Hwɛ Wo Ho So Yiye
1 Yɛn ho dwirii yɛn kɛse bere a wɔka kyerɛɛ yɛn January Yɛn Ahenni Som no mu sɛ wotuu yɛn nuanom mmarima ne mmea 451 afe 1979 mu, titiriw esiane aguamammɔ nti, na wɔkaa wɔn a wɔdɔɔso sen saa mpo anim wɔ ade koro no ara ho no. Saa asɛm a wɔtoo din “Munsua Onyankopɔn” no ne nsɛm ahorow a wɔasiesie na aboa yɛn ma yɛako atia Satan wiase yi nkɛntɛnso bɔne no na yɛakura nsiesiei a Yehowa nam n’asɛm, ne honhom ne n’ahyehyɛde no so yɛ ma yɛn no mu pintinn no mu nea edi kan. Afoforo a edi akyi “Wote Ase Ma Dɛn?” ne “Onyankopɔn a Yebedi no Ni Aware Mu” puei wɔ April ne July 1980, Yɛn Ahenni Som mu. Yɛhyɛ mo nkuran na moasan ati saa asɛm yi mu bere ne bere mu, ne nsɛm afoforo a ada adi wɔ Ɔwɛn-Aban mu, ɔmansin nhyiam ase dwumadi ahorow mu, ne nkrataa a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no akyerɛw wɔ asɛm yi ho no mu.
2 Sɛ wote sɛ onuabarima anaa onuabea bi a wunim no ayɛ bɔne bi a anibere wom a, wote nka dɛn? Ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛka sɛ ade a ɛte saa rentumi nto wo esiane sɛ woyɛ den wɔ honhom mu nti. Wɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Ɔsomafo Paulo kae sɛɛ “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Kor. 10:12) Ohuu sɛnea yɛn nipadua a ahwe ase no taa de yɛn kɔ bɔne mu ne hia a yehia Yehowa mmoa na yɛatumi ako atia eyi no. Ogye tom sɛ: “Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. . . . Ɛnde afei me ara mede m’adwene me som Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara.” (Rom. 7:19, 25) Enti esiane sɛ yebetumi akɔ bɔne mu bere nyinaa nti, ɛfata sɛ yetie afotu a edi hɔ a Paulo de ma no. Bere a ɔkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔanyin honhom mu no boa wɔn nuanom na wokwati bɔne a anibere wom akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” (Gal. 6:1) Dɛn ne akwan horow bi a yebetumi afa so ahwɛ yɛn ho?
3 Nea edi kan na ɛho hia sen biara no ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne Yehowa benya honhom fam abusuabɔ a emu yɛ den. Mmebusɛm 3:5, 6 tu fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata Awurade [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Eyi hwehwɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu sua Onyankopɔn Asɛm no de hyɛ yɛn gyidi den na yɛyɛ osetie a edi mu ma ne trenee nnyinasosɛm, a ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi wiase yi nneyɛe bɔne ho no. Hu a yebehu Yehowa no nso hwehwɛ sɛ yefi koma mu bɔ no mpae a ɛho wɔ mfaso. Otu yɛn fo sɛ yɛmmɔ no mpae daa nyinaa, nsrɛ ɔsoro nyansa, wɔ gyidi mu sɛ wobetie yɛn.—1 Tes. 5:17; Rom. 12:12; Yak. 4:8; 1:5, 6.
4 Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ wɔ yɛn Kristofo asetra nyinaa mu, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: So m’asɛnka adwuma tu mpɔw esiane ahosiesie pa a meyɛ a me botae ne sɛ mɛboa afoforo ma wɔabɛyɛ asuafo nti anaa? So mema m’adwene mu da hɔ mmere horow a mede si nkyɛn ma kokoam adesua ne ahosiesie ma nhyiam horow no mu anaa? So mewɔ bere nhyehyɛe pa a mede di m’abusua honhom fam ne ɔhonam fam ahiade ho dwuma anaa? Satan bɛbɔ mmɔden akwan horow pii so sɛ ɔbɛma yɛn Kristofo asetra a yɛatoto no yiye no ayɛ basaa wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma yɛayɛ bɔne no mu. (1 Pet. 5:8, 9) Enti yɛn ho mu a yɛpɛɛpɛɛ bere ne bere mu no yɛ nea nyansa wɔ mu. (2 Kor. 13:5) Eyi bɛma yɛatumi ayɛ nsakrae horow a ɛho hia wɔ yɛn asetra mu, na yɛahyɛ yɛn ho so.
5 Abrabɔ pa mu a yebekura wɔ yɛn nuanom mmarima ne mmea ho no ka yɛn ho so a yɛbɛhwɛ no ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nneyɛe wɔ mmarima anaa mmea ho no yɛ nea ɛho tew bere nyinaa. Na akwan afoforo nyinaa so no ɛsɛ sɛ yɛkwati biribi a yɛbɛyɛ anaa asɛm bi a yɛbɛka a ebetumi ato yɛn nuanom hintidua. Sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no: “Eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.” (Luka 17:1, 2) Wo ankasa kenkan nneɛma horow pii a ebetumi ato hintidua no wɔ Efesofo ti 4 ne 5 na fi wo kra nyinaa mu bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe wo ho afi ho. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya ahoɔden honhom fam na yɛakura mu no, momma yɛnsoa wɔn a wɔnyɛ den pii no mmerɛwyɛ ahorow na yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom nyinaa. (Rom. 15:1, 2) Yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so? Nkuranhyɛsɛm a yɛka kyerɛ wɔn ansa na nhyiam horow afi ase anaasɛ bere a wɔapɔn, ɔdɔ mu a yefi kɔsra wɔn wɔ wɔn afi mu, ebia nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn ma woabɛka yɛn abusua adesua ho no yɛ akwan horow a yebetumi afa so ayɛ eyi no mu kakraa bi pɛ. Enti momma yɛnhwɛ yɛn ho so daa na yɛmmoa yɛn nuanom mmarima ne mmea nyinaa mma wonnya adwene a ɛte saa ara.