Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/82 kr. 1-2
  • Ma Ayeyi Nyɛ Kɛse Denam Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Ayeyi Nyɛ Kɛse Denam Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ So
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YƐDE BƐMA
  • AKWAN HOROW A YƐFA SO DE NSƐMMA NHOMA MA
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 4/82 kr. 1-2

Ma Ayeyi Nyɛ Kɛse Denam Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ So

1 Hwɛ anigye ara a yenya bere a yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no foforo biara no. Ɛdenam nsɛmma nhoma ahorow yi so no yɛte nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no ase yiye bere nyinaa wɔ Bible nkɔmhyɛ mu na ɛboa yɛn ma yenya hokwan a yɛwɔ sɛ yebeyi Yehowa ayɛ no ho anisɔ.​—Dan. 12:4; Heb. 13:15.

2 Afe a etwaam no mu no Nyan! maa nsemmisa te sɛ “Asetra Pa​—Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa Anaa?” “Wiase Nyinaa Ko III​—So Obi Betumi Asiw Ano?” ne “So Wiase Nyansahu Betumi Asan Ayɛ Nkwa Foforo?” ho mmuae. Ɔwɛn-Aban no aboa yɛn ma yɛahu ɛbo a yɛn som adwuma sɛ yɛnkɔ nkɔyɛ asuafo no som, ama yɛanya paara a Ahenni no yɛ ho anisɔ, akyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yehu nyansa na yɛbɔ yɛn bra sɛ́ wɔn a wɔba fam na ama yɛahu sɛnea wobetumi akora yɛn so Yehowa abufuw da no. Nsɛm a ɛtete sae ma yenya ɔpɛ sɛ yebefi adi akɔka akyerɛ afoforo, aboa wɔn ma wɔn nso abɛyɛ Yehowa ayeyifo.

3 Wɔ ɔmansin nhyiam horow a yɛyɛɛ no nnansa yi no ase no yenyaa ɔfã fɛfɛ bi wɔ dwumadi nhyehyɛe no mu a wɔtoo din “Kyekyɛ Nsɛm a Ɛba Ne Bere So a Ɛwɔ Yɛn Nsɛmma Nhoma No Mu No.” Wɔkaee yɛn sɛ efi 1976 besi 1979 no yɛn nsɛmma nhoma kyekyɛ no kɔɔ fam kɛse wiase nyinaa, nanso 1980 mu no ɛbaa soro. Wɔ Ghana no yetumi kyekyɛɛ nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso sen biara wɔ 1980 mu, bere a yɛde nsɛmma nhoma 1,686,845 memae wɔ ɔsom afe no mu. Afe a etwaam no mu no yɛde nea ɛdɔɔso sen biara foforo a ɛyɛ 1,698,286 memae, a ɛboro 1980 de no so 6,441. Eyi ye! Monkɔ so! Sɛ́ ankorankoro no, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa kɛse?

NEA YƐDE BƐMA

4 April ne May mu no yɛbɛma amanfo anya hokwan akra yɛn nsɛmma nhoma ahorow no mu biako anaasɛ n’abien nyinaa. Sɛ yesusuw mfaso a yenya fi nsɛmma nhoma ahorow no mu no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛato nsa afrɛ afoforo ma wɔakra bi. Sɛ nkurɔfo nsa ka nsɛmma nhoma no daa a, wonya hokwan mpɛn anan ɔsram biara sɛ wɔbɛkenkan na wɔasua biribi a ɛsom bo sen ahonyade biara a wiase yi betumi de ama. (Mmeb. 2:4-6; 8:10, 11) Sɛ wonni Bible no ho anigye titiriw biara anaasɛ wonni ho anigye koraa mpo a, ebia wobehu sɛ Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛho wɔ mfaso na ɔkyerɛkyerɛ wom. So woahyɛ sɛnea Nyan! taa ka biribi a ɛdan akenkanfo adwene kɔ Bible no so anaasɛ ɛhyɛ ɔkenkanfo no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan no nsow? Na, wɔn a wɔn ani gye Bible no ho no de, nsɛmma nhoma biara nni hɔ a ɛte sɛ Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhoma koro pɛ a ɛwɔ wiase a nea ɛyɛ ara ne sɛ ɛka Yehowa ahenni no ho “asɛmpa” kyerɛ.​—Marko 13:10.

5 Wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa pii ani gye ho mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Wubetumi ahwehwɛ asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu a ofiewura no ani begye ho na wode adi dwuma wɔ w’asɛnka no mu. Nyan! no nso da nsɛm ahorow pii a ɛyɛ anigye adi a yebetumi de adi dwuma.

AKWAN HOROW A YƐFA SO DE NSƐMMA NHOMA MA

6 Akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyekyɛ nsɛmma nhoma. Yɛpɛ sɛ yɛka nsɛmma nhomakra bo asɛm bere a yɛkɔ afie afie ne bere a yɛsan kɔ nnipa a wɔnkra bi dedaw nkyɛn no. Yebetumi ahyɛ ho nkuran bere a yɛyɛ bɔnnɔ so adansedi. Bere a wɔankra nsɛmma nhoma no yebetumi aka biribi sɛɛ: “Ɛwom sɛ wompɛ sɛ wokra mprempren de, nanso migye di sɛ w’ani begye eyi a yɛabɔ ho nkɔmmɔ no ho. Yɛde ɛne nsɛmma nhoma a ɛka ho yi ma de gye ntoboa ¢2 pɛ. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛkra daakye a wubetumi aka akyerɛ me anaa Yehowa Adansefo mu biara a wunim, anaasɛ wubetumi akyerɛw Watch Tower Society, Box 760, Accra.” Wotumi de nsɛmma nhoma pii ma wɔ saa kwan yi so.

7 Mpɛn pii no sɛ yɛkɔ afie afie, titiriw wɔ nkurow akɛse mu a, ɛyɛ a na ɛyɛ den sɛ yebenya ofiewuranom ma wɔama yɛn agua. Sɛ ofiewura no ka sɛ, “Mesrɛ wo, merentumi ntie wo mprempren,” anaasɛ “Seesei de minni adagyew” a, yebetumi abisa sɛ, “So metumi de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ama wo a ɛyɛ ntoboa ¢2?” Ɛyɛ nwonwa sɛnea ofiewuranom pii bɛka akyerɛ wo sɛ twɛn kakra na afei wɔaba abegye nsɛmma nhoma no. Ɛtɔ da bi mpo a wogyaw ɔpon no to hɔ na woatumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a egyina Bible so. Na eye nso sɛ wode nsɛmma nhoma abien no kyerɛ bere a ofiewura ka no bi-ne-bi sɛ “M’ani nnye ho” no. Mpɛn pii no wɔka eyi de twa nkɔmmɔbɔ no so, nanso sɛ wode nsɛmma nhoma kyerɛ a wogye. Na, yɛwɔ anidaso sɛ, sɛ nsɛmma nhoma no wɔ fie hɔ a, afoforo nso bɛkenkan ma wɔn ani agye nsɛm a ɛho wɔ mfaso a ɛwɔ mu no ho na aboa wɔn ma wɔayi Yehowa ayɛ.

8 Yetumi de nsɛmma nhoma ma wɔ aguadi afiase ahorow mu dwumadi mu denam asɛnka tiaa a emu da hɔ a yɛde di dwuma so. Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yɛfa so yɛ mmɔnten so adwuma ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wogyina hɔ anaasɛ wɔn a wɔnam brɛoo nkyɛn. Ma asɛm pɔtee a wote nka sɛ ɛfata sɛ woka ho asɛm no ntra w’adwene mu na bisa sɛ ebia onii bɛpɛ sɛ ɔkan. Nnipa ahorow a obi wɔ a ɔma wɔn nsɛmma nhoma no bi daa nso yɛ ɔkwan pa a yɛnam so ma nsɛmma nhoma kyekyɛ kɔ anim.

9 Odwontofo no to nsa frɛ yɛn sɛ: “Munyi [Yehowa] ayɛ, na eye sɛ wɔto dwom ma yɛn Nyankopɔn, na ɛyɛ dɛ, ayeyi fata.” (Dw. 147:1) Yiw, ɛfata ampa sɛ yeyi Yehowa ayɛ, na yebetumi ama Yehowa ayeyi ayɛ kɛse denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a yɛbɛkyekyɛ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena