo nkenkan Ɔsɛnkafo 11:9-12:1 na fa nkyerɛkyerɛmu tiaa ma sɛ ɔfã a edi hɔ no nnianim.

20 min: Asɛm “Mmofra a Yɛbɛyɛ Wɔn Yiye” ho nsemmisa ne mmuae. Wo ne awofo a wɔatete mmofra wɔ nokware no mu anaasɛ wɔreyɛ nhwɛso pa wɔ honhom mu mmoa a wɔde ma wɔn mma nkumaa mu no mmɔ nkɔmmɔ. Bisa ɔkwan a wɔfa so yɛ bere ho nhyehyɛe ma adesua, ɔsom adwuma. ahomegye ne nneɛma a wɔyɛ de gye wɔn ani; nea wɔahu sɛ etu mpɔw wɔ wɔn mma a wɔbɛboa wɔn ma wɔanya adwempa wɔ sukuu, kokoam Bible adesua, asɛnka adwuma, asɛyɛde ahorow a wɔde hyɛ wɔn nsa wɔ ofie ho dwumadi, ne ade ho.

20 min: Mmofra Asɛyɛde sɛ “Wɔbɛyɛ Yiye.” Nkɔmmɔ a egyina kyerɛwnsɛm so a wɔne mmofra a wɔdɔɔso a mfe a wɔadi sonsonoe bɔ wɔ asɛnka agua so. Ma mmofra mma mmuae a ntease wom a ɛkyerɛ sɛ wogye tom sɛ wɔn nso wɔwɔ asɛyɛde wɔ yiye a wɔbɛyɛ ho. Sɛnea bere ma kwan no, fa Ɔsɛnkafo 11:9-12:1; Dwom 8:2; Efesofo 6:1-4; Hebrifo 13:7, 17; Mmebusɛm 27:11; 1 Timoteo 4:12 ne afoforo di dwuma. Ebia onii a ɔredi eyi ho dwuma no bɛpɛ sɛ ɔpaw kyerɛw nsɛm afoforo a ɛfata.

8 min: Ka asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a ɛbɛma obiara atumi ‘ayɛ yiye’ ho asɛm tiaa. Hyɛ mmofra ne mpanyin nyinaa nkuran sɛ wɔmmɔ mu nyɛ asɛnka adwuma dapɛn yi. Dwom 61 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 28

8 min: Dwom 48. Asafo mu nkaebɔ ahorow. Wo ne atiefo nkenkan Dwom 27:4 na fa nkyerɛkyerɛmu a ɛfata a ɛde kɔ ɔfã a edi so mu ma.

25 min: Asram a Aka Wɔ Ɔsom Afe Yi Mu No Ho a Yedi Kan Susuw.

(5 min.) Ɔkasa. Ɔsom afe a etwaam no ho a yɛsan susuw. Ɛfata sɛ yebisa sɛ: “Honhom mu nkɔanim bɛn na manya wɔ afe no mu? Dɛn na mitumi yɛe?” Ebia wode botae horow bi sisii w’anim a na wode bɛhwɛ wo honhom mu nkɔso. Ɛyɛɛ dɛn?

(15 min.) Wo ne adawurubɔfo a wonyaa nkɔso titiriw bi wɔ ɔsom afe no mu mmobɔ nkɔmmɔ. Nyansahyɛ ahorow: Wɔn a wofii akwampae adwuma ase, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma mu, wofii Bible adesua ase, wonyaa nkɔso ma wogyee asubɔ, wɔde wɔn ho hyɛɛ Teokrase Sukuu mu, wofii ase kɔɔ afie afie adansedi, wofii ase maa mmuae wɔ nhyiam horow ase, wonyaa nkɔanim wɔ ahosiesie ma nhyiam horow mu, wɔyɛɛ abusua adesua daa, wonyaa nkɔso wɔ nguanhwɛ adwuma no mu (mpanyimfo fam) , ne nea ɛkeka ho. Ma kuw no mufo nka eyi ho asɛm: So wuwiee nea wode sii w’anim afe no mu no nyinaa? Akwanside bɛn na ɛbae? Nkuranhyɛ bɛn na wubetumi de ama afoforo wɔ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛn ankasa yɛde botae horow besisi yɛn anim no ho?

(5 min.) Awiei no, si mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛn ankasa yɛde botae horow besisi yɛn anim so dua. Ebetumi aboa yɛn ma yɛanya honhom mu nkɔso, nanso ɛnsɛ sɛ ɛma yenya abasamtu anaasɛ ɛma yɛte nka sɛ Yehowa ani nnye yɛn nkɔso ho. Botae afoforo nso a yebetumi de asisi yɛn anim: Teokrase Sukuu mu Bible akenkan a yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ no daa; yɛn ho a ɛbɛkokwaw kɛse wɔ Bible no a yɛde di dwuma wɔ adansedi mu: asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa a yebenya; nhyiam horow nyinaa a yɛbɛkɔ na yɛama mmuae: afoforo a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw kɛse ansa na wɔafi nhyiam horow ase anaasɛ bere a wɔapɔn, ne nea ɛkeka ho. (Wubetumi ahyɛ botae afoforo a ɛfa nneɛma bi a ɛho hia wɔ mo asafo no mu ho nso ho nyansa.)

12 min: Ka nsɛm a edi so yi mu nsɛntitiriw ho asɛm: “Nsakrae Wɔ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Mu.” “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Nhyehyɛe Foforo” ne nsɛmma nhoma kra dwumadi wɔ January mu.

10 min: Afe asɛm ho nkɔmmɔbɔ tiaa wɔ mpae a yɛbɛbɔ asrɛ Yehowa akwankyerɛ ne ahoɔden wɔ adwuma no yɛ mu ho. Wo ne asafo nkenkan afe asɛm, kyerɛ nea enti a wɔkaa saa no, na hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔmma ɛnyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne kyerɛw nsɛm no ahyia. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu dapɛn yi.

5 min: Dwom 44 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena