Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/82 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 10
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 17
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 24
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 31
Yɛn Ahenni Som—1982
km 1/82 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 10

Dwom 112

10 min: Nkaebɔ ahorow a ɛfata fi Yɛn Ahenni Som mu, asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika akontaabu ho amanneɛbɔ.

15 min: “Wɔn Ho a Wɔde Bɔ Afɔre Honhom a Wubenya” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Bere a moresusuw nkyekyem ahorow no ho no mubetumi de nhyira horow a afi nsiesiei a wɔyɛ ma wonya Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan adansedi mu kyɛfa ho osuahu ahorow aka ho sɛnea bere ma kwan.

13 min Sɛnea Mmofra Nya Asɛmpa no Ka mu Kyɛfa wɔ Sukuu Mu. (Sɛ yɛbɛka no yiye a, Sɛnea Wobetumi Anya Asɛm a no Ka mu Kyɛfa wɔ Adwuma mu.) Ɔkwan bɛn so na soronko a yɛbɛyɛ no betumi akowie asɛmpa no ka wɔ sukuu mu? Akwan horow a ɛsono yɛn wɔ so no bi ne nea ɛwɔ he? Ɔkwan bɛn so na Bible sua mmoa nhoma ahorow a yɛde bɛkɔ sukuu no betumi aboa yɛn na yɛaka asɛmpa no? Nsɛm ahorow a wɔbɔ ho nkɔmmɔ wɔ sukuu dan no mu bɛn na ebetumi akowie Bible mu nkɔmmɔbɔ mu? (Ɛsɛ sɛ oguamtrani hwehwɛ osuahu ahorow wɔ mmofra a wotumi di adanse sukuu mu wɔ asafo no mu hɔ anaasɛ obetumi ama mmofra aka osuahu ahorow afi nhoma ahorow mu. Hwɛ 11/1/79 wTW nkrat. 15-17; 1/1/76 wTW nkrat. 21, 22; ne nea ɛkeka ho mu.)

7 min: Asɛnka adwuma ho nhyehyɛe horow a mpanyimfo a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔne mmofra ayɛ adwuma dapɛn yi awiei ka ho.

Dwom 109 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 17

Dwom 10

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Anigye a wɔde to nsa frɛ anuanom nyinaa, titiriw mmofra ma wonya Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa. Ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaasɛ abien a ɛfa adawurubɔfo nkumaa a wɔde nsɛmma nhoma rema, a wɔde Engiresi Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi mu asɛm “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa” redi dwuma.

15 min: “Mo ahenni Asa No Te Dɛn?” Asemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ, ɔpanyin a ne ho akokwaw di ho dwuma.

20 min: Munsusuw akwanside ahorow anaasɛ asɛm biara a ɛfa asafo no Ahenni nsa no so siesie ho a mpanyimfo hu sɛ ɛfata. Munsusuw akwan horow a eye a mubetumi afa so ama asa mo so ayɛ fɛ ho.

Dwom 99 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 24

Dwom 81

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ anuanom nyinaa ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda yi ho nkuran.

15 min: “Mmofra a Wɔbɛtete Wɔn wɔ Nkwa Kwan No So” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Wubetumi ama awofo a wɔatumi atete wɔn mmofra yiye a wɔadi kan asiesie wɔn ho de nyansahyɛ ahorow ama.

12 min: Asafo mu ahiade ahorow, anaasɛ momma asɛm “Asɛmpatrɛwfo Nsiyɛ​—Nokware Kristofo Suban” a ɛwɔ September 1, 1981, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu ho ɔkasa.

10 min: Teokrase Nsɛmmansɛmma. Afei nso mommɔ asafo August asɛnka adwuma akontaabu ho nkɔmmɔ. Dɛn mu na mohwɛ kwan sɛ asafo no betumi anya nkɔso? Moda so ara reboa wɔn a wɔba Nkaedi ase no? Hyɛ asɛnka adwuma wɔ dapɛn yi awiei ho nkuran.

Dwom 60 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 31

Dwom 76

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa wɔ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu mu.

15 min: Nsɛmma nhoma da osuahu ahorow. Afei nso Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan ne Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu asɛnka dwumadi horow mu osuahu ahorow. Fa osuahu ahorow a munyae wɔ September 22, 1981 Engiresi Nyan! ho dwumadi titiriw no mu ka ho.

13 min “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So.” Nsemmisa ne mmuae. Yɛ ɔdawurubɔfo a wanyin a ɔreboa abofra ma wasiesie ne ho na watumi de nsɛmma nhoma ama yiye ho ɔyɛkyerɛ.

12 min: “Nkontaabu a Edi Mu a Yɛbɛboa Ma Yɛanya​—Ɔfã II.” Wo ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔredi ɔfa yi ho dwuma ma ɛfa asafo ahiade horow ho. Kamfo anuanom wɔ wɔn mmɔdenbɔ pa wɔ asɛnka mu no ho. Boa anuanom nyinaa ma wonhu hia a ɛho hia sɛ wobu wɔn asɛnka adwuma ho akontaa bere nyinaa wɔ ɔsram biara mu.

Dwom 62 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena